Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 4/8 kr. 18-19
  • Dɛn Ne Honam Fam Ade Dodowpɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Honam Fam Ade Dodowpɛ?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Na Wɔwɔ Ahonyade ne Anuonyam
  • Sikanibere
  • Ehia sɛ Wohwehwɛ Wo Ho Mu
  • Yehowa Nhyira Na Ɛyɛ Ɔdefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Yebedi Yiye Ankasa Wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • ‘Nhwehwɛ Nneɛma Akɛse Mfa’
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Gyina Pintinn Na Kwati Ɔbonsam Mfiri!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 4/8 kr. 18-19

Bible no Adwene

Dɛn Ne Honam Fam Ade Dodowpɛ?

NNIPA fi awosu mu dwen honhom fam nneɛma ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔsom Onyankopɔn no ho. Nanso wɔde honam fam nneɛma na ɛbɔɔ onipa, na ɔwɔ honam fam ahiade ne hokwan sɛ ɔde di dwuma. Kristofo binom wɔ honam fam ahonyade pii. So eyi nkutoo kyerɛ sɛ wɔpɛ ade dodow na wɔn honhom fam gyinabea nye? Nea ɛne no bɔ abira no, so ɛbɛyɛ den sɛ wɔn a ahia wɔn no ani begye honam fam ade dodow ho na ayɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wobesusuw honhom fam nneɛma ho?

Nokwarem no, wubegye atom sɛ honam fam ade dodowpɛ kyerɛ pii sen ahonyade anaa agyapade pii a wubenya kɛkɛ. Susuw Bible mu nhwɛso horow a ɛfa nea honam fam ade dodowpɛ kyerɛ ankasa ho ne sɛnea wobɛkwati asian a ɛde ba honhom fam yiyedi so no ho hwɛ.

Na Wɔwɔ Ahonyade ne Anuonyam

Ná Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no binom wɔ ahonyade ne anuonyam. Sɛ nhwɛso no, na Abraham ‘wɔ mmoa ne dwetɛ ne sika pii.’ (Genesis 13:2) Ná wonim Hiob sɛ obi a ‘ɔsen apueifo no nyinaa’ esiane mmoa ne nkoa pii a na ɔwɔ nti. (Hiob 1:3) Ná Israel ahemfo, te sɛ Dawid ne Salomo, wɔ ahode pii.—1 Beresosɛm 29:1-5; 2 Beresosɛm 1:11, 12; Ɔsɛnkafo 2:4-9.

Ná Kristofo a wɔyɛ adefo wɔ afeha a edi kan asafo no mu. (1 Timoteo 6:17) Ná wɔfrɛ Lidia sɛ ‘nea ɔtɔn tankɔkɔɔ a ofi Tiatira kurow mu a ɔsom Nyankopɔn.’ (Asomafo no Nnwuma 16:14) Ná afasebiri aduru ne ntama a wɔde ahyɛ no bo yɛ den, na na nnipa a wodi mu ne adefo na ɛtaa tɔ. Enti ɛbɛyɛ sɛ na Lidia di yiye kakra.

Nea ɛne no bɔ abira no, na Yehowa asomfo anokwafo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no binom di hia buruburoo. Asiane, akwanhyia ne owu ma ehiaa mmusua binom. (Ɔsɛnkafo 9:11, 12) Hwɛ sɛnea na ɛbɛyɛ den ama wɔn a ahia wɔn no sɛ wobehu sɛ afoforo anya wɔn ho anaa nneɛma abu wɔn so! Ɛno mpo da nkyɛn a, na ɛbɛyɛ mfomso sɛ wobebu wɔn a wɔyɛ adefo no sɛ wɔn ani gye honam fam ade dodowpɛ ho, na ahiafo no na wɔsom Onyankopɔn yiye. Dɛn ntia? Susuw nea ɛde honam fam ade dodowpɛ ba no ho hwɛ.

Sikanibere

Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ honam fam ade dodowpɛ ase sɛ “honam fam nneɛma a egye obi adwene anaa osi so dua sen nimdeɛ anaa honhom fam nneɛma.” Enti honam fam ade dodowpɛ di akoten wɔ nneɛma a yɛpɛ, yɛn ahiade atitiriw ne nea yɛn ani gye ho wɔ yɛn asetram no mu. Eyi da adi pefee wɔ Bible nhwɛso abien yi mu.

Yehowa de afotu a emu yɛ den maa Baruk a na ɔyɛ Yeremia kyerɛwfo no. Ebetumi aba sɛ na ahia Baruk esiane tebea a na ɛwɔ Yerusalem ne Yeremia a na afoforo mpɛ n’asɛm a na ɔde ne ho abɔ no no nti. Ɛno mpo, Yehowa kae sɛ: “Wo na worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ.” Ebetumi aba sɛ na Baruk rehwehwɛ ade dodow afa, na honam fam nneɛma a na afoforo wɔ no gyee n’adwene. Yehowa kaee Baruk sɛ, Obegye no afi ɔsɛe a na ɛreba Yerusalem so no mu, nanso Ɔrenkora n’ahode so.—Yeremia 45:4, 5.

Yesu maa mfatoho bi faa ɔbarima bi a na honam fam ade dodowpɛ agye n’adwene ho. Ɔbarima yi de n’adwene sii n’ahonyade so mmom sen sɛ ɔde n’ahonyade no bɛtrɛw Onyankopɔn som mu. Ɔdefo no kae sɛ: “Meburuw m’asan, na masi akɛse; . . . na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a wɔde asie ama mfirihyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!” Ɛnna Yesu toaa so sɛ: “Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea? Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.”—Luka 12:16-21.

Aba bɛn na ɛwɔ nsɛm abien yi mu? Ɛboa yɛn ma yehu sɛ honam fam ade dodowpɛ akyi a obi di no nnyina ade dodow a ɔwɔ so, na mmom honam fam nneɛma a ɔde di kan wɔ n’asetram no so. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ [sikanibere, NW] a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” (1 Timoteo 6:9, 10) Ɛyɛ ɔpɛ a obi benya sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo ne honam fam nneɛma ho dɔ na ɛde ɔhaw no ba.

Ehia sɛ Wohwehwɛ Wo Ho Mu

Ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkwati afiri a honam fam ade dodowpɛ sum no ɛmfa ho sɛnea wɔn sikasɛm te biara. Nea ahonyade tumi yɛ yɛ nnaadaa, na ebetumi aka honhom fam yiyedi ahyɛ. (Mateo 13:22) Honhom fam nneɛma a yɛbɛdan yɛn adwene afi so akodi honam fam nneɛma akyi no betumi adaadaa yɛn, na yɛn ani bɛba yɛn ho so no na adi yɛn awu.—Mmebusɛm 28:20; Ɔsɛnkafo 5:10.

Enti ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ nneɛma a wɔde di kan wɔ wɔn asetram no mu. Sɛ́ obi wɔ honam fam nneɛma kakraa bi anaa pii no, ɛsɛ sɛ nnipa a wodwen honhom fam nneɛma ho no bɔ mmɔden sɛ wobedi Paulo afotu a ɛne sɛ “wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so” no akyi.—1 Timoteo 6:17-19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena