Bible no Adwene
Ɔkwan Bɛn so sa Ɛsɛ sɛ Yɛde Hokwan a Yɛwɔ sɛ Yɛpaw Nea Yɛpɛ no Di Dwuma?
ONYANKOPƆN de tumi a ɛma wɔpaw nea wɔpɛ maa nnipa a wodi kan, Adam ne Hawa. Ɔde Eden turo no hyɛɛ Adam nsa. Na nea ɛka Adam nnwuma ho ne sɛ ɔbɛtoto mmoa no din. (Genesis 2:15, 19) Ne titiriw koraa no, na Adam ne Hawa betumi apaw sɛ wobetie Onyankopɔn anaa wɔrentie no.—Genesis 2:17, 18.
Efi saa bere no, nnipa asisi gyinae ɔpepepem pii a yentumi nkan—pii yɛ nea nyansa wom, emu bi anni ammoa, na afoforo yɛ bɔne koraa. Gyinae ahorow bi a nyansa nnim a nnipa sisii no de amanehunu na aba. Nanso, Onyankopɔn mfa ne ho nnye hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ no mu da. Sɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, Onyankopɔn nam Bible so boa yɛn ma yesisi gyinae pa. Ɔbɔ yɛn kɔkɔ nso fa nea ebefi gyinae a enye a yebesi mu aba no ho. Bible no ka sɛ yebetwa nea yegu.—Galatifo 6:7.
Ankorankoro Nsɛm Mu Gyinaesi
Onyankopɔn da n’apɛde adi pefee wɔ nsɛm bi mu, na ɔde akwankyerɛ pɔtee ma yɛn wɔ ho. Nanso, wɔ nsɛm pii mu no, Bible no nhyɛ mmara a ɛde akwankyerɛ bɛma yɛn wɔ yɛn ankasa nsɛm nyinaa mu. Mmom no, ɛde akwankyerɛ pii ma a ɛma ankorankoro biara nya hokwan paw nea n’ani gye ho ne nea ɔpɛ. Sɛ nhwɛso no, hyɛ nea ɛka fa ahomegye ho no nsow.
Kyerɛwnsɛm no frɛ Yehowa sɛ ‘anigye Nyankopɔn.’ (1 Timoteo 1:11) N’asɛm ka sɛ “ɔserew wɔ ne bere” na “asaw wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 4) Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Ɔhene Dawid bɔɔ nnwom maa afoforo nyaa so mfaso. (1 Samuel 16:16-18, 23) Yesu kɔɔ ayeforohyia apontow bi ase, na ɔyɛɛ biribi wɔ ase denam nsu a ɔma ɛdan bobesa no so.—Yohane 2:1-10.
Nanso, Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) “Asereseresɛm a ɛnsɛ” ne ɔbrasɛe tia Onyankopɔn na ebetumi asɛe yɛne no ntam abusuabɔ. (Efesofo 5:3-5) Sɛ wɔamfa ahosodi annom mmosa wɔ apontow ahorow ase a, ɔhaw ahorow a emu yɛ den betumi afi mu aba. (Mmebusɛm 23:29-35; Yesaia 5:11, 12) Yehowa Nyankopɔn tan basabasayɛ nso.—Dwom 11:5; Mmebusɛm 3:31.
Saa Bible nkyekyɛm ahorow yi boa yɛn ma yesusuw ahomegye ho wɔ ɔkwan a Onyankopɔn fa so susuw ho so. Sɛ Kristofo repaw ahomegye a, wogyina Bible no so. Nokwarem no, yɛn nyinaa betwa papa anaa bɔne a ebefi ne gyinaesi mu aba no.—Galatifo 6:7-10.
Saa ara, na wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wonsi gyinae a nyansa wom a ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia wɔ ntadehyɛ, aware, ɔwofoyɛ, ne adwuma ho nsɛm ho. Nea ɛkeka eyinom ho ne nneɛma a wɔnkaa ho asɛm pɔtee wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, nanso nnyinasosɛm a ɛwom no boa wɔn ma wofi ahonim mu sisi ho gyinae no. (Romafo 2:14, 15) Ɛsɛ sɛ Kristofo de gyinapɛn a edi hɔ yi di dwuma sisi wɔn ankasa gyinae ahorow: “Sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.”—1 Korintofo 10:31.
Wɔ saa asɛm yi ho no, ɛyɛ papa sɛ yesusuw nnyinasosɛm a ese ‘yɛnyɛ yɛn ankasa ade’ no ho. (1 Tesalonikafo 4:11) Kristofo taa hyia nneɛma ahorow pii a ɛsɛ sɛ wɔpaw a ɛne Onyankopɔn apɛde mmɔ abira. Enti, nea Kristoni bi bɛpaw no bɛyɛ soronko wɔ ɔfoforo de ho. Ɛrensɔ Onyankopɔn ani sɛ obehu sɛ n’asomfo bubu wɔn ho wɔn ho atɛn. (Yakobo 4:11, 12) Bible no de afotu a nyansa wom ma sɛ: “Mommma mo mu bi nhu amane sɛ . . . ɔsɛmpɛfo ebinom nsɛm mu.”—1 Petro 4:15.
Gyinae a Yebesi sɛ Yɛbɛsom Onyankopɔn
Bible no ka mfaso ahorow a ɛwɔ osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn so no ho asɛm. Nanso, Onyankopɔn nhyɛ nnipa sɛ wɔnsom no. Mmom no, ɔtoo nsa frɛ n’abɔde a wɔyɛ nnipa no sɛ wɔmmɛyɛ n’asomfo. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka sɛ: “Mommra mma yemmutuw nkotow nsɔre [Yehowa, NW], yɛn yɛfo anim.”—Dwom 95:6.
Wɔtoo nsa frɛɛ tete Israel saa. Bɛboro mfe 3,500 a atwam ni no, Israel man no begyinaa Bepɔw Sinai no anim, na Onyankopɔn daa ne nokware som ho nhyehyɛe a ɛwɔ Mose Mmara no mu no adi kyerɛɛ saa nnipa ɔpepem pii no. Afei na wɔwɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ: So na wɔbɛsom Onyankopɔn anaa wɔrensom no? Wogyee so dɛn? Wɔboom kae sɛ: ‘Nea Yehowa aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yebetie.’ (Exodus 24:7) Na ɛsɛ sɛ wɔn ankasa na wosi gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa.
Yesu fii Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka no ase wɔ afeha a edi kan no mu. (Mateo 4:17; 24:14) Wanhyɛ obiara sɛ ɔmmɛyɛ saa adwuma no bi da. Mmom no, ofii ayamye mu too nsa frɛɛ afoforo sɛ: ‘Mommra mmedi m’akyi.’ (Marko 2:14; 10:21) Pii gyee ne frɛ no so na wofii ase ne no kaa asɛm no. (Luka 10:1-9) Bere bi akyi no, ebinom gyaee Yesu akyi di. Yuda yii no mae. (Yohane 6:66; Asomafo no Nnwuma 1:25) Akyiri yi, wɔ asomafo no akwankyerɛ ase no, nnipa pii bɛyɛɛ asuafo a ɛnnam afoa ahunahuna so, na mmom denam wɔn pɛ so. Na wɔn a “wɔayi wɔn ama” no “gye dii.” (Asomafo no Nnwuma 13:48; 17:34) Ɛnnɛ nso, nokware Kristofo fi ɔpɛ mu yɛ osetie ma Onyankopɔn Asɛm na wodi Yesu nkyerɛkyerɛ akyi.
Ɛda adi pefee sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yebefi yɛn pɛ mu asisi gyinae. Ɔde akwankyerɛ nso ma yɛn wɔ Bible no mu a ɛboa yɛn ma yesisi gyinae a nyansa wom. (Dwom 25:12) Wɔ ankorankoro gyinaesi ahorow mu no, ɛsɛ sɛ Kristoni biara susuw Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow no ho. Saa kwan no so nkutoo na yebetumi de ‘ɔsom kronn a adwene wɔ mu’ ama Onyankopɔn.—Romafo 12:1.