Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 11/8 kr. 12
  • Fango—So Ɛbɛsa Da Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fango—So Ɛbɛsa Da Bi?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fango—Ɔkwan Bɛn na Yɛfa So Nya?
    Nyan!—2003
  • Fango—Sɛnea Ɛka Wo
    Nyan!—2003
  • Fango—Ɛyɛ Ɔdomfo Kumfo?
    Nyan!—2003
Nyan!—2003
g03 11/8 kr. 12

Fango—So Ɛbɛsa Da Bi?

“Sɛ fango nni hɔ a, adwuma biara ntumi nkɔ so . . . Wɔnyɛ kar, lɔre, keteke, po so ahyɛn anaa wimhyɛn biara . . . Sɛ fango nni hɔ a, yɛn afie mu bɛyɛ nwini na yɛrennya kanea, yɛrentumi nnoa aduan. . . . Sɛ nneɛma a yenya fi fango mu nni hɔ a, anka yɛbɛdan yɛn ani ahwɛ bere a na yɛde abo sɔ gya tete no bio.”—Efi “U.S. Abo ne Fango Mu Nhwehwɛmu a Wɔyɛɛ no 2000 Mu” no mu.

FANGO ho animdefo kyerɛ sɛ fango a yenya no betumi asa daakye. Ebinom bu akontaa sɛ wɔ mfe 63 kosi 95 ntam no, fango a ɛwɔ hɔ nyinaa bɛsa. Ɛnkosi saa bere no, wɔretwetwe anyinam ahoɔden afi nneɛma foforo mu, na wɔde emu bi adi dwuma mfe pii ni. Nneɛma a yenya anyinam ahoɔden fi mu bere nyinaa—anaa nea yetumi nya foforo si ananmu ntɛm—ho nhwɛso na edidi so yi: mfiri a ɛde owia, ahum, po asorɔkye, anyinam ahoɔden ne po nsu a ɛyɛ hyew di dwuma. Nanso saa bere yi mu no, ɔhaw atitiriw a wohyia wɔ ɛho adwumayɛ mu ne sɛnea wɔde kɔ mmeae horow no to ntwae.

Sɛnea wɔhwɛɛ kwan sɛ anka wobegyae nneɛma a wonya anyinam ahoɔden fi mu a entumi nyɛ ne ho foforo akyidi na wɔadan akɔ nea etumi yɛ ne ho foforo so no nyɛ nea wobetumi de ani ato so ankasa. Nnwumakuw a wotu fango no asiesie wɔn ho sɛ wɔde bere kakra a wobu akontaa sɛ aka ama fango ase atu no bedi dwuma nyansam. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔhaw ahorow a fango a wotu de ba asetra ne abɔde mu nneɛma so no bɛkɔ so bere tenten a fango da so wɔ hɔ no. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔhaw ahorow yi mfi fango a wotu ankasa. Ɛyɛ nnipa adifudepɛ ne tumidi ho anibere na ama fango anya dimmɔne no.

Anigyesɛm ne sɛ, fango daakye—ne faako a yenya anyinam ahoɔden afoforo fi nyinaa—nni amanaman no nsam. Awiei koraa no, ɛyɛ asase no Bɔfo ne Sohwɛfo, Yehowa Nyankopɔn, a wahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ, ɔhaw biara a abɔde mu nneɛma ne nnipa hyia esiane adifudepɛ-kwan a nnipa nam so de asase so nneɛma adi dwuma nti no nyinaa befi hɔ. (Adiyisɛm 4:11) Sɛnea Bible ka no, bere a Onyankopɔn de ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no’ abɛn. Onyankopɔn trenee nniso no bɛma yɛanya “ɔsoro foforo ne asase foforo,” wiase a pɛsɛmenkominya ne atɛnkyea nni mu, beae a wɔde asase no mu nneɛma bedi dwuma yiye ma ɛso aba adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa mfaso.—Adiyisɛm 11:18; 21:1-4.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Nneɛma foforo a wotumi nya anyinam ahoɔden fi mu bi ne mfiri a ɛde owia ahoɔden yɛ adwuma ne nea ɛde mframa ahoɔden yɛ adwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena