Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g04 10/8 kr. 5-7
  • Agya a Mmofra Hia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agya a Mmofra Hia
  • Nyan!—2004
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobetumi Ayɛ Abusua Asetra Yiye
  • Sɛnea Wobetumi Anya Mmoa
  • Odii Nea Ɔka So
  • Keteke Adwuma Mu Panyin No Gyinaesi
  • Agyanom Hia Mmoa
  • Agyanom a Wonhu Wɔn—Ɔhaw a Ɛreyɛ Kɛse
    Nyan!—2004
  • Sɛnea Wubetumi Ayɛ Agya Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Abusua Sohwɛ Ho Asɛyɛde a Wodi Ho Dwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Mmusua Akɛse A Wɔayɛ Biako Wɔ Onyankopɔn Som Adwuma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2004
g04 10/8 kr. 5-7

Agya a Mmofra Hia

MMOFRA hia agya a ɔdɔ wɔn, agya a ɔwɔ wɔn ho adagyew a ɔboa wɔn kwan biara so ma wonyin bɛyɛ mpanyin pa. Nnipa pii abu wɔn ani agu saa nokwasɛm yi so.

Ɛyɛ nokware sɛ ɛnanom na wɔwo mma, na ɛho hia paa sɛ ɛnanom tumi hwɛ wɔn mma yiye. Nanso bere a The Wilson Quarterly nsɛmma nhoma reka sɛ agyanom nso wɔ asɛde a ɛho hia no, ɛka sɛ, “Agyanom a wɔnyɛ wɔn asɛde a wɔredɔɔso no ne ade titiriw a ɛde nsɛnnennen pii reba Amerikafo ne wiase nnipa a aka nyinaa so.”

Brazil atesɛm krataa Jornal da Tarde bɔ amanneɛ sɛ, subammɔne a mmabun dodow no ara da no adi—anuɔdensɛm, aniammɔho, wɔn ti a awu wɔ sukuu ne biribiara a ɛmfa wɔn ho no—“taa fi agyanom a wonhu wɔn.” Italia nhoma Gli imperfetti genitori (Awofo a Wɔnyɛ Pɛ) a Marcello Bernardi kyerɛwee no si so dua sɛ, ne yiye mu ne sɛ mmofra benya awofo baanu no mmoa na wɔanyin abɔ bra pa.

Wobetumi Ayɛ Abusua Asetra Yiye

Sɛ mpo agya a wato ne mma asaworam na ɛde ɔhaw ahorow aba abusua no mu a, wobetumi asiesie abusua no tebea no ma ayɛ yiye. Ɔkwan bɛn so? Dɛn na ehia sɛ agya no yɛ?

Ɛda adi sɛ mmofra hia nhyehyɛe pa wɔ abusua no mu, ne sɛ wobehu sɛ obi a ɔdwene wɔn ho wɔ hɔ a ɔhwɛ ma nneɛma kɔ so. Sɛ amma no saa a, ɛma mmofra abrabɔ yɛ basaa, sɛnea ɛtaa si nnɛ no. Nanso, sɛ́ agya wɔ hɔ anaa onni hɔ no, anidaso nsae koraa. Bible ka wɔ Dwom 68:5 sɛ: “Nyisaa se ne Nyankopɔn, ne trabea kronkron mu.”a

Sɛnea Wobetumi Anya Mmoa

Nea ɛma yehu sɛ Onyankopɔn mmoa ho hia ansa na obi atumi adi nneɛma ho dwuma yiye no ne tebea a Lidia, ababaa a ofi Poland a yɛaka ne ho asɛm no kyerɛkyerɛɛ mu no. Na wɔn abusua no asetra te sɛn? Onyankopɔn boaa wɔn abusua no sɛn?

Sɛnea Lidia kae no, ne papa Franciszek gye tom sɛ obuu n’ani guu n’abusua so bere a na ne mma susua no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na nea yɛn mma no yɛ biara ho nhia me. Mankyerɛ sɛ mepɛ wɔn asɛm na na ayɔnkofa biara nni yɛn ntam.” Enti na onnim sɛ bere a Lidia dii mfe 14 no, na ɔtaa ne ne nuanom nkumaa ne wɔn nnamfonom a wɔn bra nyɛ kohyia nom nsa ne sigaret, ko ntɔkwaw.

Awiei no, Franciszek behuu ɔhaw a na ne mma no rekɔ mu no, na ne ho dwiriw no ara ma ɔyɛɛ ho biribi. Ɔka sɛ: “Mebɔɔ Nyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me.” Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, ankyɛ na Yehowa Adansefo bɛsraa no wɔ fie, na ɔne ne yere penee so ne wɔn suaa Bible. Afei awofo yi fii ase dii Bible nkyerɛkyerɛ no so. Eyi kaa wɔn mma no sɛn?

Franciszek kyerɛ mu sɛ: “Mmofra no hui sɛ magyae nsanom na afei mereyɛ agya asɛde. Na wɔpɛ sɛ wohu Yehowa Adansefo yiye enti wɔn nso fii ase suaa Bible no na wogyaee wɔn fekubɔne no.” Ne babarima Rafał ka ne papa ho asɛm sɛ: “Ɔbɛyɛɛ m’adamfo a mepɛ n’asɛm.” Ɔtoa so sɛ: “Mpofirim no, akobɔfo a na me ne wɔn bɔ no ho anhia me bio. Na yɛn abusua no rebɔ ɔsom ho mmɔden a yenni adagyew koraa.”

Seesei Franciszek yɛ Kristoni panyin wɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu na n’ani da so ara kũ n’abusua no ho a wɔn mu biara nkɔso wɔ ɔsom mu ho hia no. Ne yere ne Lidia yɛ akwampaefo a wɔde bere dodow ka asɛmpa no. Rafał ne ne nuabaa kumaa Sylwia nso fi koma nyinaa mu sua Bible, ma mmuae wɔ Kristofo nhyiam ase, na wɔka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo.

Odii Nea Ɔka So

Afei susuw nea ɛtoo Macarena papa Luis nso ho hwɛ. Wobɛkae sɛ ɔne ababaa a wadi mfe 21 a ɔwɔ Spain a yɛfaa n’asɛm kae mfitiase no. Na Luis resuasua ɔno ara ne papa a na ɔyɛ ɔsabofo no. Sɛnea Macarena kae no, na Luis tumi fi fie kɔka ne nnamfonom ho nna dodow bi ansa na wasan aba. Nea ɛka ho ne sɛ, na ɔde ne yere ayɛ sɛ afenaa bi, ɔnyɛ no sɛ ɔhokafo a ɔsom bo. Anka wɔn aware no reyɛ agu, na na ɛhaw Macarena ne ne nuanom nkumaa no kɛse.

Nanso akyiri yi Luis penee so sɛ ɔne Yehowa Adansefo besua Bible no. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Mifii ase nyaa me yere ne me mma ho adagyew. Yɛboom dii nkɔmmɔ, didii, suaa Bible no. Ná yɛbom yɛ ofie nnwuma di agoru nso.” Macarena se: “Afei mihuu sɛ mewɔ agya a ɔdwene n’abusua ho a n’ani kũ yɛn ho paa.”

Nea ehia ne sɛ, ɛnyɛ Luis abusua no nko na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsom Onyankopɔn, na mmom n’ankasa dii nea ɔkyerɛkyerɛe no so. Macarena kyerɛ mu sɛ: “Ogyaee adwuma bi a na etu mpɔn esiane sɛ na egye ne bere dodow na ɔpɛ sɛ onya adagyew de hwɛ n’abusua nti.” Nea efii mu bae no yɛ nwonwa. Macarena toa so sɛ: “Ne nhwɛso no ama mahu sɛnea mɛma m’ani ada hɔ na mama Onyankopɔn som ahia me kɛse.” Yɛrekasa yi, ɔyɛ ɔkwampaefo anaa bere nyinaa somfo na ne maame ne ne nuanom nkumaa no nso bɔ mmɔden wɔ Kristofo asafo no mu.

Keteke Adwuma Mu Panyin No Gyinaesi

Ɛda adi sɛ agya a mmofra hia ne nea odwene ne mma yiyedi ho ansa na wasi gyinae. Na Takeshi Tamura a ɔyɛ Japan adwuma mu panyin a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ba aberante bi afi ase ne mmofrabɔne rebɔ ma ɔhwɛ a, na ɛde ɔhaw na ɛbɛba. Ɛno sii 1986, na saa afe no ara mu na Takeshi sii gyinae de ne dibea kɛse a na ɔwɔ wɔ Japan Ɔman Keteke Adwuma mu no too hɔ. Mfe 18 atwam, na Takeshi susuw ne gyinaesi no ho sɛn?

Ɔkae nnansa yi sɛ: “Migye di sɛ ɛno ne gyinae a masi a ɛkyɛn biara. Bere pii a minya ne me ba no bɔe, ne no boom yɛɛ ade, ne no suaa Bible no aboa no yiye. Yɛbɛyɛɛ nnamfo na ogyaee fekubɔne ne brabɔne no.”

Mfe kakraa bi ansa na eyi resi no, na Takeshi yere abɛyɛ Yehowa Dansefo, na n’abrabɔ pa no na ɛkaa ne kunu maa ɔhwehwɛɛ Bible no mu a n’ani kũũ abusua no ho no. Akyiri yi ɔne ne babarima ne ne babaa nyinaa bɛyɛɛ Adansefo. Ɛnnɛ Takeshi ne ne babarima no som sɛ mpanyimfo wɔ asafo a wɔn mu biara wom no mu, na ne yere ne ne babaa no nso yɛ akwampaefo.

Agyanom Hia Mmoa

Ɛmfa ho sɛ agyanom pii ahu sɛ wobu wɔn ani gu wɔn mma so no, wonhu nea wɔnyɛ mma mmofra no. Spain atesɛm krataa La Vanguardia de asɛmti yi bae sɛ: “Awofo a Wɔwɔ Spain 100 Nkyem 42 Gye Tom Sɛ Wonhu Sɛnea Wɔbɛtete Wɔn Mmabun.” Agyanom a wɔn mma susua nso hia mmoa saa ara. Nea ɛne nnipa pii adwene nhyia no, saa mmofra nkumaa yi nso hia agya a ɔdɔ wɔn na ɔwɔ wɔn ho adagyew.

Dɛn bio na yebetumi asua afa agya pa a obi bɛyɛ ho? Henanom na wɔyɛ nhwɛso pa ma agyanom, na dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a etwa to no mu.—g04 8/22.

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛsrɛ sɛ hwɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a Yehowa Adansefo atintim no, ti a ɛka sɛ “Ɔwofo-Biako Mmusua Betumi Adi Nkonim!” no mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Agyanom a wotumi yɛɛ wɔn mma ahiade maa wɔn

Franciszek ne n’abusua

Luis ne n’abusua

Takeshi ne n’abusua

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena