Nneɛma Ankasa a Ɛde Ba, Ne Sɛnea ne Nkɛntɛnso Kɔ Akyiri
“Na ɔkɔm de me na mopaw boayikuw sɛ wɔnhwehwɛ nea ɛma ɔkɔm de me no mu. Ná minni baabi te na moyɛɛ me tebea no ho kyerɛwtohɔ. Me yaree na mo hyiaam susuw ahiafo nsɛm tebea ho. Moyɛɛ biribiara a ɛfa me tebea no ho mu nhwehwɛmu nanso ɔkɔm da so ara de me, minni baabi te, na me yare nso.”—Yennim ɔkyerɛwfo no.
ƐWOM sɛ wiase asoɛe horow abɔ mmɔden pii sɛ wobesiw aduan pa a wonnya nni ano de, nanso wɔn mmɔdenbɔ no ntumi mfaa anidaso papa biara mmae. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1996 Wiase Nyinaa Aduan Ho Nhyiam a Amanaman Nkabom no Aduan ne Kuadwuma Ahyehyɛde (FAO) yɛe ase no, wɔde sii wɔn ani so sɛ wɔbɛma nnipa dodow a wonnya aduan pa nni no so atew aba fã—nnipa bɛyɛ ɔpepem 400—wɔ afe 2015 mu.a
Nea ɛfata nkamfo no, nkɔso kakra aba. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, amanneɛbɔ a FAO de too gua nnansa yi ara a ɛne The State of Food Insecurity in the World 2001, gye tom sɛ: “Ɛda adi sɛ, mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobegu aduan pa a wonnya nni ase wɔ wiase no yɛ nyaa.” Enti ɛte sɛ nea wontumi nnu nhyiam no botae ho. Nokwarem no, amanneɛbɔ no gye tom sɛ “nnipa a wonnya aduan pa nni no dodow akɔ soro yiye wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no dodow no ara mu.”
Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ wobedi saa ɔtamfo yi so nkonim? Sɛ yebenya mmuae no a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea aduan pa a wonnya nni no kyerɛ, na afei yɛhwehwɛ sɛnea ne nkɛntɛnso kɔ akyiri ne nneɛma ankasa a ɛde ba no mu.
Dɛn Na Ɛde Aduan Pa a Wonnya Nni Ba?
Sɛ nnuannuru horow a nkwammoawa a ɛwɔ nipadua no mu no hia no tɔ sin a ɛkyerɛ sɛ obi nni aduan pa, na mpɛn pii no nneɛma titiriw abien na ɛde ba: (1) nnuan mu ahoɔdennuru, aduan mu ahoɔden a ɛma ɔhyew, ne aduannuru ahorow, a esua wɔ nipadua no mu ne (2) nsan yare a ɛyɛ obi ntoatoaso.
Nyarewa te sɛ ayamtu, ntoburo, atiridiinini, ne ɔhome mu nyarewa twetwe nipadua no mu nsu na ɛma nipadua no hwere nnuannuru a ɛwɔ mu no. Ɛma obi anom tõ ma ontumi nnidi yiye, na ɛno ma ɔhwere nnuannuru mu ahoɔden a ohia wɔ nipadua no mu no. Wɔ ɔkwan foforo so no, nsanyare biara tumi yɛ abofra a onni aduan pa. Ɛno nti na nneɛma horow a ɛma ɔyare a nnuan a ahoɔdennuru wom a wonnya nni (PEM) a ekunkum mmofra abu so no.
Dɛn nti na mmofra titiriw na wɔtaa nya ɔyare a aduan pa a wonnya nni de ba no bi? Efisɛ wɔadu bere a wɔrenyin ntɛmntɛm a wɔn nipadua no hia aduan mu ahoɔden a ɛma ɔhyew ne nea ahoɔdennuru wom. Saa ntease koro yi ara nti, apemfo ne mmea a wɔma nufu nso tumi nya ɔyare a aduan pa a wonnya de ba no bi.
Mpɛn pii no, abofra no nya ɔyare no wɔ yafunu mu mpo ansa na wawo no. Sɛ na ɛna no nnidi yiye anaa na onni aduan a ahoɔden wom ansa na ɔrenyinsɛn no a, abofra a ɔbɛwo no no mu yɛ hahaaha. Afei nso, nufu a wotwa abofra ntɛm, didi a onnidi yiye, ne efi betumi ama abofra anya yare a aduan pa a wonnya nni de ba no bi.
Sɛ abofra annya nnuannuru a ohia a, esi ne nyin ho kwan na onnya nkɔso wɔ nipadua mu. Abofra no su dodo na ɔtaa yareyare. Bere a tebea no mu yɛ den no, ne mu yɛ hahaaha, n’ani keka kom na n’apampam home, na sɛ wode wo nsa ka ne honam anaa ne were a na atom, na ne honam nso yɛ nwini.
Aduan pa a wonnya nni gu ahorow. Eyinom nso betumi ama mmofra atɔ apẽ wɔ wɔn nyin mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ mineral ahorow—titiriw no iron, iodine, ne zinc—ne vitamins ahorow—ne titiriw paa no vitamin A—a ɛwɔ aduan a abofra di mu sua a ebetumi ama watɔ apẽ. Amanaman Nkabom Mmofra Foto (UNICEF) no ka sɛ mmofra nkumaa a wɔwɔ wiase nyinaa no mu bɛyɛ ɔpepem 100 na wonni vitamin A papa na ɛma wɔn ani fura. Ɛma nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no nso yɛ mmerɛw, na ɛbrɛ ahoɔden a abofra no nkwaadɔm de bɛko atia nyarewa no ase.
Nkɛntɛnso a Ɛkɔ Akyiri
Aduan pa a wonnya nni de ɔhaw ahorow ba nipadua no so, titiriw no wɔ abofra fam. Ebetumi aka—nipadua no akwaa horow ne ɔkwan a nipadua no fa so yɛ adwuma—a koma no, asaabo, yafunu, nsono, ahurututu, ne amemene no nyinaa ka ho.
Nhwehwɛmu ahorow ada no adi sɛ, sɛ abofra ntumi nyin yiye a ɛma n’adwene nso tɔ apẽ na ɛbrɛ n’adesua ne ne nhomanim ase. Amanneɛbɔ bi a efi Amanaman Nkabom no hɔ ka eyinom ho asɛm sɛ ɛyɛ ɔhaw a aduan pa a wonnya nni de ba a ɛyɛ hu na nea efi mu ba no nso tra hɔ kyɛ.
Wɔ mmofra a wɔde wɔn ho fi ɔyare a aduan pa a wonnya nni de ba ho fam no, ɔhaw a ɛde ba no tumi twentwɛn so kodu wɔn mpanyin afe so. Ɛno nti na UNICEF de awerɛhow kae sɛ: “Mfaso biara nni nnipa nyansa a wɔresɛe no kɛse—wɔ nneɛma a anka wobetumi asiw ano koraa no so—ɛyɛ bɔne mpo, na ɛkyerɛ nneɛma ho dwuma a wonni wɔ ɔkwampa so.” Enti ɔhaw a ɛtra hɔ kyɛ a aduan pa a wonnya nni de ba no yɛ ahiasɛm paa. Nhwehwɛmu a wɔayɛ no nnansa yi ka sɛ aduan pa a ɛsɛ a wonya nni wɔ mmofraberem no tumi de yare a ɛyɛ mpanyimfo a enni sabea te sɛ komayare, asikreyare, ne mogya mmoroso ba.
Nanso, aduan pa a wonnya nni koraa nyɛ ɔhaw a ɛsen biara, sɛnea UNICEF gye tom no: “Wɔka sɛ nnipa a aduan pa a wonnya nni ka ho bi na wowuwui no mu bɛboro nkyem anan mu abiɛsa mfi aduan pa a wɔannya anni koraa, mmom no efi sɛnea na yare no wɔ fam anaasɛ ɛnyɛ hu kɛse no.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Mmofra a wɔyare esiane aduan pa a wɔannya anni kɛse nti no betumi ahyia akwahosan mu haw bere tenten. Ɛno nti ɛho hia sɛ yebue yɛn ani wɔ sɛnkyerɛnne a ɛda adi wɔ mmofra ho a ɛkyerɛ sɛ wonnya aduan pa a ɛfata nni no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ama wɔn ayaresa a ɛfata.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 7.
Nneɛma Ankasa a Ɛde Ba
Sɛnea yɛadi kan ahu no, ade titiriw a ɛmma yennya aduan pa nni no fi aduan a enni hɔ. Nanso nneɛma afoforo a ɛyɛ aniberesɛm te sɛ asetram nsɛm, sikasɛm, amammerɛ, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia nso ka ho. Nea edi akoten wom ne ohia, a aka nnipa ɔpepem pii, titiriw wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii so no. Nanso, sɛ ma a ohia mma nkurɔfo nnya aduan pa nni no da nkyɛn a, aduan a ɛsɛ a nkurɔfo nnya nni no mma wontumi nnyɛ adwuma a ɛde mfaso kɛse ba nso, na eyi ma ohia no mu kɔ so yɛ den.
Nneɛma afoforo nso ka ho. Nimdeɛ a obi nni nso mma onnya adidi ho su pa. Sɛnea yɛahu no, ɔyare mmoawa nso ka ho bi. Asetra mu nsɛm ne amammerɛ horow nso wɔ hɔ, te sɛ aduan a wɔnkyɛ no pɛpɛɛpɛ ne mmea mu nyiyim. Mpɛn pii no mmea na “wodidi twa to na wɔn aduan nso sua”—kyerɛ sɛ, mmarima didi wie ansa na mmea adidi na mmarima aduan nso dɔɔso sen mmea de. Wɔde nhomasua hokwan ahorow nso kame mmea, ade a anka ebetumi aboa wɔn ma wɔahwɛ wɔn mma yiye no.
Bio nso, ɔhaw a nneɛma a atwa yɛn ho ahyia de ba nso ma aduan a yenya no so tew. Nea ɛka eyinom ho bi ne atoyerɛnkyɛm ne akodi. Sɛnea The State of Food Insecurity in the World 2001 kyerɛ no, efi October 1999 besi June 2001 nkutoo no, aman 22 na ɔpɛ sii so, 17 na ahum anaa nsu yirii wɔ so, 14 na amanko anaa ntɔkwaw sii so, 3 na awɔw a ano yɛ den sii hɔ, na 2 na asasewosow sii so.
Ayaresa ne Ɔkwan a Yɛbɛfa So Asiw Ano
Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa asa abofra a aduan pa a wannya anni ama ɔyare no yare? Sɛ aduan pa a ɛsɛ a abofra no annya anni na ama ɔyare denneennen a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ wogye no to ayaresabea bere a wɔafi ase rehwɛ no yare no. Sɛnea akwankyerɛ nhoma ma nnuruyɛfo a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde tintimii kyerɛ no, nnuruyɛfo no bɛhwehwɛ abofra no tebea mu na wɔasa no yare wɔ yare biara a wanya anaa ne mu nsu a ayow no ho. Ebia wobefi ase ama no aduan nkakrankakra, mfiase no wɔtaa de fa dorobɛn mu. Anyɛ yiye koraa no ayaresa no fã a edi kan no betumi agye dapɛn biako.
Nea edi hɔ ne ayaresa a ɛboa ma abofra no nya ahoɔden bio. Wɔsan ma abofra no num ne nã nufu na wɔboa no ma odi aduan dodow biara a obetumi. Nkate ne honam fam nkuranhyɛ ho hia paa wɔ ayaresa yi fã yi mu. Dwen a yebedwen abofra no ho na yɛadɔ no no betumi aboa kɛse ma abofra no ho atɔ no a wunsusuw saa koraa. Saa bere yi na wɔkyerɛkyerɛ ɛna no sɛnea ɔbɛhwɛ abofra no ama no aduan pa na wama ne ho atew sɛnea ɛbɛyɛ a ɔyare no nsan mma bio. Afei, woyi abofra no fi ayaresabea. Ɛho hia sɛ wɔde abofra no bɛtaa akɔ ayaresabea akɛse anaa nketewa mu ma wɔahwɛ sɛnea ne ho te.
Nanso, ɛda adi sɛ, ɔkwan a eye paa ne sɛ yebesiw ano. Ɛno nti na wɔ aman pii so no, aban ne ankorankoro ahyehyɛde ahorow ayɛ nnuru a wɔde fra nnuan mu ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nnuan a wodi no ayɛ nea ahoɔden wom no. Ɔmanfo nso boa ma wosiw nyarewa a aduan pa a wonnya nni de ba ano wɔ akwan pii so, te sɛ dwumadi horow so a wɔnam kyerɛkyerɛ nkurɔfo nnuan ho nsɛm, nsu a wɔnom a wɔbɔ ho ban, agyananbea a wosisi, mpɔtam a wɔte a wodi hɔ ni, sika a wɔde boa yɛ ɔsatu de wɔ nkurɔfo paane de siw nyarewa ano, ne mmofra nyin ne wɔn nkɔso ho nsɛm so a wɔhwɛ.
Nanso dɛn na yebetumi ayɛ sɛ ankorankoro de asiw nyarewa a aduan pa a wonnya nni de ba no ano? Adaka a ɛwɔ kratafa 8 no de nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so ma. Nea ɛka eyinom ho no, mmofra ayaresa ho ɔbenfo Georgina Toussaint hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ ɛna no kɔ mmofra ayaresa ho ɔbenfo hɔ anaa ayaresabea bere a wawo akyi nnanson, bere a abofra no adi ɔsram biako, na ɛno akyi no ɔsram biara nso. Ɛsɛ sɛ ɛna no hwehwɛ mmoa nso fi akwahosan ho abenfo hɔ bere a ohu sɛ abofra no ho nsu ayow, ne yam tu dodo, anaa wanya atiridii no.
Ɛwom sɛ saa nyansahyɛ yi boa ma mmofra nnuan ne wɔn adidi tu mpɔn de, nanso ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ aduan pa a wonnya nni yɛ ɔhaw kɛse—ɔhaw no so araa ma ɛboro mmɔden a nnipa rebɔ sɛ wobesiesie no so. Encyclopædia Britannica gye tom sɛ: “Aduan a ɛdɔɔso a wobenya ama nnipa nyinaa ne nnuan ho ntetee a wɔde bɛma wɔn no da so ara yɛ ɔhaw a anibere wom.” Ne saa nti, so anidaso bi wɔ hɔ sɛ “ahiasɛm a wɔnka ho asɛm” yi bɛba awiei?
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ Wiase Nyinaa Aduan Nhyiam no ho nsɛm pii a, hwɛ August 8, 1997 Nyan! kratafa 20-22.
[Adaka wɔ kratafa 7]
SO WO BA NNYA ADUAN PA NNI?
Ɔkwan bɛn so na akwahosan ho abenfo tumi hu sɛ abofra bi di aduan pa anaasɛ onni aduan pa? Wotumi hwehwɛ nsɛnkyerɛnne ahorow a ɛda adi wɔ abofra no ho mu, wobisa nsɛm fa abofra no adidi ho, na wɔhyɛ ma wɔyɛ no ayaresa mu nhwehwɛmu. Nanso, wɔtaa gyina abofra no kɛse ne ne mu duru a wosusuw hwɛ so titiriw. Wɔkari abofra no mu duru de nneɛma afoforo susu ne kɛse na wɔde toto nsenia mu duru a ɛsɛ sɛ abofra biara du ho no ho hwɛ. Ɛno boa wɔn ma wohu yare ko a ayɛ abofra no ne sɛnea ɛyɛ hu fa, esiane aduan pa a onnya nni nti.
Nneɛma atitiriw a wɔhwɛ bere a wɔresusuw abofra no ne, ne mu duru, ne tenten, ne sɛnea ne nsa kɛse te. Sɛ wɔde abofra no mfe a wadi toto ne mu duru ho a wotumi hu sɛnea yare no te; wɔ tebea a ɛyɛ hu paa mu no, wuhu sɛ abofra no afɔn na wayi nkrampan. Sɛ abofra no mu duru so tew ɔha mu nkyem 40 sen sɛnea ɛsɛ sɛ abofra biara mu duru yɛ a ɛnde na ɔyare paa, sɛ ne so tew fi ɔha mu nkyem 25 kosi 40 a yɛfa no sɛ ne yare no nyɛ hu kɛse, na sɛ ne so tew ɔha mu nkyem 10 kosi 25 a ɛnde na ne yare no wɔ fam koraa. Sɛ abofra no mfe a wadi no kyerɛ sɛ wanyin nanso wabɔ adadaa a, na ɛkyerɛ sɛ yare a aduan pa a onnya nni ama wanya no nni sabea—abofra no atɔ apẽ.
Nnuan a ahoɔdennuru wom a wonnya nni (PEM) no mu nea ɛyɛ hu paa ne aseram, kwashiorkor, ne abien no nyinaa a etumi ka bom. Aseram (yare a ɛma abofra kɔ so fɔn) taa yɛ mmofra a wonum nufu a wɔadi fi asram 6 kosi 18. Efi ase nkakrankakra sɛ ɔyare a aduan mu ahoɔden a ɛma ɔhyew ne nnuannuru a wonni de ba, na afei ɛyɛ kɛse esiane nufusu dodow a abofra no hia a onnya anaa mmofra aduan a wɔafrafra mu a wɔde si nufusu anan mu no nti. Wuhu sɛ abofra no so atew koraa, ne ho ntini afonfɔn araa ma wayiyi nkrampan, ma watɔ apẽ. Wuhu sɛ abofra no anim dua te sɛ “ɔpanyin anim,” ɛnkyɛ na ne bo afuw, na osu paa nso.
Asɛmfua kwashiorkor, a wɔfa fii Afrika kasa bi mu no, kyerɛ “abofra a wɔawo n’akyi.” Ɛkyerɛ abofra a otua nufu ano a wɔawo n’akyi ma nea wɔawo no foforo no nti onnya nufu nnum bio. Saa tebea yi fi ase bere a wɔatwa abofra no nufu akyi, na ɛwom sɛ aduan mu ahoɔden a ɛma ɔhyew a ebi nni abofra no ho ka ho bi de, nanso ne kɛse no fi nnuan mu ahoɔdennuru a abofra nni. Ɛma nipadua no hyɛ nsu, ma abofra no nan ase taatae na ne yafunu nso yɛ kɛse. Ɛtɔ mmere bi a ɛka abofra no anim dua nso, ɛma n’anim yɛ hyɛnn sɛ ɔsram a atwa puruw. Ne honam ani yɛ sorohaa na ne ti nhwi kɔla sesa ma eyiyi mfeaamfeaa. Mmofra a wɔwɔ saa tebea yi mu no mmerɛbo hon, wuhu sɛ wɔayɛ bosaa ne mmɔbɔmmɔbɔ. Saa na ɛtoo Erik a yɛadi kan aka he ho asɛm, a ne maame maa no nufu ɔsram biako pɛ wɔ n’asetra mu; na afei ɔde nantwi nufusu a wɔafra mu toaa so maa no no. Bere a odii asram abiɛsa no wɔmaa no nkwan a wɔde nnuadewa ayɛ ne asikre nsu, na wogyaw no maa ofipamfo bi a na ɔhwɛ no.
Nyarewa a ɛto so abiɛsa a PEM de ba ne aseram ne kwashiorkor a ne nyinaa aka abom. Eyinom nyinaa betumi akum abofra no, sɛ wɔansɔ ano ntɛm a.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8]
BƆ WO BA HO BAN FI ADUAN PA A WONYA NNI NYAREWA HO!
◼ Ɛho hia sɛ ɛna no di nnuan a ahoɔden wom. Ɛsɛ sɛ apemfo ne mmea a wɔma nufu di nnuan a ahoɔden wom na ɛma ɔhyew ne nea ahoɔdennuru pii wom. Aduan mu ahoɔdennuru titiriw boa ma ɛna no nya nufusu. Enti sɛ aduan a ɛwɔ hɔ no sua a, ɛsɛ sɛ wodi kan susuw mmea a wɔaso awo ne mmofra nketewa no ho.
◼ Wɔ tebea horow nyinaa mu no, aduan a eye paa ma abofra ne ne maame nufusu. Eyi ho hia titiriw wɔ nna a edi kan wɔ n’awo akyi mu efisɛ nnuru bi wɔ nufusu no mu a ɛko tia ɔyare mmoawa na ɛbɔ abofra no ho ban fi nyarewa ho. Wɔ asram anan a edi kan anaa nea ɛte saa mu no, nufusu ma abofra no nya nnuannuru a ohia nyinaa a ɛbɛma wanyin yiye no.
◼ Ɛwom sɛ ɛna nufusu ne abofra aduan titiriw de, nanso efi asram anan kɔ asia no, abofra no betumi adi nnuan afoforo. Fa nnuaba ne mfunne a wɔayam ma no nkakrankakra. Ma abofra no nsɔ nnuan foforo no nhwɛ mmiako mmiako. Bere a wahu aduan biako di wɔ nnanu anaa nnansa akyi no, ma ɔnsɔ foforo nso nhwɛ. Nokwarem no, mpɛn pii no egye boasetɔ ne mmɔdenbɔ pii ansa na abofra no ahu aduan foforo di. Sɛ woresiesie aduan a ɛte saa a, hwɛ sɛ wobɛma biribiara a wode resiesie aduan no ho atew fann! Hohoro nnuan no ho ne nkuku no mu yiye!
◼ Sɛ mmofra di asram anum kɔ akron a wɔtaa hia nnuan ankasa a emu ahoɔden no ma ɔhyew ne nea ahoɔdennuru wom sen nea wonya fi nufusu mu. Kɔ so fa nnuan afoforo ma wɔn. Wubetumi de aburow nnuan ne nnuadewa adi kan ama wɔn, na akyiri yi wode mogyanam ne nnuan a wɔde nufusu ayɛ aka ho. Bere a ɛsɛ sɛ wosɔn nnuan a edi kan a wode ma abofra no so no, wubetumi atwitwa nnuan no nketenkete kama bere a abofra no adi asram asia rekɔ no. Ɛho nhia na wɔnhyɛ ho nkuran sɛ wode asikre anaa nkyene bɛto abofra no aduan mu.
◼ Sɛ abofra no di asram awotwe rekɔ a, nufusu nyɛ n’aduan titiriw bio, mmom no wubetumi de aka aduan foforo ho ama no. Abofra no fi ase di aduan a abusua no di no bi. Ɛsɛ sɛ aduan no yɛ nea ɛho tew fann, na ɛsɛ sɛ wotwitwa no nketewa kama nso sɛnea ne wesaw nyɛ no den. Nnuan titiriw a ɛsɛ sɛ abofra no di bi ne nnuaba, nnuadewa, aburow ne adua nnuan, ne mogyanam ne nnuan a wɔde nufusu ayɛ.b Titiriw no, mmofra hia nnuan a Vitamin A dɔɔso wom. Eyinom bi ne nufusu, nnuadewa nhaban a ɛyɛ frɔmm, ne nnuaba te sɛ akutu ne mango a abere, carrot, ne paya. Ɛsɛ sɛ mmofra a wonnii mfe abiɛsa didi mpɛn anum anaa asia da biara.
◼ Nnuan a ahoɔden wom a wode bɛfrafra no ma wunya nnuannuru a ɛbɛbɔ wo ba ho ban. Ɛsɛ sɛ ɛna no de yɛ ne botae sɛ ɔbɛma ne ba aduan pa, ɛnsɛ sɛ ɔde aduan puapua abofra no bere a abofra no amee, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔde aduan kame abofra no bere a ohu sɛ onya bio a obedi no.
[Ase hɔ asɛm]
b Wubetumi anya ɛho nsɛm pii wɔ asɛm “Wubetumi Anya Aduan a Ahoɔden Wom” a ɛwɔ May 8, 2002, Nyan! mu no.
[Mfonini]
Animdefo gye tom sɛ ɛna nufusu ne aduan pa a ɛsen biara ma abofra a wɔawo no foforo no bere nyinaa
[Asɛm Fibea]
© Caroline Penn/Panos Pictures
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Mmofra a wɔredi awi aduan a nsu biara nnim ne nnuadewa wɔ sukuu mu wɔ Bhutan
[Asɛm Fibea]
FAO photo/WFP Photo: F. Mattioli
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Wubetumi afa akwan horow so ama wo ba aduandi atu mpɔn
[Asɛm Fibea]
FAO photo