Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 9/8 kr. 28-31
  • Bere a Esum Si Awia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Esum Si Awia
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahoboa a Wɔyɛ Maa Adeyɛ No
  • Ɛda Kɛse no Du
  • Asuade a Yenya Fi Sum a Esii no Mu
  • Yɛn Okyinnsoromma Kuw A Ɛda Nsow No—Nea Ɛyɛe A Ɛbae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Nyan!—2002
g02 9/8 kr. 28-31

Bere a Esum Si Awia

EFI NYAN! AKYERƐWFO A WƆWƆ ANGOLA NE ZAMBIA HƆ

EBIA ebinom bebisa sɛ: ‘Awia a eduru sum? Ɛrentumi mma saa!’ Ɛnyɛ sɛ etumi ba saa nko, na mmom esi mpɛn pii mfe du biara—bere biara a ɔsram kyere owia no. Dɛn na ɛma ɔsram kyere owia, na dɛn nti na ɛyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa saa? Ɔsram no na ɛma ɛba saa.

So wunim sɛnea ɔsram no hwɛbea sakra bere a etwa asase ho hyia no? Sɛ ɔsram repue na sɛ owia no rekɔtɔ a, yehu sɛ ɔsram a atwa puruw no pue fi apuei na owia no kɔtɔ atɔe. Sɛ nna bi twam a, ɔsram no mpue ntɛm anadwo, na ɛde nkakrankakra sen kɔ beae a owia pue no. Ɔsram no fã a ɛhyerɛn no kɔ so yɛ ketewaa, na awiei koraa no, ɛbɛyɛ teaa bi. Sɛ ɔsram no ne owia no tra wim hɔ da mũ nyinaa a, saa hann ketewaa bi no mpo yera, na ɔsram a ne fã a ayɛ sum no kyerɛ asase so no, bɛyɛ biribi a yenhu koraa. Wɔfrɛ eyi ɔsram foforo. Afei adeyɛ no sakra, na ɔsram no twe ne ho fi owia no ho na awiei koraa no ebetwa puruw. Kyinhyia yi kɔ so bɛyɛ nnafua 28 biara.

Ade a ɛma owia duru sum ne ɔsram foforo no. Mpɛn pii no, ɛsen fa owia no ho a yenhu efisɛ ɛnyɛ ɔkwan koro so na ɔsram ne owia no nam twa asase ho hyia. Nanso ɛtɔ mmere bi a, owia, ɔsram, ne asase no bɛsã so pɛpɛɛpɛ. Afei, hann a efi ɔsram mu no hyerɛn ba asase so, na ɛno ma esum si awia.

Abusuabɔ soronko bi a ɛda owia, ɔsram, ne asase ntam no na ɛma ɔsram kyere owia no. Owia no sõ yiye, na ne kɛse bɛyɛ ɔsram no kɛse mpɛn 400. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, ɔkwan a ɛda yɛne owia no ntam bɛyɛ mpɛn 400 sen sɛnea ɛda yɛne ɔsram ntam no. Ne saa nti, ɛte sɛ nea yehu sɛ owia no ne ɔsram kɛse yɛ pɛ. Enti, ɛtɔ mmere bi a, ɔsram no betumi akata owia no anim koraa ama ayɛ yiye.

Nea ɛbɛyɛ na sum a ɛte saa asi awia koraa no, ɛnyɛ sɛ owia, ɔsram, ne asase no sã so pɛpɛɛpɛ nko, na mmom ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nso bere a ɔsram no akodu ɔfã bi a ɛbɛn asase no paa no.a Sɛ edu saa mmere yi a, ɔsram no fã a ayɛ feaa no sunsuma ma sum ba asase no fã ketewaa bi pɛ so.

Ɛdefa esum kabii a esii wɔ June 21, 2001 ho no, na ɛsɛ sɛ ɔfã a ayɛ sum no kɛse yɛ kilomita 200. Ná saa fã no bɛma esum afi ase bere a owia no apue wɔ Amerika Anaafo fam mpoano apuei, na asen akɔ Atlantic Anaafo fam, baabi a na esum no besi akyɛ sen biara na adi bɛyɛ simma anum no. Ná ebetwam afa Angola, Zambia, Zimbabwe, ne Mozambique, na aba awiei bere a owia no akɔtɔ wɔ Madagascar mpoano apuei no. Ma yɛnhwɛ sɛnea wim anwonwade yi maa bɛhwɛadefo yɛɛ wɔn ade wɔ Angola ne Zambia.

Ahoboa a Wɔyɛ Maa Adeyɛ No

Nhwehwɛmufo, nsoromma mu ahwɛfo, ne afoforo pii de akwanhwɛ a emu yɛ den sen yuu kɔɔ Afrika kɔhwɛɛ sum kabii a edi kan a na ebesi wɔ mfe apem foforo no mu no. Esiane sɛ na Lusaka, Zambia, yɛ ahenkurow koro pɛ a sum no nam hɔ nti, nsrahwɛfo pii de wɔn ani kyerɛɛ hɔ kɔhwɛe.

Ɛbɛyɛ sɛ eyi ne adeyɛ a ɛsen biara a atwe nsrahwɛfo pii aba Zambia pɛn. Aka nna kakraa bi na sum no asi no, nsrahwɛfo mpempem pii kɔhyɛɛ Lusaka mã. Ná wɔadi kan ayɛ ahoboa ama adeyɛ no asram pii. Wogyee ahɔhodan, asoɛe, nsraban, ne nkurɔfo afie tuaa ho ka de gyee nnipadɔm a wɔreba no.

Mmeae a na wobegyina ahwɛ adeyɛ no bi ne Lusaka wimhyɛn gyinabea, baabi a na nsrahwɛfo betumi adu hɔ anɔpa, ahwɛ adeyɛ no, na afei wɔafi hɔ anwummere no. Television ne radio nnwumayɛbea de adapɛn pii bɔɔ adeyɛ a ɛreba no ho amanneɛ, na wɔde asiane a ɛwom sɛ obi de n’ani kann bɛhwɛ owia no ho kɔkɔbɔ mae mpɛn pii. Wɔtɔnee ahwehwɛniwa titiriw a wɔbɛhyɛ da ahyɛ de ahwɛ owia no sen biara, na adetɔmmea pii tɔnee dodow a wɔwɔ nyinaa.

Nanso, na Afrika asasepɔn no beae a sum no bedi kan asi ne Angola mpoano kurow, Sumbe, mu. Ɛha na na bɛhwɛadefo behu esum kabii a ebedi simma anan ne fã, nea akyɛ sen biara wɔ asase kesee so.

Wɔ asram a edi sum no anim mu no, wɔde dawurubɔ apon a ɛrebɔ sum no ho dawuru na ɛde asiane ahorow a ebetumi aba ho kɔkɔbɔ rema sisii Angola kuropɔn, Luanda, ne nkurow akɛse foforo mu. Ná ɛsɛ sɛ ɔsram no sunsuma sen fa ɔman no mfinimfini, enti anyɛ yiye koraa no, na wɔn a wɔwɔ Angola nyinaa behu esum kabii no fã bi. Ná Luanda behu sɛ ɔsram no akyere owia no ɔha mu nkyem 96. Aban no ne ankorankoro nnwumakuw kaa wɔn ti pam ho kraa ahwehwɛniwa titiriw a wɔbɛhyɛ de ahwɛ owia no ɔpepem pii. Wɔde emu pii maa wɔn a wonni sika no kwa.

Beae titiriw a na esum no ho dwumadi biara bɛkɔ so wɔ Angola no ne Sumbe, a ɛda mpoano asasetaw ketewa fɛfɛ bi so wɔ Atlantic Anaafo fam ne Angola asasetamaa no mfinimfini fam ntam no. Ná Sumbe yɛ beae bi a akodi a ɛyɛ hu sen biara a asɛe Angola no ansɛe hɔ, enti nsrahwɛfo no hu kurow bi a emu nnipa bɛyɛ 25,000, a wɔdɔ nnipa na wɔwɔ adamfofa su. Nea ɛbɛyɛ na nsrahwɛfo yi nyinaa anya baabi ada no, wɔyɛɛ nsiesiei foforo a wɔde begye ahɔho, na wosiesiee ɔman no anyinam ahoɔden nso. Wɔyɛɛ esum a ebesi no ho nkyerɛkyerɛ titiriw bi maa nyansahufo, aban asoafo, ne nnipa yiyedi ho adwumayɛfo a wofi Angola ne aman foforo so. Wosii adehwɛpon kɛse bi wɔ mpoano hɔ a wɔde bedi agoru ahorow a ɛso bi mmae da wɔ Sumbe.

Ɛda Kɛse no Du

Mfaso horow a na wobenya bere a wogyina Angola hwɛ esum no mu biako ne sɛ, sɛ edu June mu a, wim yɛ wesee. Nanso hwɛ ahodwiriw a ɛyɛe bere a ade rebɛkye ma esum no asi no, osu munaa tumm wɔ Sumbe no! Osuwusiw kataa kurow no so anwummere nyinaa de kosii anɔpa. So anidaso a na wɔwɔ sɛ wɔbɛhwɛ sum no bɛyɛ ɔkwa? Ɛrekɔ awia no, anim fii ase tetewee, na eduu awia no na wim ayɛ bruu, a osuwusiw biara nni hɔ. Anigyesɛm bɛn ara ni! Saa ara na nneɛma haw adwene kakra wɔ Zambia, bere a wim yɛɛ kusuu na osu munae ahemadakye no. Ɛhɔ nso, anim tetewee bere bi mu. Tie bere a wɔn a wohuu nea ɛkɔɔ so no bi ka nea esisii no.

Angola: “Yɛpawee sɛ yebegyina beae titiriw bi a ɛkɔ soro sen po no ahwɛ ɔsram a ɛbɛkyere owia no. Bere a dɔn no dui no, nnipadɔm puw baa kurow no mpoano ne mmeae a wɔayi asi hɔ sɛ yennyina nhwɛ adeyɛ no. Eduu owigyinae, a bere rebɛso ma ɔsram no akyere owia no, nnipa pii hyehyɛɛ wɔn ahwehwɛniwa, na wofii ase hwɛɛ sɛnea ɔsram no befi ase ‘akata’ owia no anim. Bere tiaa bi akyi no, ɔsram no fii ase sɛ ɛrekyere owia no. Ɛdenam mfiri a wɔde hwɛ akyirikyiri ade so no, yehuu owia so akam—sum ho nkekae a na aba owia no mu no. Bɛhwɛadefo hui sɛ akam ahorow yi reyɛ kɛse nkakrankakra. Bere a ɔsram a ɛkyere owia no kɔɔ so no, wim tebea sakrae koraa, na hann no fii ase sesae koraa. Awiei koraa no, bere a ɔsram no kataa owia no fã ketewaa bi a aka so no, sum kabii sii.”

Zambia: “Ná ɛkame ayɛ sɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Zambia wɔ Makeni, Lusaka, no ne beae pa a ɛsɛ sɛ wogyina hwɛ ɔsram a ɛbɛkyere owia no. Ɛbɔɔ awia 3:07 no, ɔsram no fii ase kataa owia no anim. Sunsuma fii ase totow guu afasu ho, na ɛmaa hann no wosowosowee. Mframa ano brɛɛ ase, na nnomaa gyaee su. Wuram mmoa fii ase dedae. Ɛbɔɔ awia 3:09 no, anibu kakraa bi ansa na ɔsram no rekye owia no koraa no, hann kakraa bi pɛ na epuepue fii owia no mu bae, na afei ɛkaa biako pɛ. Wɔfrɛ saa adeyɛ yi sɛ Baily nhene ne dɛnkyɛmmo kawa.b Ade a edii hɔ bae ne owia hann kɔkɔɔ bi a na edi sum no anim!”

Angola: “Owia no a ɛyɛe sɛ dɛnkyɛmmo kawa a ahoa no ma nkurɔfo de ehu teɛteɛm. Afei ɛbɔɔ awia 1.48 wɔ Angola no, sum fii ase sii koraa. Nnipa yɛɛ wɔn ade wɔ akwan a egu ahorow so. Ebinom ho peree wɔn sɛ wobetwitwa mfonini. Afoforo fii ase de nne koro teɛteɛɛm sɛ, ‘Esum asi oo! Esum asi oo! Esum asi oo!’ Afoforo nso fii ase bɔɔ hwirema de ahodwiriw teɛteɛɛm bere a esum sii awia no. Owia mu mframa a ano hyew yɛ bɛyɛ digrii ɔpepem no sen fii mmaa nyinaa twaa ɔsram no ho hyiae. Ná yetumi hu mframa a ano yɛ hyew a atwa ɔsram no fã a aduru sum no ho ahyia no. Mpofirim ara, te sɛ nea obi apia bere kɔ anim no, esum no baa awiei, na hann bi fii ase pue fii sum no mu bae.

“Bere a owia no fii ase sɛ ɛrepue no, yehuu owia so akam, a esum kataa so no, sɛ ɛrepue fi sum no mu mmiako mmiako na afei owia no fii ase de nkakrankakra yɛɛ kurukuruwa bio.”

Zambia: “Esum a esii no dii simma 3 ne anibu 14, enti yenyaa bere de huu sɛnea adeyɛ no yɛ hu fa. Ná ayɛ kusuu, nanso na hann bi atwa ho ahyia. Ɛwom sɛ na wim da so ara yɛ bruu de, nanso okyinnsoromma ahorow a bere nyinaa owia no mma yenhu—sɛ nhwɛso no, Jupiter ne Saturn—yɛ hann a na yehu no pefee. Ebia ade a na ɛyɛ nwonwa sen biara wɔ ɔsram a ɛkyere owia no ho ne owia no kontonkrowi. Epuei sɛ ade fitaa kɔkɔɔ bi a atwa sum no ho ahyia. Bɛhwɛadefo a na ɛte sɛ nea biribi atɔ wɔn so no kaa ho asɛm sɛ, ‘ɛyɛ nwonwa, ɛyɛ fɛ.’ Ɔsram no de nkakrankakra kɔɔ nkyɛn, na ɛmaa owia no anim daa hɔ kɛse ma owia mu nsensanee no hyerɛn asase so koraa. Eduu anwummere 4:28 no, na sum no aba awiei!”

Asuade a Yenya Fi Sum a Esii no Mu

Akyiri yi, nnipa pii kaa nkɛntɛnso kɛse a nea wohui no nyaa wɔ wɔn so no ho asɛm. Wɔ Angola no, ɔbea bi kae sɛ ɛkaa kakra ma osui. Ɔfoforo nso kaa akyɛde fɛfɛ a Onyankopɔn de ama nnipa no ho asɛm. Ɔfoforo nso kae sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ nkutoo na ɔde saa anwonwade yi bɛma na ama nkurɔfo atumi akyerɛ sɛnea ade a asase no nya tumi fi mu yɛ fɛ kyɛn so no ho anisɔ.

Ɛda adi pefee sɛ na nnipa pii wɔ obu kɛse ma Ɔbɔadeɛ no ne Bible no wɔ Afrika. Bere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Sumbe kurow no mu ne afoforo bɔɔ nkɔmmɔ faa ɔsram a ɛkyeree owia no ho na wɔkyerɛe sɛ eyi yɛ yɛn Bɔfo, Yehowa, anwonwa nnwuma a wayɛ mu biako pɛ no, ɛhɔfo no kyerɛɛ anigye kɛse sɛ wɔbɛbɔ asɛm no ho nkɔmmɔ. Wɔn mu pii de anigye gyee Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a na aba foforo a na ɛka saa anwonwa nnwuma yi ho asɛm no bi.

Nsɛnkyerɛnne a ɛkɔɔ so wɔ wim yi boaa nnipa ɔpepem pii ma wɔn werɛ fii wɔn haw simma kakraa bi ma wɔde wɔn adwene sii biribi a ɛma denhyɛ na ɛyɛ hu ankasa so. Owia no afã a ɛyɛ anigye a mpɛn pii no yenhu, a ebinom hui no, maa wosusuwii ne Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, a wonhu no nanso n’anuonyam kyɛn saa no ho.

[Ase hɔ nsɛm]

a Esiane sɛ ɔsram ne asase no nyinaa yɛ nkuruwankuruwa nti, nsonsonoe ketewaa bi pɛ na ɛda owia no ne ɔsram no kɛse ntam, na baabi a wɔatwa asase no ho ahyia adu no na ɛkyerɛ saa. Sɛ ɔsram no retwa asase no ho hyia na sɛ edu baabi a ɛne asase no ntam kwan ware a, ɔsram no fã a ɛyɛ sum no ntumi nnu asase no so yiye. Sɛ ɛba saa a, wɔn a wɔte asase no fã a saa sum no kyerɛ no hu sɛ esum asi beae hɔ, na wohu owia no sɛ ahyerɛn atwa esum bi ho ahyia.

b Nea ɛde ade a wɔfrɛ no Baily nhene no ba ne owia hann no a epuepue fa ɔsram no mu ansa na sum no asi koraa no. Asɛm “dɛnkyɛmmo kawa” no kyerɛ sɛnea owia pue bere tiaa bi ansa na sum no asi koraa, bere a owia no fã ketewaa bi ho kɔ so tetɛw hɔ, na ɛma hann nketenkete bi a ɛte sɛ dɛnkyɛmmo kawa pue fa owia no mu ba no.

[Asɛm a Wɔahyehyɛ wɔ kratafa 28]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

→ →

Owia → Ɔsram ⇨ Ne fã a ɛhɔ yɛ sum ⇨ Asase

→ →

[Asɛm Fibea]

© 1998 Visual Language

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Baily nhene

Esum kabii

Dɛnkyɛmmo kawa

[Asɛm Fibea]

Courtesy Juan Carlos Casado, www.skylook.net

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Wɔn a wɔbɛhwɛɛ ɔsram a ɛkyere owia wɔ Lusaka, Zambia, no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena