So Towtua Ho Anigye a Wonni Reyɛ Kɛse?
“Sɛ mibiri me mogya ani pɛ sika a, na wɔahwim afi me nsam.”—Babilonfo bɛ, bɛyɛ 2300 A.Y.B.
“Wɔ wiase yi mu no, owu ne towtua nkutoo na wontumi nkwati.”—U.S. ɔmanyɛfo Benjamin Franklin, 1789.
REUBEN yɛ adwuma sɛ ɔdetɔnfo. Afe biara, ɔde n’akatua mu bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako na etua tow. Ɔka sɛ: “Minnim nea wɔde sika yi nyinaa yɛ. Esiane sɛ aban atew sika a ɔde boa nnwuma so nnɛ nti, yɛrehyia ahokyere sen bere biara a atwam.”
Nanso, sɛ ebia yɛpɛ anaa yɛmpɛ no, towtua ka yɛn asetra ho. Nhoma kyerɛwfo Charles Adams ka sɛ: “Aban horow afa akwan pii so agye tow fi bere a anibue fii ase.” Mpɛn pii na tow a wogyigye de abufuw aba, na ɛtɔ mmere bi mpo a wɔtew so atua. Tete Britaniafo ne Romafo no dii ako na wɔkae sɛ: “Eye sɛ wobekum yɛn sen sɛ wɔde tow bɛhyɛ yɛn so!” Wɔ France no, pɛ a na wɔmpɛ nkyene ho tow a na wotua no ka ho bi na France Ɔman Anidan no bae ma wotwitwaa towgyefo no ti no. Na tow ho atuatew ka ho bi na U.S. ko tiaa England de peree ahofadi no.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ towtua ho abufuw akɔ so abesi nnɛ. Animdefo ka sɛ mpɛn pii no, tow ho nhyehyɛe a ɛwɔ aman a wonnyaa nkɔso mu no “nni mu” na “ɛyɛ nsisi.” Sɛnea nhwehwɛmufo bi kyerɛ no, wɔ Afrika man bi a edi hia mu no, “wotua tow ahorow bɛboro 300, nanso ɛmfa ho adwumaden a ɛho adwumayɛfo no yɛ no, wontumi nhwɛ so yiye. Wonni nhyehyeɛ pa a wɔnam so gyigye tow ne ɔkwampa a wɔbɛfa so ahwɛ so de adi dwuma, . . . ma enti wɔmfa nni dwuma ɔkwampa so.” BBC Amanneɛbɔ de too gua sɛ, wɔ Asia man biako mu no, “atumfoɔ no twaa tow pii . . . a na mmara mma kwan—efi tow a wogye wɔ nkwadu a wodua so kosi mprako a wokum wɔn so—a na wotumi de sika no gu ɔman foto mu anaa wɔde hyɛ wɔn ho.”
Nsonsonoe a ɛda asikafo ne ahiafo ntam no nso kanyan abufuw. UN nhoma Africa Recovery ka sɛ: “Ade biako a ɛde nsonsonoe ba aman a wɔanya nkɔso ne aman a wonnyaa nkɔso sikasɛm mu ne sɛ, bere a aman a wɔanya nkɔso tew kuayɛ ho nneɛma bo so ma akuafo no, aman a wonnyaa nkɔso no gye akuafo tow. . . . Nhwehwɛmu bi a Wiase Nyinaa Sikakorabea no yɛe kyerɛ sɛ nneɛma bo a wɔtew so ma akuafo wɔ US no nkutoo ma aman a ɛwɔ Afrika Atɔe fam a wɔde asaawa kɔ amannɔne kɔtɔn no bɔ ka dɔla ɔpepem 250 afe biara.” Eyi betumi ama akuafo a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso mu no bo afuw bere a aban tew tow ahorow fi wɔn akatua a ɛnso hwee mu no. Okuafo bi a ɔwɔ Asia man biako mu ka sɛ: “Bere biara a [aban mpanyimfo] bɛba beae a yɛte no, na yenim sɛ wɔrebɛka sikasɛm.”
Nnansa yi ara wɔ South Africa no, ɔmanfo bo fuwii bere a aban no twaa nsase ho tow maa akuafo no. Akuafo no yɛe sɛ wɔde asɛm no bɛkɔ asɛnnibea. Akuafo no kasamafo no kae sɛ tow no “bɛma akuafo no abɔ ka, na ɛremma apaafo pii nnya adwuma nyɛ.” Ɛnnɛ mpo, ɛtɔ mmere bi a, towtua ho abufuw tumi kowie basabasayɛ mu. BBC bɔɔ amanneɛ sɛ: “Afe a etwaam no, wokum [Asia] akuafo baanu bere a polisifo kɔto hyɛɛ akuraa bi a na emu akuafo rekasa tia tow pii a wotua so no.”
Nanso ɛnyɛ ahiafo nkutoo na towtua yɛ wɔn yaw. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ South Africa daa no adi sɛ adefo pii “mpɛ sɛ wotua tow foforo—sɛ tow foforo a wobetua no bɛma aban atumi ayɛ nnwuma bi a ɛso bɛba wɔn mfaso ama wɔn mpo a.” Wɔtaa ka nnipa a wɔagye din wɔ dwonto, sini, agumadi ne amammuisɛm mu ho asɛm wɔ atesɛm krataa mu esiane tow a wontua nti. The Decline (and Fall?) of the Income Tax nhoma no ka sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ, aban mpanyimfo ne amampanyin nso nyɛ nhwɛso pa koraa a ebetumi ahyɛ ɔmamfo nkuran ma wɔadi towtua ho mmara so.”
Ebia wo nso wote nka sɛ wutua tow dodo, na ɛyɛ nsisi ne nhyɛso. Ɛnde, ɛsɛ sɛ wubu towtua dɛn? So towtua di atirimpɔw bi ho dwuma ankasa? Dɛn nti na mpɛn pii no towtua ho nhyehyɛe yɛ hwanyann na ntease nnim saa? Nsɛm a edi hɔ no bɛhwehwɛ nsɛmmisa yi mu.
[Mfonini wɔ kratafa 4]
Wɔ aman a ennyaa nkɔso mu no, ahiafo na ebia wotua tow mu fã kɛse
[Asɛm Fibea]
Godo-Foto