Bible No Adwene
Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa So Bɔ Onyankopɔn Mpae?
ƐYƐ hokwan a ɛso bi nni sɛ yɛbɛka yɛn komam asɛm akyerɛ ade nyinaa so Tumfoɔ no. Nanso, nnipa pii nnim sɛnea wɔbɛbɔ mpae, na afoforo nso pɛ sɛ wɔn mpaebɔ tu mpɔn. Ɛda adi sɛ Yesu Kristo asuafo a wodi kan no mu binom pɛe sɛ wɔn mpaebɔ tu mpɔn. Wɔn mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn sɛnea wɔbɔ mpae.” (Luka 11:1) Yesu buaa wɔn maa wɔn mpaebɔ ho nhwɛso a yɛtaa frɛ no Awurade Mpaebɔ, anaa Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro no. Saa mpaebɔ tiawa a ɛyɛ dɛ yi ma yehu ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so ne Onyankopɔn kasa, na ɛsan twe adwene si Bible no asɛmti so.
Yesu Mpaebɔ Nhwɛso
Yesu kae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro. Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu; fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛn nso de afiri wɔn a wɔde yɛn aka no. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.’”—Mateo 6:9-13.
Hyɛ no nsow sɛ, Yesu kae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ.” Dɛn nti na ɔkaa saa? Ná Yesu mpɛ sɛ n’akyidifo no betĩ nsɛm koro no ara mu aka no mpɛn pii. Nokwasɛm ne sɛ, na wadi kan akasa atia saa adeyɛ no. (Mateo 6:7) Mmom no, ne mpaebɔ no rekyerɛ nneɛma a ehia sɛ yɛde di kan—nea ɛho hia wɔ Onyankopɔn ani so, ɛnyɛ nea ehia yɛn nkutoo. Nea ɛbɛma yɛahu nneɛma a ɛho hia sɛ yɛde di kan no, ɛsɛ sɛ yɛte Yesu nsɛm no ase. Afei, momma yensusuw ne nsɛm no ho mmiako mmiako.
Wɔakyerɛkyerɛ Mpaebɔ Nhwɛso no Mu
“Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” Yesu frɛɛ Onyankopɔn sɛ “Agya” ma ɛfatae, efisɛ ɔyɛ ɔdɔ, na ɔbɔ yɛn ho ban sɛnea agya pa bɔ ne mma ho ban no. Ɔwɔ din ankasa a wɔde frɛ no—Yehowa—ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ ɛno ne n’abodin ahorow te sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ, Onyankopɔn, ne Awurade no, yɛ pɛ.a (Dwom 83:18) Nanso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtew Onyankopɔn din a ɛkyerɛ onii ko a ɔyɛ no ho, anaa yɛyɛ no kronkron? Efisɛ, wɔabɔ din no ahohora, na wɔakasa atia no.
Ebinom de sɔhwɛ a wohyia no ho asodi to Onyankopɔn so, bere a ebia ɔhaw no ankasa fi mfomso a nnipa di anaasɛ ɛyɛ akwanhyia ara kwa esiane sɛ ebia wokofii beae a ɛmfata nti no. (Mmebusɛm 19:3; Ɔsɛnkafo 9:11) Afoforo nso de atoyerɛnkyɛm a esisi ho asodi to Onyankopɔn so. Nanso Bible ka sɛ, “wontumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Na ɔsom ahorow pii kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ abɔnefo ayayade daa wɔ hellgya mu, nkyerɛkyerɛ a akyinnye biara nni ho sɛ etia Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ no. (Yeremia 19:5; 1 Yohane 4:8) Romafo 6:23 ka sɛ “bɔne akatua ne owu,” na ɛnyɛ ayayade a wɔyɛ abɔnefo daa!b
“W’ahenni mmra.” Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso a ɛhyɛ Yesu Kristo, ne Hene no, ase. Ɛrenkyɛ, obedi asase nyinaa so tumi. Daniel 7:14 ka sɛ, “Ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no.” Onyankopɔn Ahenni ‘bɛba’ de ne ho abegye nnipa nsɛm mu, na obeyi nniso ahorow a ɛsɔre tia no no nyinaa afi hɔ, na wadi asase nyinaa so tumi.—Daniel 2:44.
“W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” Wɔ Ahenni nniso ase no, adesamma nyinaa bɛbrɛ wɔn ho ase ayɛ Onyankopɔn apɛde. Eyi bɛma asomdwoe amapa aba, na nnipa nyinaa bɛsom Onyankopɔn wɔ nokware mu. Amanyɔsɛm a ɛde mpaapaemu ba ne atoro som befi hɔ. Adiyisɛm 21:3, 4 ka no sɛnkyerɛnne kwan so sɛ, “Onyankopɔn ntamadan” bɛtena “adesamma mu, . . . na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”
“Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu.” Bere a Yesu de Onyankopɔn din ne Ahenni no dii kan wiei no, afei ɔdan n’adwene sii yɛn ahiade so. Ne nsɛm no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya pii asen nea yehia “wɔ da yi mu.” Mmom no, ɛsɛ sɛ yetie afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 30:8 a ɛka sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade. Ma me aduan a ɛbɛso me na minni.”
“Fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛn nso de afiri wɔn a wɔde yɛn aka no.” Asɛm “aka” a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ “bɔne.”c Yɛn nyinaa de Onyankopɔn osetie ho ka. Enti sɛ yɛyɛ no so asoɔden, anaa yɛyɛ bɔne tia no a, na ayɛ te sɛ nea yɛreboaboa ɛka bi ano no. Nanso sɛ yefi ayamye mu de afoforo bɔne firi wɔn a, Yehowa nso fi ne pɛ mu de saa bɔne no befiri yɛn.—Mateo 18:21-35.
“Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.” “Ɔbɔnefo” no ne Satan Ɔbonsam, nea wɔsan frɛ no “Ɔsɔhwɛfo” no. (Mateo 4:3) Esiane sɛ yɛyɛ mmerɛw wɔ ɔhonam mu nti, yehia Onyankopɔn mmoa na yɛatumi ne Satan ne n’adwumayɛfo no adi asi.—Marko 14:38.
Ɛmmra sɛ Yesu mpaebɔ nhwɛso no bɛboa wo ma woatu mpɔn wɔ wo mpaebɔ mu, na ebia ama woatumi ayɛ nsakrae wɔ nneɛma a wode di kan wɔ w’asetena mu no mu. Nanso ɔkwan bɛn so na Yesu mpaebɔ nhwɛso no twe adwene si asɛntitiriw a ɛwɔ Bible mu no so? Nea ɛne Yesu nsɛm no hyia no, Bible no asɛmti ankasa ne sɛ wɔbɛtew Onyankopɔn din kronkron no ho, wobeyi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ, na Onyankopɔn Ahenni adi so wɔ asomdwoe mu. Nneɛma pa a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae bɛn ara na Yesu de hyɛɛ ne mpaebɔ nhwɛso no mu yi!—g12-E 02.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔ mfitiase kasa a wɔde kyerɛw Bible, ne titiriw Hebri ne Hela mu no, Onyankopɔn din no pue bɛyɛ mpɛn 7,000. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnɛyi nkyerɛase pii de Onyankopɔn abodin di dwuma mmom sen sɛ wɔde ne din kronkron no bedi dwuma.
b Awufo nte ase wɔ tebea biara mu na mmom ‘wɔadeda,’ anaa “wonnim biribiara,” bere a wɔretwɛn sɛ wobenyan wɔn daakye no.—Yohane 5:28, 29; 11:11-13; Ɔsɛnkafo 9:5.
SO WOADWEN HO?
● Bere a Yesu kae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ” no, na ɔkyerɛ dɛn?—Mateo 6:9.
● Nsɛm bɛn na bere nyinaa ɛsɛ sɛ edi kan wɔ yɛn mpaebɔ mu?—Mateo 6:9, 10.
● Dɛn ne “yɛn aka” no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde firi wɔn a wɔyɛ bɔne tia yɛn no?—Mateo 6:12.
[Mfonini wɔ kratafa 11]
Yesu mpaebɔ nhwɛso no betumi aboa wo ma wode nneɛma a ɛho hia wɔ Onyankopɔn ani so adi kan, ɛnyɛ nea ehia wo nkutoo