Nea Awofo Ka
Sɛ woyɛ ɔwofo a wo ba nnya mfii sukuu ase a, wubetumi ahyia nsɛnnennen. Sɛ nhwɛso no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wudi ne sũ ne ne nteɛteɛm no ho dwuma? Wobɛyɛ dɛn akyerɛ wo ba nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ, na wode nteɛso a ɛfata ama no? Hwɛ sɛnea awofo binom atumi adi nsɛm yi ho dwuma.
MMOFRA SŨ NE NTEƐTEƐM
“Edu ‘osũ ne nteɛteɛm’ bere yi a, abofra hwɛ kwan sɛ ne nsa bɛka nea ɔhwehwɛ biara. Ná yɛn babarima wɔ saa ɔhaw yi. Sɛ ne nsa anka nea ɔrehwehwɛ a, ɔsesaw nneɛma totow. Ná yɛn ba a odi kan ni, enti na yenni osũ ne nteɛteɛm no ho osuahu biara. Ka a nkurɔfo ka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ su a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan no ammoa yɛn.”—Susan, Kenya.
“Bere a yɛn babea no dii mfe abien no, na ɔda fam, teɛteɛm, sũ, na ɔde ne nan bobɔ ade . . . Ná ɛyɛ ahometew paa! Mmɔden a yɛbɔe sɛ yɛbɛkasa akyerɛ no saa bere no antentam. Enti sɛ ɛba saa a, me ne me kunu de no kɔ ne dan mu na yɛaka akyerɛ no bɔkɔɔ sɛ sɛ osũ wie na ne ho tɔ no a, obetumi apue aba ma yɛne no asusuw asɛm no ho. Afei sɛ ne bo dwo a, yɛn mu biako kɔ ne dan mu na yɛkyerɛ no nea enti a suban a oyii no adi no nteɛ. Saa kwan a yɛfaa so yi boae paa. Bere bi mpo de, yɛtee sɛ ɔrebɔ mpae asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. Bere rekɔ so no, ne sũ ne nteɛteɛm no so tewee, na ogyaee koraa.”—Yolanda, Spain.
“Mmofra sũ teɛteɛm de hwɛ sɛ wɔbɛma wɔn kwan ma wɔayɛ nea wɔpɛ biara anaa. Sɛ woma abofra kwan ma ɔyɛ ade a wɔabara no no a, ɛma n’adwenem yɛ no nãã. Yehui sɛ sɛ yɛde yɛn nan si fam bere nyinaa a, nkakrankakra no, yɛn mma no behu sɛ sɛ wɔpɛ biribi a, ɛnyɛ osũ ne nteɛteɛm na ɛbɛma wɔn nsa aka.”—Neil, Britain.
NTEƐSO
“Sɛ abofra nnya nnii mfe anum a, ɛyɛ den sɛ wubehu sɛnea otie asɛm yiye fa. Nea ɛbɛboa ne sɛ wubetĩ nsɛm mu. Ɛsɛ sɛ wotaa tĩ nsɛm mu mpɛn pii na wode wo nipadua ne wo nne si nsɛm so dua.”—Serge, France.
“Ɛwom sɛ yɛtetee yɛn mma baanan no wɔ faako de, nanso ɛsono sɛnea wɔn mu biara te. Wɔn mu biako de, sɛ ɔyɛ ade na ohu sɛ yɛn ani nnye ho a, osũ; ɔfoforo nso bɛkɔ so ayɛ biribi ahwɛ sɛ yɛbɛka ho asɛm anaa. Yɛn aniwa a yɛbɛkyea ahwɛ wɔn anaa asɛm biako a yɛbɛka no bɛma wɔagyae nea wɔreyɛ, nanso wɔ tebea foforo mu no, gye sɛ yɛde asotwe pɔtee bi ma wɔn ansa.”—Nathan, Canada.
“Ade a ɛho hia paa ne sɛ yɛde yɛn nan besi fam bere nyinaa. Nanso bere koro no ara mu no, ɛnsɛ sɛ ɔwofo yɛ katee. Ɛtɔ mmere bi na abofra anu ne ho ankasa wɔ mfomso bi a wadi mu a, yesusuw sɛ nea eye paa ne sɛ yɛbɛda ntease adi na yɛatew n’asotwe no so.”—Matthieu, France.
“Mebɔ mmɔden sɛ merenhyehyɛ mmara pii, nanso nea mahyɛ no de, mensesa. Me babarima a wadi mfe abiɛsa no nim sɛ sɛ ɔyɛ asoɔden a obenya asotwe, enti ɔhwɛ ne ho yiye. Nokwarem no, sɛ mete nka sɛ mabrɛ a, ɛnyɛ den koraa sɛ mebu m’ani agu ne nneyɛe bɔne so. Nanso nea ɛbɛyɛ na mede me nan asi fam no, mebɔ mmɔden sɛ mɛhwɛ ma wayɛ nea ɛteɛ. Nea ehia ara ne sɛ mede me nan besi fam!”—Natalie, Canada.
FA WO NAN SI FAM
“Ɛte sɛ nea mmofra nkumaa wɔ afiri a wɔde kyere nneɛma gu wɔn tirim a sɛ ɔwofo amfa ne nan ansi fam a, na wɔde ato wɔn tirim.”—Milton, Bolivia.
“Ɛtɔ da bi a, me babarima fa kwan horow so bisa asɛnkoro no ara de hwɛ sɛ yɛbɛma no mmuae koro no anaa. Anaa sɛ meka biribi na ne maame nso ka asɛm foforo a, ohu sɛ ɛyɛ ɔkwan a ɔbɛfa so abu mmara so.”—Ángel, Spain.
“Ɛtɔ da bi na mewɔ anigye mu na me babarima no yɛ adebɔne a, mibu m’ani gu so, nanso sɛ ɔyɛ adebɔne bere a me bo afuw a, metwe n’aso denneennen. Mihui sɛ, saa a meyɛ no sɛe asɛm no koraa.”—Gyeong-ok, Korea.
“Ɛho hia paa sɛ yɛma mmofra nkumaa te ase sɛ, sɛ wɔda suban bi adi nnɛ na enye a, da biara a wɔbɛda saa suban no adi no, enye.”—Antonio, Brazil.
“Sɛ awofo anyɛ pintinn a, abofra besusuw sɛ Paapa ne Maame nsi pi, na sɛnea wɔte nka no na wogyina so si gyinae. Nanso sɛ awofo si pi a, mmofra no behu sɛ ade a enye no, na enye. Eyi ne ɔkwan biako a awofo nam so ma wɔn mma nya ahobammɔ na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn.”—Gilmar, Brazil.
“Sɛ mmofra hu tebea bi a awofo betumi agyae nneɛma mu ama wɔn—te sɛ bere a wɔanya ahɔho—a, wotumi de hokwan no di dwuma. Sɛ biribi ni na mempene so a, mfiase no ara na mama me babarima no ahu, na mema ɔte ase nso sɛ ɛmfa ho kyɛw biara a ɔbɛpa me no, nea maka ara na maka.”—Chang-seok, Korea.
“Ɛsɛ sɛ awofo baanu no yɛ biako wɔ asɛm biara ho. Sɛ me ne me yere adwene nhyia wɔ biribi ho a, yesusuw ho wɔ kokoam. Sɛ awofo adwene nhyia wɔ biribi ho a, mmofra tumi hu na wɔfa so de yɛ nea wɔpɛ.”—Jesús, Spain.
“Sɛ abofra nim sɛ n’awofo yɛ biako na ɔrentumi nnaadaa wɔn mu biara a, ɛyɛ ahobammɔ ma no. Ɔyɛ osetie a, onim nea ebefi mu aba, sɛ wanyɛ nso a, onim.”—Damaris, Germany.
“Wɔ me ne me yere fam no, yɛn nan a yɛde si fam no nso kyerɛ sɛ sɛ yɛhyɛ yɛn babea no bɔ sɛ yɛbɛyɛ biribi ama no a, yedi so. Saa kwan yi so no, osua sɛ obetumi de ne ho ato yɛn bɔhyɛ ahorow so.”—Hendrick, Germany.
“Sɛ m’adwumawura sesa m’adwuma bere biara a ɔpɛ a, ɛbɛhyɛ me abufuw. Saa ara nso na mmofra te. Sɛ wonim mmara ahorow na wonim nso sɛ ɛrensesa a, ɛma wonya ahotoso. Ɛsɛ sɛ wohu asotwe a sɛ wɔyɛ asoɔden a wobenya, na wohu nso sɛ saa asotwe no rensesa”—Glenn, Canada.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
“Momma mo Yiw nyɛ Yiw, na mo Dabi nyɛ Dabi.”—Yakobo 5:12
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]
ABUSUA MU NSƐM
Nyinsɛn a Wɔnhwɛ Kwan—Sɛnea Yesiesiee Yɛn Adwene
Sɛnea Tom ne Yoonhee Han ka kyerɛe
Tom: Yɛn aware akyi asram asia pɛ na me yere Yoonhee, hui sɛ ɔnyem. Esiane sɛ na mepɛ sɛ Yoonhee nya me mu ahotoso sɛ metumi akyekye ne werɛ nti, meyɛɛ din. Nanso na me koma atu!
Yoonhee: Na mahaw—ma ehu aka me! Misui pii; metee nka sɛ menyɛɛ ahoboa sɛ mɛyɛ ɔwofo.
Tom: Me nso, na minsiesiee me ho sɛ mɛyɛ agya! Nanso bere a yɛne awofo afoforo bɔɔ ho nkɔmmɔ no, yebehui sɛ nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan yɛ ade a esi daa. Afei nso, yɛtee anigye a sɛ obi bɛyɛ agya anaa ɛna a, ɛma onya no ho asɛm. Nkakrankakra, yɛn ba no akwanhwɛ no besii ehu ne basaa a na yɛayɛ no ananmu.
Yoonhee: Amanda awo akyi no, nsɛnnennen afoforo koraa sɔree. Na osũ paa, enti mantumi anna adapɛn pii. Ná aduan nyɛ me akɔnnɔ, na ɛma meyɛɛ mmerɛw paa. Mfiase no, na mempɛ sɛ mebɛn nnipa. Nanso, mihui sɛ twe a mɛtwe me ho afi afoforo ho na mahyɛ fie no remmoa. Ne saa nti, me ne mmea a na wɔawo foforo no bɔe. Ɛno boaa me ma mede nea minim no ‘totoo wɔn de ho,’ na ɛboaa me ma mihui sɛ ɛnyɛ me nko na mewɔ ɔhaw.
Tom: Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛma yɛn abusua nhyehyɛe agyina. Sɛ nhwɛso no, me ne Yoonhee, sɛ Yehowa Adansefo no, sii yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam ne asɛnka daa. Bio nso, abawo ne sikasɛm na ɛnam, na ɛtɔ da mpo a, wobɔ ka a wonhwɛ kwan. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛrenni mmoro nea yɛwɔ so na ɛka ammɛda yɛn so, efisɛ na ɛno bɛma yɛahaw pii.
Yoonhee: Mfiase no na misusuw sɛ merentumi mfa abofra no nkɔ asɛnka efisɛ mmofra haw adwene. Nanso nokwarem no, nkurɔfo ani gye mmofra ho. Eyi a mihui no ma mekɔɔ so de me ho hyɛɛ asɛnka mu na ɛma minyaa me ba no ho adwempa.
Tom: Bible ka sɛ mma yɛ “agyapade a efi Yehowa hɔ” ne “akatua.” (Dwom 127:3) Me fam no, saa nsɛm no kyerɛ sɛ abofra yɛ akyɛde a ɛsom bo. Sɛnea ɛte wɔ akyɛde biara ho no, ɛsɛ sɛ wusi ho gyinae: Wubetumi de adi dwuma nyansam anaa woasɛe no. Mahu sɛ ɔfã biara a abofra bedu wɔ ne nyin mu no yɛ soronko, enti efi ne mmofraase kosi bere a obenyin no, ɛnsɛ sɛ migyaw no ma obiara, efisɛ saa hokwan yi twam a, ɛrensan mma bio.
Yoonhee: Ɛtɔ mmere bi a, nsɛm a yɛnhwɛ kwan tumi sisi yɛn akwan mu, nanso sɛ wonhwɛ nyinsɛn kwan na ɛba a, ɛnyɛ asɛmmɔne. Seesei, Amanda adi mfe asia, na wayɛ sɛ me poma a menkɔ nnyaw no.—g11-E 10.
[Mfonini]
Tom ne Yoonhee ne wɔn babea, Amanda