Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyae Mmɔden a Mebɔ sɛ Mɛyɛ Biribiara Pɛpɛɛpɛ No?
“Pɛyɛ ntraso redi m’asetra so tumi ankasa.”—Carly.
PƐYƐ NTRASO—gyidi a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ obi yɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a asɛm biara nni ho—haw mmabun pii adwene.
Nhoma, Perfectionism—What’s Bad About Being Too Good? ka sɛ: “Nsonsonoe kɛse da mmɔden a obi bɔ sɛ ɔbɛyɛ adepa ne mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛyɛ nea obiara ntumi nyɛ mu. Ebia nnipa a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ adepa no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtoto nneɛma na wɔayɛ nhyehyɛe pa a wonni ho agoru na wɔde botae akɛse asisi wɔn ani so, nanso wogye wɔn mfomso tom na wɔwɔ akwampa a wɔnam so gyina ano. . . . Nanso, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ no ma mfomso a wobedi no dan wɔn dadwen bere nyinaa. Wɔwɔ gyinapɛn a ɛkorɔn boro so.”
So ɛfa wo ho? Sɛ wo gyinapɛn korɔn boro so a, ebetumi ama w’abam abu ntɛm ara. Ebia wubehu sɛ wompɛ sɛ woyɛ biribi foforo biara. Anaasɛ ebia wubetu nneɛma a ɛho hia a ɛsɛ sɛ woyɛ ahyɛ da esiane sɛ wusuro sɛ wuntumi nyɛ nti. Ebia wobɛte nka mpo sɛ ɛsɛ sɛ wokwati obiara a onnu wo gyinapɛn ho, na eyi bɛma woahwere wo nnamfo nyinaa.
Sɛ nea yɛaka no wɔ soro hɔ no fa wo ho ɔkwan bi so a, susuw nea Bible no ka wɔ Ɔsɛnkafo 7:16 yi ho: “Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so: ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho?” Yiw, nea ɔhwehwɛ pɛyɛ no betumi ‘asɛe’ n’ankasa ho! Nokwasɛm ne sɛ, wɔka sɛ pɛyɛ ntraso de adidi ho haw a ɛde nkwa to asiane mu te sɛ anom a ɛtow ne adidi dodow ba.a
Ɛnde, ebia wubebisa sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atumi agyae mmɔden a mebɔ sɛ mɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ no?’ Nokwarem, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛsesa w’adwene wɔ asɛm yi ho. Nanso ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, ebetumi ayɛ yiye. Ɛnde, momma yɛnhwɛ Nyankopɔn adwene wɔ pɛyɛ ntraso ho.
Pɛyɛ—So Ɛyɛ Botae a Wubetumi Adu Ho?
Nea edi kan no, so wubetumi ayɛ pɛ koraa? Nea Bible ka no kyerɛ sɛ ɛrentumi nyɛ yiye: “Ɔtreneeni biara nni hɔ, obiako po nni hɔ . . . Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw.” (Romafo 3:10-12) Ɛyɛ nsɛm a ɛkanyan adwene, ɛnte saa? Ɛkyerɛ sɛ obiara a ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ koraa no bedi nkogu.
Susuw ɔsomafo Paulo a akyinnye biara nni ho sɛ na ɔyɛ honhom muni a ɔda nsow no nhwɛso ho hwɛ. Nanso Paulo mpo antumi ansom Nyankopɔn a wanni mfomso. Ɔkae sɛ: “Me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me hɔ. Na me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.” (Romafo 7:21-23) Onyankopɔn mmoa nkutoo na ɛmaa Paulo tumi somee sɛ Kristoni nokwafo.
Anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn nhwehwɛ anaasɛ ɔnhwɛ kwan sɛ yɛn mu biara bɛyɛ pɛ koraa. “Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:14) Onyankopɔn wiase foforo no nkutoo mu na nnipa bedu pɛyɛ ho.
Yɛ Nsakrae Wɔ Nneɛma a Wohwɛ Kwan Mu
Ansa na saa bere no bɛba no, nsusuw sɛ wubetumi ayɛ pɛ koraa da. Nokwarem no, hwɛ kwan sɛ wobɛyɛ mfomso bere ne bere mu. (Romafo 3:23) Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ da bi a yenhu yɛn mfomso mpo! Dwom 19:12 ka sɛ: “Obiara nni hɔ a obetumi ahu n’ankasa ne mfomso.” (Today’s English Version) Aberante bi a ne din de Matthew ka no wɔ saa kwan yi so sɛ: “Wonyɛ pɛ—obiara nni Asase yi so a ɔyɛ pɛ. Sɛ wohwɛ sɛ wobɛyɛ wo biribiara pɛpɛɛpɛ a, wunnya anigye da. . . . Ɛnyɛ yiye, entumi mma saa.”
Bere a woahu eyi no, dɛn nti na wonyɛ nsakrae wɔ nneɛma a wohwɛ kwan mu? Sɛ nhwɛso no, so worehaw wo ho sɛ wobɛbɔ mmɔden ayɛ biribi yiye paa? Bible no kyerɛ sɛ wo ho a wobɛhaw no saa kwan no so no betumi ayɛ “ahuhude ne ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnkafo 4:4) Nokwasɛm ne sɛ, nnipa kakraa bi pɛ na wotumi yɛ nneɛma yiye paa. Na sɛ obi tumi yɛ mpo a, ɛnkyɛ na obi foforo abɛyɛ nea ɛsen saa.
Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene.” (Romafo 12:3) Ɛsɛ sɛ wugye nokwasɛm yi tom! Yɛ nsakrae wɔ nea wopɛ sɛ woyɛ mu ma ɛnne nneɛma a wobɔ mu mmɔden ne nea wotɔ mu sin nhyia. Hwehwɛ sɛ wobɛyɛ nneɛma yiye nanso ɛnhwehwɛ pɛyɛ. Fa botae pɔtee a wubetumi adu ho si w’ani so.
Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔnyɛ “odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Timoteo 2:15) Yiw, Paulo hyɛɛ adwuma pa ho nkuran na ɛnyɛ pɛyɛ. Wɔ saa kwan no ara so no, fa botae horow a ɛfata sisi w’anim. Sɛ wunnim nea “ɛfata” a, ɛne w’awofo anaa ɔpanyin foforo bi a wowɔ ne mu ahotoso nsusuw ho.
Ebinom mpo kamfo kyerɛ sɛ hyɛ da sɔ nneɛma a wommɔ ho mmɔden te sɛ agoru foforo bi anaa nnwinnade a wɔde bɔ nnwom hwɛ. Nokwarem, bere a wusua ade foforo yɛ no, wobɛyɛ mfomso pii. Nanso eyi nyɛ nea enye ankasa. Ebia ɛbɛboa wo ma woahu sɛ wuntumi nkwati mfomso bere a woresua ade bi yɛ no.
Biribiara a wopɛ sɛ woyɛ no—sɛ worekyerɛw sukuu dwumadi ho amanneɛbɔ anaasɛ woresua adakabɛn bɔ no—susuw afotu foforo a ɔsomafo Paulo de mae yi ho: “Monnyɛ mmɔdenbɔ mu nyaa.” (Romafo 12:11) Yiw, mma suro a wusuro sɛ wobɛyɛ mfomso no mmma wommmɛyɛ mmɔtohɔ.
Ababaa bi de yɛɛ ne su sɛ obetu ne sukuu dwumadi ahyɛ da a na bere biara n’anoyi ara ne sɛ “ɔreboaboa ne ho.” Ɛwom sɛ ahoboaboa ho hia de, nanso hwɛ yiye na ɛno amma wammɛyɛ mmɔtohɔ. Ababaa yi behui sɛ “ɛyɛ papa sɛ wode sukuu dwumadi a ɛnsɔ ani papa bɛkɔ sen sɛ womfa bi nkɔ koraa.”
Yi Nkogudi Ho Adwene a Ɛmfata Fi W’adwene Mu!
Nokwarem, ɛyɛ den sɛ w’ani begye adwuma a enni mũ paa ho. Ebia nsusuwii katee a ɛmfata bɛkɔ so ahaw w’adwene. Dɛn na wubetumi ayɛ? Nokwasɛm ne sɛ nsusuwii bɔne sɛe ade. Enti bɔ mmɔden kɛse yi nsusuwii a ɛmfata biara fi w’adwene mu. Nya adwene a ɛfata wɔ wo mfomso ho. Anyɛ yiye koraa no, “ɔserew wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:4) Kae nso sɛ Yehowa ani nnye kasafi ho—sɛ yɛka fa yɛn ankasa ho mpo a.—Efesofo 4:31.
Sɛ́ anka wubebu wo ho fɔ daa no, fa Mmebusɛm 11:17 nsɛm yi di dwuma: “Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye, na otirimɔdenfo haw n’ankasa honam.” Enti susuw asɛmmisa yi ho, So me gyinapɛn a ɛkorɔn boro so no ama ayɛ mmerɛw ama me sɛ menya nnamfo anaa? Ebia ɛnte saa. Ebi mpo a woapo nkurɔfo esiane sɛ wɔnyɛ pɛ nti. Ende, dɛn na wubetumi ayɛ?
Fa Bible ahyɛde yi di dwuma: “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho.” (Kolosefo 3:13) Yiw, sɛ woda ntease adi wɔ nea wohwehwɛ fi afoforo hɔ no mu a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wubenya nnamfo!
Ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn nti na nkurɔfo bɛtwe wɔn ho afi me ho esiane sɛ mehwehwɛ pɛyɛ ntraso nti?’ Wo de, susuw nkɛntɛnso a mmɔden a wobɔ ma ɛtra so no benya wɔ afoforo so no ho. Nhoma When Perfect Isn’t Good Enough kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Anwiinwii a wubenwiinwii ma atra so bere biara a woannya A wɔ sɔhwɛ mu no te sɛ nea woredidi wo nnamfo a ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho paa ansa na wɔanya B anaa C no atɛm.” Enti bɔ mmɔden sɛ wubeyi adwene a ɛnteɛ ne ahopɛ afi wo mu. Nkurɔfo ani begye sɛ wɔbɛbɛn wo.
Abeawa Carly bɔ asɛm no mua bere a ɔka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ meka kyerɛ me pɛyɛ ntraso no sɛ ɔntwe ne ho.” Ɔkwan bɛn na wobɛfa so ayɛ saa? Dwennwen sɛnea Nyankopɔn susuw nneɛma ho no ho. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi wo nsusuwii ho dwuma wɔ saa kwan yi so a, ɛne w’awofo anaasɛ Kristoni bi a ne ho akokwaw a ɔwɔ w’asafo mu nsusuw ho. Kɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu na srɛ ne nkyɛn mmoa a ɛbɛma woatumi asesa wo nsusuwii. Mpaebɔ betumi ayɛ adwinnade a tumi wom a wubetumi de ako atia pɛyɛ ntraso.—Dwom 55:22; Filipifo 4:6, 7.
Kae bere nyinaa nso sɛ Yehowa nhwehwɛ pɛyɛ; nokware ara na ɔpɛ sɛ yedi ma no. (1 Korintofo 4:2) Sɛ worebɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nokwafo na wonyɛ pɛ mpo a, w’ani betumi agye sɛnea wote no ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm, “Dɛn Nti na Mete Nka sɛ Ɛsɛ sɛ Meyɛ Biribiara Pɛpɛɛpɛ” wɔ August 8, 2003, Nyan! no mu.
[Mfonini wɔ kratafa 30]
Nkogudi a wubesuro betumi ama w’abam abu
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Nneɛma foforo a wobɛbɔ mmɔden asua yɛ bɛboa wo ma woadi wo mfomso ho dwuma