Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 1/12 kr. 16-20
  • Mmabunbere—Sɛnea Wosiesie Wɔn ho ma Mpanyinbere

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmabunbere—Sɛnea Wosiesie Wɔn ho ma Mpanyinbere
  • Nyan!—2012
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Efi Mmofraase Kosi Bere a Wobenyin
  • “Nsakrae” Foforo a Wubegyina Ano
  • W’abofra Adwenem Yɛ No Naa Wɔ Wo Gyidi Ho a, Wobɛyɛ Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Mmabun a Yɛne Wɔn Bɛbɔ Nkɔmmɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Sɛnea Yɛbɛtete Mmabun ma Wɔabɛyɛ Mpanyimfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Babunbere mu Anigye ne Nsɛnnennen
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 1/12 kr. 16-20

Mmabunbere—Sɛnea Wosiesie Wɔn ho ma Mpanyinbere

FA NO sɛ woatu kwan afi supɔw bi a ɛhɔ wim tebea yɛ hyew so kɔ baabi a ɛhɔ wim tebea yɛ nwini paa mu. Wusi fii wimhyɛn no mu pɛ na mframa a ano yɛ nwini hyiaa wo. So wubetumi agyina saa wim tebea no ano? Ebia wobɛka sɛ yiw, nanso ɛho behia sɛ woyɛ nsakrae ahorow bi ansa.

Tebea a ɛte saa ara na wuhyia bere a wo mma adu wɔn mmabunbere so no. Prɛko pɛ, ɛyɛ te sɛ nea wim asakra no. Abarimaa a bere bi na ɔhyɛ wo mmɔtoam no, afei de ne nnamfo na ɔpɛ sɛ ɔne wɔn bɔ. Abeawa a bere bi na ne ho pere no sɛ ɔbɛka nea ɛkɔɔ so wɔ da no mu akyerɛ wo no, afei de wubisa no asɛm a na wama wo mmuae tiawa.

Wubisa no sɛ: “Nneɛma kɔɔ so dɛn wɔ sukuu mu?”

Obua sɛ, “Eye.”

Afei ɔnkasa bio.

Wubisa no sɛ: “Dɛn na woresusuw ho?”

Obua sɛ: “Ɛnyɛ biribiara.”

Afei ɔnkasa koraa.

Dɛn na asi? Breaking the Code nhoma no ka sɛ: Mmere kakra a atwam no, “na ɛte sɛ nea wo mma tumi ka nea esi wɔ wɔn asetenam nyinaa kyerɛ wo. Nanso seesei de, nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ wobɛyɛ komm ahwɛ nea ɛrekɔ so te sɛ bɛhwɛadeni bi wɔ agoruhwɛbea.”

So ɛsɛ sɛ wotwe wo ho pɛ wo baabi tena? Dabi, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. Wubetumi abɛn wo mma no bere a wɔrenyin no. Nanso nea edi kan no, ɛho hia sɛ wuhu nea ɛrekɔ so wɔ wɔn asetenam bere a ɛyɛ anigye na bere koro no ara ɛtɔ da bi a, ɛyɛ den ma wɔn yi mu.

Efi Mmofraase Kosi Bere a Wobenyin

Bere bi a atwam no, na nhwehwɛmufo susuw sɛ abofra bedu mfe anum no, na n’amemene anyin awie. Seesei wogye di sɛ mfe anum akyi no, amemene no tumi yɛ kɛse kakra de, nanso sɛnea ɛyɛ adwuma no de, ɛnsakra. Sɛ mmofra du wɔn mmabunbere so a, nsakrae kɔ so wɔ wɔn nipadua mu ma etumi sesa sɛnea wodwen nneɛma ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ mmofra nnyinii a, wɔfa biribiara sɛnea wohu no, nanso mmabun de, wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri na wɔyɛ mu nhwehwɛmu. (1 Korintofo 13:11) Wotumi sisi gyinae ahorow, na wɔmfɛre sɛ wɔbɛka ho asɛm.

Paolo a ofi Italy no hyɛɛ saa nsakrae no nsow wɔ ne ba a ɔyɛ ɔbabun no ho. Ɔkae sɛ: “Sɛ mehwɛ me babarima a ɔyɛ ɔbabun no anim a, minhu no sɛ abarimaa bio, na mmom ɛyɛ me sɛ nea ɔpanyin ketewa bi na ogyina m’anim no. Ɛnyɛ ne nipadua a asesa nkutoo ne asɛm no. Nea ɛyɛ me nwonwa kɛse ne sɛnea osusuw nsɛm ho no. Onsuro sɛ ɔbɛkyerɛ n’adwene na wakyerɛkyerɛ mu!”

So woahu biribi a ɛte saa wɔ wo babun ho? Ebia bere a na ɔyɛ abofra no, na odi nea wobɛka biara so. Sɛ ɔnte biribi ase na obisa ho asɛm a, mmuae a mede ma no ara ne “Nea maka na ɛsɛ sɛ woyɛ.” Seesei a wayɛ ɔbabun yi, ɔpɛ sɛ ohu nea enti a yɛyɛ biribi, na ebi mpo a obisa sɛnea abusua no yɛ wɔn nneɛma ho asɛm. Ɛtɔ mmere bi a, sɛnea ɔyɛ pintinn no ma ɛyɛ te sɛ nea ɔretew atua.

Nnya adwene sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔre tia ɔkwan a w’abusua no fa so yɛ nneɛma no. Ebia na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ n’ade ma ɛne ntetee pa a mode ama no no ahyia, na ɔde abɔ ne bra. Sɛ mfatoho no, fa no sɛ woretu de wo nkongua akɔ dan foforo mu. So wubenya baabi de nkongua no nyinaa asisi a wommrɛ ho? Ebia worennya baabi saa. Nanso ade biako ne sɛ, worentow biribi a ɛsom bo ma wo no nkyene.

Tebea koro no ara na wo ba no rehyia bere a ɔresiesie ne ho ama bere a ‘obegyaw ne papa ne ne maame hɔ’ no. (Genesis 2:24) Nokwarem no, ebia na saa da no nnya nnui koraa; na wo ba a ɔyɛ ɔbabun no nnya nyɛɛ panyin nso. Nanso, wɔ ɔkwan bi so no, wafi ase reyɛ ahoboa. Bere a na onnya nni mfe aduonu no nyinaa no, na ɔreyɛ ntetee a wanya no nyinaa mu nhwehwɛmu, na ɔresisi nea ɔbɛfa wɔ mu de abɔ ne bra bere a wanyin no ho gyinae.a

Wo ba a n’ankasa resisi gyinae a ɛte saa ho adwennwen betumi ama ehu aka wo. Nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ onyin a, ɔde ntetee a onyae no mu nea osusuw sɛ ɛso bɛba no mfaso no na ɛbɛbɔ ne bra. Enti, seesei—bere a wo ba no da so wɔ fie no—na obetumi de ahwehwɛ nnyinasosɛm a wode tetee no no mu yiye, na wahu nea ɔde bɛbɔ ne bra.—Asomafo Nnwuma 17:11.

Nokwarem no, ehia sɛ abofra a wasi onyin kwan so no yɛ saa. Anyɛ yiye koraa, sɛ seesei ogye wo gyinapɛn ahorow tom na ɔnkasa ho a, akyiri yi, anhwɛ a, obegye afoforo de atom a ɔrensusuw ho. (Exodus 23:2) Bible ka ɔbabun a ɔte saa ho asɛm sɛ ɔyɛ obi a ɛnyɛ den sɛ wɔbɛdaadaa no efisɛ sɛ “onni ti”—kasasin a ɛkyerɛ sɛ obi nni nhumu. (Mmebusɛm 7:7) Ɔbabun a onsi pi no te sɛ nnipa a “nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri te sɛ asorɔkye de wɔn di akɔneaba denam nnipa nnaadaa so.”—Efesofo 4:14.

Wobɛyɛ dɛn abɔ wo ba no ho ban afi tebea a ɛte saa ho? Hwɛ hu sɛ ɔwɔ nneɛma abiɛsa a edidi so yi:

1 ADWENE A ƐYƐ ADWUMA

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ “wɔn a wɔn ho akokwaw no . . . adwene yɛ adwuma nti wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.” (Hebrifo 5:14) Ebia wobɛka sɛ, ‘Na sɛ́ mekyerɛɛ me ba no nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ mfe bi a atwam ni.’ Na akyinnye biara nni ho sɛ saa ntetee no boaa no saa bere no na esiesie no maa ne mfe a edi hɔ no. (2 Timoteo 3:14) Ne nyinaa akyi no, Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ nnipa tete wɔn adwene. Bere a ebia ebehia sɛ mmofra hu sɛnea wobeyiyi papa ne bɔne mu no, ɛsɛ sɛ mmabun ‘nyin wɔ nsɛm ho ntease mu.’ (1 Korintofo 14:20; Mmebusɛm 1:4; 2:11) Wompɛ sɛ wo babun tie asɛm ara kɛkɛ na mmom wopɛ sɛ osusuw ho ansa na wadi ho dwuma. (Romafo 12:1, 2) Wobɛyɛ dɛn aboa no ma watumi ayɛ saa?

Ɔkwan biako ne sɛ wobɛma wakyerɛ n’adwene. Ntwa n’ano, na sɛ ɔka asɛm bi a wonhwɛ kwan mpo a, bɔ mmɔden sɛ worenyɛ ade mma ɛntra so. Bible ka sɛ: ‘yɛ ntɛm tie asɛm, yɛ nyaa kasa, na yɛ nyaa fa abufuw.’ (Yakobo 1:19; Mmebusɛm 18:13) Bio nso, Yesu kae sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mateo 12:34) Sɛ wo babun kasa na wutie no a, wubetumi ahu n’ahiasɛm ankasa.

Sɛ wo ne wo ba kasa a, fa nsɛmmisa di dwuma sen sɛ wobɛka nsɛm gyengyen. Ɛtɔ mmere bi a na Yesu bisa sɛ: “Mudwen ho dɛn?” sɛnea ɛbɛyɛ a obehu n’asuafo no ne wɔn a na wɔyɛ mpi no adwene. (Mateo 21:23, 28) Wubetumi ne wo babun no adi wɔ ɔkwan a ɛte saa so, bere mpo a ɔne w’adwene nhyia no. Sɛ nhwɛso no:

Sɛ wo babun ka sɛ: “Me de, minnye Onyankopɔn nni.”

Sɛ́ anka wubebua sɛ: “Ɛnyɛ saa na yɛkyerɛɛ wo—wuntumi nka sɛ wonnye Onyankopɔn nni!”

Wubetumi aka sɛ: “Dɛn na ɛma wote nka saa?”

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woboa wo babun ma ɔda ne nsusuwii adi? Ɛwom sɛ woate nea ɔreka no de, nanso ɛsɛ sɛ wuhu nea ɛwɔ n’adwenem. (Mmebusɛm 20:5) Ebia na nea ɛhaw no no fa Onyankopɔn gyinapɛn ho mmom, na ɛnyɛ wɔ a ɔwɔ hɔ ho.

Sɛ nhwɛso no, ɔbabun bi a ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ obu Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn so no bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa denam po a ɔbɛpo sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no so. (Dwom 14:1) Ebia ɔbɛka sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn nni hɔ a, ɛnde ɛho nhia sɛ mema m’abrabɔ ne Bible gyinapɛn ahorow hyia.’

Sɛ ɛte sɛ nea wo babun wɔ saa adwene yi a, ebehia sɛ osusuw asɛmmisa yi ho, So migye di paa sɛ Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn ye ma me? (Yesaia 48:17, 18) Sɛ ogye tom sɛ ɛbɛma asi no yiye a, hyɛ no nkuran ma onhu sɛ ɛfata sɛ ɔyɛ nneɛma a ɛbɛboa no.—Galatifo 5:1.

Sɛ wo babun ka sɛ: “Ebia eyi ne ɔsom a mopɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ me nso m’ani gye ho.”

Sɛ́ anka wubebua sɛ: “Ɛyɛ yɛn nyinaa som, woyɛ yɛn ba, na nea yɛde bɛkyerɛkyerɛ wo no, ɛno ara na ɛsɛ sɛ wugye tom.”

Wubetumi aka sɛ: “W’asɛm yi de, ano yɛ den. Sɛ wopo me gyidi ahorow a, ɛnde na gyama wowɔ biribi a wode besi ananmu. Enti merebisa wo, dɛn ne wo gyidi? Wususuw sɛ abrabɔ gyinapɛn bɛn na ɛfata sɛ wode bɔ wo bra?”

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woboa wo babun ma ɔda ne nsusuwii adi? Efisɛ saa kwan a wobɛfa so ne no asusuw nsɛm ho no betumi aboa no ma wahwehwɛ ne nsusuwii mu. Ebia ɛbɛyɛ no nwonwa sɛ obehu sɛ ɛnsono ne gyidi na ɛsono wo de, na nea ɛhaw no no mfa gyidi ho koraa.

Sɛ nhwɛso no, ebia na wo babun no nnim sɛnea ɔbɛkyerɛkyerɛ ne gyidi mu akyerɛ afoforo. (Kolosefo 4:6; 1 Petro 3:15) Anaasɛ ebia na n’ani gye obi a ɛsono ne bɔbeasu ne ne gyidi ho. Hwehwɛ nea asɛm no fi so ankasa, na boa wo babun no ma ɔno nso nyɛ saa ara. Mpɛn dodow a ɔkɔ so de n’adwene yɛ adwuma no, dodow no ara na obetumi asiesie ne ho ama mpanyin bere no.

2 MPANYIMFO AKWANKYERƐ

Wɔ aman bi so nnɛ no, ɛyɛ den sɛ obi behu “ɔhaw ne dadwen” a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan bere a abofra bi adu ne mmabunbere so sɛnea adwene ne nneyɛe ho animdefo binom ka no. Nhwehwɛmufo abehu sɛ wɔ mmeae a ɛtete saa no, wɔma mmabun de wɔn ho hyɛ nneɛma a mpanyimfo yɛ mu ntɛm dodo. Wɔne mpanyimfo bom yɛ adwuma, wɔne wɔn bɔ, na wɔde mpanyimfo asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa. Worente nsɛm bi te sɛ “mmabun fekusɛm,” “mmofrabɔnesɛm,” ne “ɔbabun” mpo wɔ hɔ.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, susuw mmabun a wɔwɔ aman a wɔkɔ sukuu wɔ adan a wɔabɔ apee so mu a nnipa a wɔne wɔn bɔ fekuw ara ne wɔn atipɛnfo no ho hwɛ. Sɛ wɔba fie a, wɔmmɛto obiara. Paapa ne Maame nyinaa yɛ adwuma. Abusuafo nso nte mmɛn wɔn. Nnipa a wotumi ne wɔn bɔ fekuw ara ne wɔn atipɛnfo.b So wuhu asiane a ɛwom no? Enti ɛnyɛ fekubɔne a wɔbɛbɔ no ara ne asɛm no. Nhwehwɛmufo ahu sɛ, sɛ mmabun a wɔyɛ nhwɛso pa mpo annya mpanyimfo ne wɔn ammɔ a, ɛnyɛ den sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ abrabɔ bɔne mu.

Ɔman a wɔkaa mmofra ne mpanyimfo nyinaa boom ne tete Israel. Sɛ nhwɛso no, Bible ka Usia ho asɛm sɛ, ɔbɛyɛɛ Yuda hene no na onnii mfe aduonu. Dɛn na ɛboaa Usia ma otumi dii asɛyɛde a emu yɛ duru saa ho dwuma? Ɛda adi sɛ, ɔkwan bi so no, ɛyɛ Sakaria a wanyin a Bible ka ne ho asɛm sɛ “ɔkyerɛɛ no nokware Nyankopɔn suro” no no nkɛntɛnso.—2 Beresosɛm 26:5.

So wo babun wɔ ɔpanyin anaa mpanyimfo bi a wɔne wo kura gyinapɛn biako a osuasua wɔn? Ɛnsɛ sɛ woma ɛhaw wo sɛ ɔne saafo no bɔ. Sɛ wowɔ obi saa a, ɛbɛboa no ma wayɛ nea ɛteɛ. Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”—Mmebusɛm 13:20.

3 OTUMI DI N’ASƐYƐDE HO DWUMA

Wɔ aman bi mu no, mmara mma kwan sɛ mmabun yɛ adwuma boro nnɔnhwerew dodow bi so wɔ nnawɔtwe no mu anaa wɔyɛ nnwuma pɔtẽẽ bi. Wɔde saa anohyeto ahorow no ama na abɔ mmofra ho ban afi tebea ahorow a asiane wom ho—mfiridwuma mu nsakrae a ɛbae wɔ afeha a ɛto so 18 ne 19 mu no na ɛma wɔhyehyɛɛ mmara yi.

Bere a adwuma ho mmara horow bɔ mmabun ho ban fi asiane ne nsisi ho no, abenfo binom ka sɛ saa mmara yi ama mmofra mpɛ asɛyɛde. Ne saa nti, nhoma bi ka sɛ, mmofra pii a wonnya nnii mfe aduonu no “anya ahantan ne dwae su, na ɛma wɔte nka sɛ wɔfata sɛ wonya nneɛma a wɔnyɛɛ ho adwuma mpo.” (Escaping the Endless Adolescence) Akyerɛwfo no ka sɛ, ɛte sɛ nea eyi fi “su a wiase no da no adi a ɛne sɛ, wɔma nneɛma a wɔayɛ a wɔde gyigye mmabun ani no ho hia wɔn sen sɛ wɔbɛhwehwɛ biribi pa afi wɔn nkyɛn.”

Nanso Bible ka mmabun a wogyee asɛyɛde a emu yɛ duru too wɔn ho so bere a na wɔda so ara yɛ mmofra no ho asɛm. Susuw Timoteo a na ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun bere a ohyiaa ɔsomafo Paulo—ɔbarima a onyaa ne so nkɛntɛnso kɛse—no ho hwɛ. Bere bi mpo Paul ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Onyankopɔn akyɛde a . . . wunyae no, hyɛ mu gya.” (2 Timoteo 1:6) Bere a na ɛbɛyɛ sɛ Timoteo yɛ ɔbabun no, ofii fie na ɔne ɔsomafo Paulo tutuu akwan na ɔboa ma wɔhyehyɛɛ asafo ahorow na wɔhyɛɛ anuanom den. Ɔsomafo Paulo ne Timoteo yɛɛ adwuma bɛyɛ mfe du akyi no, ɔka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Filipi no sɛ: “Minni obiara a ne suban te sɛ ɔno a obeyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa.”—Filipifo 2:20.

Mpɛn pii no, mmabun wɔ ɔpɛ sɛ wobegye asɛyɛde atom, titiriw bere a wohu sɛ saa a wɔbɛyɛ no hwehwɛ sɛ wɔyɛ nnwuma a ɛde mfaso bɛbrɛ wɔn no. Ɛnyɛ sɛ eyi boa wɔn ma wonyin bɛyɛ mpanyimfo a wɔn ani kũ wɔn asɛyɛde ho nko, na mmom seesei mpo, ɛma wotumi yɛ pii.

“Nsakrae” Foforo a Wubegyina Ano

Sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, sɛ wo ba yɛ ɔbabun a, wutumi hu sɛ wo tebea ‘asakra’ fi sɛnea na ɛte mfe kakra a atwam no. Nya awerɛhyem sɛ wubetumi agyina tebea no ano sɛnea wutumi yɛe bere a na wo ba no renyin no mu no.

Bu wo ba no babunbere no sɛ hokwan a wode (1) bɛboa no ma watete ne nkate, (2) akwankyerɛ bɛma no, na (3) wode aboa no ma wagye asɛyɛde atom. Denam saayɛ so no, na woresiesie wo babun no ama ne mpanyin bere.—g11-E 10.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nhoma bi ka mmabunbere ho asɛm ma ɛfata sɛ, ɛyɛ “bere a wo ba no ne wo di nkra nkakrankakra.” Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 1, 2009, kratafa 28-30, a Yehowa Adansefo tintimii no.

b Anigyede ahorow a wɔyɛ ma mmofra a wonnya nnii mfe aduonu no twe adwene si ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔne wɔn mfɛfo bɛbɔ no so, na ɛhyɛ nsusuwii a ɛne sɛ mmabun wɔ wɔn ankasa kwan a wɔfa so yɛ wɔn nneɛma a mpanyimfo rentumi nte ase anaa wɔrentumi mfa wɔn ho nhyɛ mu ho nkuran.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 20]

“MINNYE NNI SƐ MENYA AWOFO A WOYE SEN M’AWOFO”

Awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo nam wɔn kasa ne nneyɛe so kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra. (Efesofo 6:4) Nanso, wɔnhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa. Awofo a wɔyɛ Adansefo nim sɛ, sɛ wɔn babarima anaa wɔn babea nyin a, n’ankasa na ɛsɛ sɛ osi nnyinasosɛm a ɔde bɛbɔ ne bra ho gyinae.

Aislyn a wadi mfe 18 no apaw sɛ ɔde ntetee a n’awofo de maa no no bɛbɔ ne bra. Ɔka sɛ, “Me de, Onyankopɔn a mesom no no nyɛ biribi a meyɛ no da koro pɛ wɔ nnawɔtwe mu. Ɛno na mede bɔ me bra. Ɛka nea meyɛ ne me gyinaesi nyinaa—fi nnamfo a mepaw, sukuu a mekɔ, kosi nhoma a mekenkan nyinaa so.”

Aislyn ani sɔ ntetee a n’awofo a wɔyɛ Kristofo de ama no no paa. Ɔka sɛ, “Minnye nni sɛ menya awofo a woye sen m’awofo, na ɛyɛ me anigye sɛ wɔama manya ɔpɛ sɛ mɛyɛ Yehowa Ɔdansefo de besi nnɛ. Mɛkɔ so adi wɔn akyi bere tenten a meda so te ase yi.”

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ma wo babun no kwan ma ɔnkasa

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ wo ba no wɔ ɔpanyin bi a obetumi asuasua no a, ebetumi aboa no

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Adwuma a mfaso wɔ so boa mmabun ma wotumi gye asɛyɛde tom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena