Sɛnea Wobegye Asase Afi Ɔsɛe Mu
ƐMFA HO sɛ anidaso pa biara nni hɔ mma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no, yɛn pɛ ne sɛ wɔbɛkora asase no so. Anyɛ yiye koraa no, ɛyɛ yɛn fie—na yɛwɔ anidaso sɛ yɛn mma ne yɛn mma mma bɛtra so. So biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de ahyɛ saa akwanhwɛ no mu den?
Nokwasɛm ne sɛ bere a nnipa pii ma beae a yɛte ho asɛm hia wɔn no, dodow no ara nnyae nwura a wɔtow gu fam, sumina a wɔde gu nsu mu, anaa kanea a wogyaw si so bere a wɔmfa nyɛ hwee no. Ebia wubebu saa nneyɛe no adewa, nanso sɛ nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ asase so mu biara hwɛ asase no yiye a, anka ɛbɛma nneɛma asesa koraa. Nneɛma te sɛ anyinam ahoɔden a yɛde di dwuma nyansam, ade a asɛe a wɔsan de yɛ biribi foforo ho nhyehyɛe a yebegye atom, ne nwura a wɔtow gu ɔkwampa so boa ma yɛbɔ yɛn atrae ho ban. Denam yɛn nneyɛe so no yebetumi akyerɛ sɛ yedwen asase no ho mprempren.
Nanso, yɛrentumi nni nnipa dodow no ara a yɛne wɔn te no nneyɛe so. So eyi kyerɛ sɛ tebea no agye nsam koraa?
Ano Aduru a Ɛkyɛn so Abɛn
Thilo Bode a ɔyɛ Greenpeace ahyehyɛde no nanmusifo asɛm bi a wɔafa aka wɔ Time nsɛmma nhoma mu no ka ade titiriw a ɛde nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw no aba ho asɛm sɛ: “Nea ayɛ yɛn botae titiriw ne sɛ ɛsɛ sɛ nnwumakuw susuw ɔkwan a wɔfa so tow wɔn nneɛma a wɔayɛ gu ho. Ɛsɛ sɛ wosusuw nneɛma abiɛsa ho: nneɛma a wɔyɛ, sɛnea wɔde di dwuma ne sɛnea wɔtow gu.” Awerɛhosɛm ne sɛ, yetumi yɛ nneɛma, yenim sɛnea yɛde di dwuma, nanso yɛntow ngu wɔ ɔkwampa so. Mpɛn pii no, nnipa nnim ɔkwan a wɔbɛfa so atow agu a ɔhaw biara mma ho.
Nnipa wɔ sintɔ, nanso asase Bɔfo no nte saa. Wada ne nyansa a ɛkyɛn so adi dedaw wɔ asase so abɔde a yehu ho. Onim sɛnea ɔyɛ nneɛma, de di dwuma, ne sɛnea ɔtow gu wɔ ɔkwampa so. Nhyehyɛe ahorow a wayɛ no mu dodow no ankasa tumi yɛ adwuma wɔ saa kwan no so. Aba fifi, dua no nyin na ɛsow aba. Afei ewu—ma emu nneɛma nyinaa porɔw a ɛnyɛ fĩ biara, na wɔsan de di dwuma bio. Eyi ne ɔkwampa a ɛsen biara a wɔfa so de biribi a asɛe san di dwuma bio! Efĩ a edi awu biara nnim!
Ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw ne sɛ asase no so bɛsɛe adan baabi a wɔtow nwura gu a wontumi ntra so. Yɛkenkan wɔ Bible no mu wɔ Yesaia 45:18 sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] se ni . . . ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.”
Sɛ Onyankopɔn bɔɔ asase sɛ wɔntra so a, dɛn nti na wama kwan ma ɛso tebea asɛe saa? Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔde onipa too paradise mfiase no. Nokwarem no, na Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ asase mũ no nyinaa bɛyɛ Paradise na nnipa ahyɛ so ma. (Genesis 1:28) Nanso, atuatew sɔree. Ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no ampɛ sɛ wɔbɛkɔ so abrɛ wɔn ho ase ahyɛ Onyankopɔn nniso ase.
Onyankopɔn maa nnipa kwan ma wɔsɔɔ wɔn ankasa nniso hwɛe. Nea afi mu aba na yehu no nnɛ yi, nkogudi a ɛyɛ hu. Nnipa ada no adi pefee sɛ wɔrentumi nni wɔn ankasa haw ahorow ho dwuma. Yɛrentumi mfa nea aba no ho asodi nto Onyankopɔn so. Nea Bible no ka fa adesamma abusua nyinaa ho no yɛ nokware: “Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekae nti, wɔnna so nyɛ ne mma, wɔyɛ awo ntoatoaso kɔntɔnkye a wɔakyea.”—Deuteronomium 32:5.
Nanso, Onyankopɔn mmuu n’ani nguu asase a wɔresɛe no no so. Ɔbɛyɛ ade ntɛm ansa na asase no asɛe a wontumi ntra so bio. Yɛyɛ dɛn hu no saa? Adiyisɛm 11:18 kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Amanaman no bo afuw, na w’abufuw bere no adu sɛ wosɛe wɔn a wɔasɛe asase no.’ Wobegyae asase no sɛe.
Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw a ɛne sɛ asase no nyɛ paradise no bɛsan aba mu. Onyankopɔn kaa nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛba saa. Sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ: ‘M’asɛm a efi m’anom rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.’ (Yesaia 55:11) Ebia w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan Yesaia ti 35, faako a Onyankopɔn ka sɛ asase a wɔasɛe no bɛdan beae a ɛyɛ fɛ sɛ turo na asow aba no.
Ɛnnɛ mpo, wɔ mmeae a wɔagyae efĩ yɛ no, asase no atumi reyɛ ne ho foforo ma ɛyɛ nwonwa. Onyankopɔn bɔe sɛ ɛnyɛ adwuma saa kwan no so. Sɛ wogyae efĩ a wɔde hyɛ asase no so ma no a, mmoawammoawa ahorow a wɔwɔ nsu ne dɔte mu no besiesie nneɛma a asɛe no mu dodow no ara. Afei nso, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yegye di sɛ sɛ Onyankopɔn de ne ho gye nneɛma mu a, saa nsiesie yi betu mpɔn paa mpo. Obetumi de ntetee ne akwankyerɛ a ɛyɛ pɛ a nnipa nni seesei no ama.
Ne saa nti, daakye pa bi wɔ hɔ ma asase no. Wɔbɛkora mmoa ne afifide so. Asiane a ɛretɔre mmoadoma ase befi hɔ. Yɛn mframa ne yɛn nsu bɛsan ayɛ papa bio. Nnipa asoɔmmerɛfo bɛkɔ hɔ akonya nneɛma a ɛte saa. So wobɛpɛ sɛ wuhu ɛno? Wubetumi. Ɔkwan bɛn so? Bible no ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Dɛn nti na w’ankasa wonhwehwɛ Bible no mu nkakrankakra nhu nea ɛsɛ sɛ woyɛ? Bisa wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi ma wɔmma wo obi a obetumi aboa wo ma woafi ase. Dɛn nti na wopɛ sɛ hokwan a wode besua sɛnea wo ne w’abusua betumi anya atrae a ɛhɔ yɛ anigye daa no pa wo ti so?