Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 2/8 kr. 28-31
  • Siria—Abakɔsɛm a Ɛyɛ Anigye Ho Adanse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Siria—Abakɔsɛm a Ɛyɛ Anigye Ho Adanse
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Damasko—Tete Kuropɔn Bi
  • Palmyra—Abakɔsɛm Mu Asasebere
  • Wɔtoa So Wɔ Eufrate So
  • Tete Nkuropɔn a Ɛwɔ Siria Kusuu Fam Atɔe
  • “Syria Anhweatam So Hemmaa A Ne Ti Nhwi Tumm”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ebla—Tete Kurow Bi A Wɔasan Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nnipa Ko a Ahene Baanu no Yɛ Sakra
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Saulo Asɛnka Ma Wɔtan No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 2/8 kr. 28-31

Siria—Abakɔsɛm a Ɛyɛ Anigye Ho Adanse

NA ƐDA nkwantanan bi so wɔ tete wiase no mu—baabi a bere bi na anka akwantufo akwan a efi Mediterranea kɔ China ne nea efi Misraim kɔ Anatolia no hyiam. Akkad, Babilon, Misraim, Persia, Hela, ne Roma asraafo nantew twaam wɔ kurow yi mu bere bi. Mfehaha bi akyi no, Turkeyfo ne Mmeamudua Ho Akodifo twaam wɔ kurow no mu. Wɔ nnɛ mmere yi mu nso, France ne Britain asraafo dii ako sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi kurow yi so.

Ɛnnɛ, edin a na wɔde nim kurow yi mfe mpempem pii a atwam no da so ara da ɔmantam no fã bi so—Siria. Ɛmfa ho sɛ nsakrae pii akɔ so wɔ saa beae yi no, yɛda so ara hu nneɛma bi a esisii tete mmere mu wɔ hɔ. Ɛyɛ asase a wɔn a wɔresua Bible no ani gye ho yiye, efisɛ Siria dii dwuma wɔ Bible abakɔsɛm mu.

Damasko—Tete Kuropɔn Bi

Fa Damasko, Siria ahenkurow no sɛ nhwɛso. Wɔka ho asɛm sɛ ɛyɛ tete nkuropɔn a akyɛ wɔ wiase mu sen biara no biako a nnipa da so te mu fi bere a wɔkyekyeree. Esiane sɛ ɛda Anti-Lebanon mmepɔw ase, na Barada Asubɔnten no sen fa mu nti, Damasko akɔ so ayɛ asasebere a ɛda Siria Anhweatam kɛse no ano wɔ mfehaha pii mu. Ɛda adi sɛ tete agya Abraham twaam kurow yi mu bere a na ɔnam kesee fam rekɔ Kanaan no. Na ɔfaa Elieser, “Damaskoni,” de no kaa ne fiefo ho sɛ n’akoa.—Genesis 15:2.

Bɛyɛ mfe apem akyi no, Siria ahene a wɔwɔ Soba ko tiaa Israel hene a odi kan, Saul. (1 Samuel 14:47) Israel hene a ɔto so abien, Dawid, nso ne Aram (Hebri din ma Siria) ahene dii ako dii wɔn so nkonim na ɔde “bansifo kɔtraa Damasko a ɛwɔ Siria.” (2 Samuel 8:3-8) Enti Israel ne Siria bɛyɛɛ atamfo kyɛe.—1 Ahene 11:23-25.

Ebeduu afeha a edi kan Y.B. no, ɛda adi sɛ ná ɔtan a ɛda Siriafo ne Yudafo ntam no ano abrɛ ase. Ná Yudafo hyia adan pii mpo wɔ Damasko saa bere no. Wobɛkae sɛ na Saul (akyiri yi Paulo) a ofi Tarso no nam ɔkwan a efi Yerusalem kɔ Damasko no so bere a wɔsakraa no ma ɔbɛyɛɛ Kristoni no.—Asomafo no Nnwuma 9:1-8.

Nnɛyi Damasko nni adanse biara a ɛkyerɛ sɛ Abraham twaam wɔ hɔ anaa biribi a ɛkyerɛ sɛ Dawid dii nkonim. Nanso Roma kurow no amamfo so nneɛma ne ɔkwantempɔn a etwam fa kurow dedaw no mu a ɛfa tete Roma a ɛnam Recta (borɔn a wɔfrɛ no Tee) no da so ara wɔ hɔ. Ɛyɛ ofie bi a ɛwɔ saa borɔn yi so mu wɔ Damasko akyi pɛɛ na Anania huu Saul a na wɔasakra no wɔ anwonwakwan so ma wabɛyɛ Kristoni no. (Asomafo no Nnwuma 9:10-19) Ɛmfa ho sɛ borɔn yi ayɛ soronko koraa wɔ sɛnea na ɛte wɔ Roma bere so ho no, ɛyɛ ha na ɔsomafo Paulo fii n’adwuma a ɛda nsow no ase. Borɔn a wɔfrɛ no Tee no ano kɔpem Roma kurow no pon Bab-Sharqi ano. Kurow no afasu a na adan sisi so no boa yɛn ma yɛte ɔkwan a Paulo faa so nyaa ne ti didii mu denam kyerɛnkyɛ mu a wɔde no to twetwee no faa ɔfasu so sii fam so no ase.—Asomafo no Nnwuma 9:23-25; 2 Korintofo 11:32, 33.

Palmyra—Abakɔsɛm Mu Asasebere

Bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa kwan kɔ Damasko atifi fam apuei na beae soronko bi a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu da: Palmyra, a wɔfrɛ no Tadmor wɔ Bible mu no. (2 Beresosɛm 8:4) Esiane sɛ ɛda Mediterranea Po ne Eufrate Asubɔnten no ntam nti, nsu a efi mmepɔw a ɛwɔ atifi fam mu no fɔw saa asase bere yi. Na tete aguadi akwan a ɛda Mesopotamia ne nsase a ɛwɔ atɔe fam ntam no nam Srade Asase no so ma enti na ɛkɔ kosi Palmyra atifi fam tɔnn. Nanso, wɔ afeha a edi kan A.Y.B. mu no, amammui mu basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ atifi fam no maa ɔkwan a na ɛda kesee fam no bɛyɛɛ tiawa a na nkurɔfo pɛ ɛso fa. Enti Palmyra fii ase dii yiye.

Esiane sɛ na ɛhɔ ye ma Roma sɛ wɔde bɛyɛ ɔhye wɔ ahemman no kurotia wɔ apuei fam nti, wɔde Palmyra bɛkaa Roma mansin a na ɛwɔ Siria no ho, nanso awiei koraa no ɛbɛyɛɛ kurow a ɛnhyɛ obiara ase. Wɔasisi asɔrefie akɛse, adum akɛse, tete kwan so aguaree, ne agoruhwɛbea asa so fɛfɛɛfɛ wɔ kwantempɔn no so. Wosiesiee akwan a ɛda kwantempɔn no nkyɛnkyɛn maa wɔn a wɔnam fam, nanso ɔkwan a ɛda kurow no mfinimfini ankasa de, wogyaw no saa na ama yoma dodow a wɔsa so atumi afa so. Ná akwantufo a wɔnam aguadi kwan a ɛda China ne India ntam wɔ Apuei fam ne nea ɛda Hela ne Roma kurow a ɛda Atɔe fam ntam so no gyina gye wɔn ahome wɔ Palmyra. Ɛhɔ na na wɔhyɛ wɔn ma wotua tow wɔ sirikyi, ahuamhuanne, ne aguade afoforo a wɔde retu kwan no ho.

Ná nnipa dodow a wɔwɔ Palmyra no bɛyɛ 200,000, bere a eduu ne yiyedi mpɔmpɔn so wɔ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu no. Ɛyɛ saa bere no mu na ɛhɔ hemmaa Zenobia nuonyampɛfo ne Roma dii ako ma awiei koraa no wodii ne so nkonim wɔ afe 272 Y.B. mu. Saa kwan yi so no, Zenobia maa nkɔmhyɛ a odiyifo Daniel kyerɛw too hɔ bɛyɛ mfe 800 no nyaa mmamu a na onnim.a (Daniel, Ti 11) Bere a Zenobia dii nkogu akyi no, Palmyra kɔɔ so yɛɛ Roma Ahemman no asraafo atrae kosii bere bi, nanso annya tumi ne anuonyam a na anka ɛwɔ kan no bio.

Wɔtoa So Wɔ Eufrate So

Bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa kwan wɔ anhweatam no so kɔ atifi fam apuei na Dayr az Zawr kurow wɔ, baabi a asubɔnten kɛse Eufrate da no. Saa abakɔsɛm mu nsu a ahyɛn di so akɔneaba a efi mmepɔw a ɛwɔ Anatolia apuei fam (Asiafo Turkey) mu no, pue Siria wɔ Karkemis atifi fam na ɛtene fa kesee fam apuei fa Siria kopuei Iraq. Sɛ wufi Iraq ɔhye so a, ɛnkyɛ na woadu Siria tete nkuropɔn abien a adan amamfõ no mu.

Bɛyɛ kilomita 100 wɔ kesee fam atɔe, baabi a Eufrate kom fa, na tete kuropɔn a n’aban yɛ den Dura-Europos no amamfõ da. Bɛyɛ kilomita 25 bio kɔ kesee fam atɔe na Mari amamfõ no da. Babilon hene Hammurabi na ɔsɛee kuropɔn a bere bi na anka ɛyɛ aguadi kurow a edi yiye yi wɔ afeha 18 A.Y.B. mu. Anyɛ yiye koraa no, wɔahu abopon 15,000 a wɔakyerɛw so wɔ tete nneɛma akorae a ɛwɔ n’ahemfie no—kyerɛwtohɔ ahorow a aboa ma wɔahu sɛnea na asetra te no ho abakɔsɛm pii.

Bere a Hammurabi asraafodɔm sɛee kuropɔn no, wobubuu afasu a ɛwɔ soro no, na ɛmaa ntayaa ne dɔte yɛɛ adan a ɛwowɔ fam no mu amaama. Eyi boae ma enti mfonini ahorow a na wɔayeyɛ wɔ ban ho, ahoni, abobɔde, ne adwinni afoforo pii ansɛe kosi sɛ Francefo kuw bi a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu kohuu amamfõ yi wɔ 1933 mu. Wubetumi akɔhwɛ saa nneɛma yi wɔ tete nneɛma akorae a ɛwɔ Damasko ne Aleppo ne Louvre nso, wɔ Paris.

Tete Nkuropɔn a Ɛwɔ Siria Kusuu Fam Atɔe

Sɛ wudi Eufrate akyi fa baabi a ɛtene kɔ wɔ kusuu fam atɔe a, wobɛba abɛto Aleppo (Haleb). Te sɛ Damasko no, wɔka Aleppo ho asɛm sɛ ɛyɛ tete nkuropɔn a akyɛ sen biara a nnipa da so te mu besi nnɛ no mu biako. Aguadibea ahorow anaa adetɔnbea a ɛwɔ Aleppo no ka nneɛma horow a ɛyɛ fɛ yiye wɔ Mediterranea Supɔw no so ho.

Wɔ Aleppo kesee fam pɛɛ na Tell Mardikh, tete kuropɔn Ebla a ayɛ amamfõ no da. Wɔ mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa A.Y.B. no fã a etwa to mu no, na Ebla yɛ aguadi kurow a agye din paa wɔ Siria atifi fam. Bere a wotutuu fam hwehwɛɛ tetefo nneɛma mu wɔ hɔ no, wohuu asɔrefie bi a wohyiraa so maa Babilon nyamewa Ishtar. Wɔsan huu dɔte apon bɛboro 17,000 wɔ ahemfie bi a na wɔakora tetefo nneɛma so wom mu. Wubetumi ahu adwinni a efi Ebla no bi wɔ tete nneɛma akorae a ɛwɔ Idlib, kurow ketewaa bi a efi amamfo no so kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 25 no.

Wɔ Damasko kesee fam na Hama da, Hamat a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no. (Numeri 13:21) Asubɔnten Orontes tene fa Hama, na ɛma Hama bɛyɛ Siria nkurow a ɛyɛ fɛ no mu biako. Nea edi hɔ ne Ras Shamra, tete kurow Ugarit a ayɛ amamfõ no. Wɔ mfirihyia apem a ɛto so abien ne abiɛsa A.Y.B. mu no, na Ugarit yɛ mpoano aguadi kurow a edi yiye a na Baal ne Dagon som agye ntini wɔ hɔ. Efi 1929 no, France fam tutufo atutu fam ahu dɔte apon pii ne kɔbere nnade a wɔakurukyerɛw so a ɛma yehu sɛnea na Baalsom si yɛ animguase fa no ho nsɛm pii. Eyi boa yɛn ma yɛte nea enti a Onyankopɔn buu Kanaanfo a na wɔde wɔn ho ama Baalsom no fɔ na ɔtɔree wɔn ase pasaa no ase.—Deuteronomium 7:1-4.

Yiw, sɛ obi kɔ nnɛyi Siria a obetumi ahu abakɔsɛm mu nneɛma a ɛda so ara yɛ anigye.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “Siria Anhweatam So Hemmaa a Ne Ti Nhwi Tumm,” a ɛwɔ January 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Asase mfonini wɔ kratafa 28, 29]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

MEDITERRANEA PO

‐‐ Ahye a akasakasa aba ho

MISRAIM

ISRAEL

YORDAN

LEBANON

SIRIA

DAMASKO

Barada

Orontes

Hama (Hamat)

Ugarit (Ras Shamra)

Ebla (Tell Mardikh)

Aleppo (Haleb)

Karkemis (Jerablus)

Eufrate

Zenobia

Dayr az Zawr

Dura-Europos

Mari

Palmyra (Tadmor)

IRAQ

TURKEY

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]

Damasko (ase) ne borɔn a wɔfrɛ no tee (atifi)

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Adan a wɔde ntayaa asisi no sɛ nnowa dan

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ugarit

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Hama

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Mari

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Aleppo

[Asɛm Fibea]

© Jean-Leo Dugast/Panos Pictures

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Ahemfie, Ebla

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Palmyra

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Eufrate a ɛwɔ Dura-Europos

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Nguanhwɛfo wɔ Zenobia

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]

Children: © Jean-Leo Dugast/Panos Pictures; beehive homes: © Nik Wheeler

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena