Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g04 1/8 kr. 3
  • Nkurɔfo a Wɔwɔ Adwenemhaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkurɔfo a Wɔwɔ Adwenemhaw
  • Nyan!—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkate Mu Yare Ano a Wogyina
    Nyan!—2004
  • Anidaso a Ɛwɔ hɔ ma Wɔn a Wɔanya Adwenemhaw
    Nyan!—2004
  • Nea Ɛma Yehu sɛ Obi Anya Adwenemhaw
    Nyan!—2001
  • Mperewawoɔ
    Nyan!—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2004
g04 1/8 kr. 3

Nkurɔfo a Wɔwɔ Adwenemhaw

EFI bere a Nicole dii mfirihyia 14 no, na otumi tra hɔ dinn a ɔnkasa obiara ho. Nanso bere a odii mfirihyia 16 no, onyaa nkate foforo bi—ɔtee nka sɛ wanya anigye ne ahoɔden soronko bi. Na otumi dwennwen nneɛma pii ho, kasa basabasa. Ne nnamfonom a na osusuw sɛ wosisi no no ho adwennwen bɛkaa nna a na ontumi nna no ho. Afei na Nicole kyerɛ sɛ obetumi akasa agu biribi so ma dekode no su asakra ayɛ sɛnea ɔpɛ. Eduu saa bere yi na Nicole maame hui sɛ Nicole hia ayaresa, enti ɔde no kɔɔ ayaresabea. Bere a nnuruyɛfo no yɛɛ Nicole tebea a na ɛtaa sakrasakra no mu nhwehwɛmu wiei no, wohuu nea ɛhaw no: Na Nicole anya adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so.a

Te sɛ Nicole no, nnipa ɔpepem pii na wɔwɔ wiase nyinaa a wɔwɔ nkate mu yare—sɛ ebia ɛyɛ adwenemyare a ɛma obi yɛ ade tra so anaa adwenemhaw foforo bi. Saa nyarewa yi tumi sɛe nneɛma pii. Obi a onyaa saa yare yi bi a wɔfrɛ no Steven ka sɛ: “Me ho yeraw me mfe pii. Ɛtɔ da a na mayɛ dinn, na bere foforo nso na manya anigye mmoroso. Yare no ho afotu a wɔde maa me, ne nnuru a mefae no boaa me, nanso na egye animia.”

Dɛn na ɛde nkate mu yare ba? Sɛ obi nya adwenemhaw anaa adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so a, ɛte dɛn? Ɔkwan bɛn so na wɔn a wonya yare no ne wɔn a wɔhwɛ wɔn no betumi anya mmoa a wohia no?

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛsrɛ sɛ hyɛ no nsow sɛ saa sɛnkyerɛnne yi betumi akyerɛ sɛ obi adwenem ayɛ no basaa, anaa wanom nnubɔne, anaasɛ ebia ɛyɛ mmofra nyin mu nsakrae ara kwa. Gye sɛ oduruyɛfo a ɔfata ayɛ yare no mu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri ansa na wɔatumi ahu yare ko no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena