Bible no Adwene
So Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ Ahiafo?
BERE bi Yesu ka kyerɛɛ aberante sodifo bi a na ɔyɛ ɔdefo sɛ ɔnkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa na ɔmfa mma ahiafo. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ esiane asɛm a Yesu kae no nti ɔbarima no munae de awerɛhow kɔe, “efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree.” Afei Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?” Yesu de kaa ho sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”—Marko 10:21-23; Mateo 19:24.
Ná Yesu kyerɛ dɛn? So ahonyade ne nokware som nhyia? Sɛ Kristofo wɔ sika a, so ɛsɛ sɛ wɔte afobu nka? So Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔtra ase sɛ ahotuafo a wɔtwe wɔn ho fi honam fam nneɛma ho?
Onyankopɔn Gye “Nnipa Nyinaa” Tom
Wɔ tete mmere mu no, Onyankopɔn anhwehwɛ sɛ Israelfo no bedi hia. Susuw ho hwɛ: Bere a wɔn nsa kaa asase a wɔkyɛ maa wɔn akyi no, nkurɔfo no yɛɛ kua ne adwuma a ɛbɛma wɔanya biribi ahwɛ wɔn ho ne wɔn adɔfo. Na nneɛma bi te sɛ obi sikasɛm, wim tebea, akwahosan, anaa adwumayɛ mu nimdeɛ betumi aka nkɔso a wɔn mmɔdenbɔ de ba no. Mose Mmara no hyɛɛ Israelfo no sɛ wɔnna mmɔborohunu adi, sɛ ehia wɔn mu bi wɔ sikasɛm mu a. (Leviticus 25:35-40) Ɔkwan foforo so no, ebinom bɛyɛɛ adefo. Wɔka Boas, ɔbarima a ɔwɔ gyidi ne ɔnokwafo a ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo nana no ho asɛm sɛ ‘ɔbarima kunini wɔ ahonyade mu.’—Rut 2:1.
Tebea koro no ara na na ɛwɔ hɔ wɔ Yesu bere so. Ná ɛnyɛ sɛ Yesu rekamfo asetra a wotua wɔn ho biribiara a ɛmma anigye bere a na ɔne ɔdefo a yɛkaa ne ho asɛm mfitiase no rekasa no. Mmom no, na ɔrekyerɛ asuade titiriw bi. Wɔ nnipa fam no, ɛte sɛ nea entumi nyɛ yiye sɛ ankorankoro a wɔyɛ adefo bɛda ahobrɛase adi na wɔagye Onyankopɔn nkwagye nhyehyɛe atom. Nanso, Yesu kae sɛ: “Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.”—Mateo 19:26.
Afeha a edi kan mu Kristofo asafo no gyee “nnipa nyinaa” toom. (1 Timoteo 2:4) Ná wɔn mu binom yɛ adefo, na afoforo nso wɔ wɔn so ne wɔn de, na na pii nso yɛ ahiafo. Ebia na wɔn mu binom yɛ adefo ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo. Wɔ akwan foforo so no, ebetumi aba sɛ tebea pa ne gyinae a nyansa wom a wosisii wɔ adwumayɛ mu na ɛma wobenyaa wɔn ho akyiri yi.
Saa ara na Kristofo nuayɛkuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu nnipa nso sikasɛm gu ahorow. Wɔn nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobedi Bible no akwankyerɛ a ɛfa sikasɛm ho no akyi, efisɛ ade dodowpɛ betumi anya obiara so nkɛntɛnso. Asuade a Yesu kyerɛe fa aberante sodifo a na ɔyɛ ɔdefo ho no yɛ kɔkɔbɔ ma Kristoni biara wɔ sɛnea sika ne ahonyade betumi anya obi so tumi no ho.—Marko 4:19.
Kɔkɔbɔ Bi Ma Adefo
Bere a Bible no nkasa ntia ahonyade ankasa no, ɛkasa tia sikanibere. Bible kyerɛwfo Paulo kae sɛ: “Bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ [sikanibere, NW].” Ɔkae sɛ esiane sɛ ahonya ho akɔnnɔ maa ebinom gyaw honhom fam nneɛma nti, ‘wɔyeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.’—1 Timoteo 6:10.
Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, Paulo de akwankyerɛ pɔtee maa adefo. Ɔkae sɛ: “Ahonyafo a wɔwɔ wi yi ase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so.” (1 Timoteo 6:17) Ɛda adi sɛ adefo betumi atɔ asiane a ɛne sɛ wɔbɛma wɔn ho so na wɔabu wɔn ho sɛ wɔsen afoforo no mu. Afei nso, ebia wobenya adwene sɛ ahonyade betumi ama wɔanya nokware ahobammɔ—biribi a Onyankopɔn nkutoo na obetumi de ama.
Kristofo a wɔyɛ adefo betumi ayɛ ahwɛyiye wɔ asiane horow yi ho denam wɔn ho a wobenya wɔ “nnwuma pa fam” no so. Nea ɛka nnwuma yi ho ne ‘sɛ wɔbɛkyɛ ade fɛw so na wɔateɛ wɔn nsa,’ wɔafi ayamye mu aboa wɔn a ahia wɔn. (1 Timoteo 6:18) Kristofo—adefo ne ahiafo—betumi nso de nea wɔwɔ adi dwuma de atrɛw Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma a ɛno ne ade titiriw a ɛho hia ma nokware Kristofo nnɛ, no mu. Saa ayamye honhom yi da su pa a yɛwɔ wɔ honam fam agyapade ho no adi, na ɛtwe obi bɛn Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a wɔdɔ wɔn a wɔtew wɔn anim ma no.—Mateo 24:14; Luka 16:9; 2 Korintofo 9:7.
Nneɛma a Eye Koraa
Ɛda adi pefee sɛ, wɔnhwehwɛ sɛ Kristofo bɛyɛ ahiafo. Saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ “wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya.” (1 Timoteo 6:9) Wɔde nsi yɛ adwumaden sɛnea wobenya wɔn asetrade. Sɛnea wɔn nsɛm tebea ne wɔn sikasɛm nhyehyɛe te no bɛma asono obiara mmɔdenbɔ mu nkɔso.—Ɔsɛnkafo 11:6.
Sɛnea wɔn sikasɛm tebea te biara no, ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ “nneɛma a eye koraa no ahwɛ.” (Filipifo 1:10) Wɔnam honhom fam nneɛma a wɔde di kan no so ‘reto nhyɛase pa ama wɔn ho asie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.’—1 Timoteo 6:19.