Fa W’aniwa Hwɛ Ade Yiye
● Onipa aniwa yɛ adwinni a ɛyɛ fɛ. Nanso ɛnyɛ fɛ nko na ɛyɛ. Ɛwɔ tumi nso. Nhoma a wɔato din Visual Impact, Visual Teaching no ka sɛ, “ntini a efi amemene no mu no ɔha mu nkyem aduanan hyia wɔ ani kesua no akyi.”
Yesu Kristo ka ma ɛfatae sɛ aniwa yɛ “nipadua kanea.” Bere a ɔrekyerɛkyerɛ mu no, ɔtoaa so sɛ: “Sɛ w’aniwa hwɛ tee [eye na esi ade pa so] a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn; nanso sɛ w’aniwa di bɔne akyi a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ sum.” (Mateo 6:22, 23) Yesu nam nsɛm a ɔkae yi so ma yehu sɛ nneɛma a yɛde yɛn aniwa hwɛ betumi anya yɛn adwene, yɛn nkate ne yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso. Adwempa ma obi asetena kwan teɛ; na adwemmɔne ma esum duru no.
Sɛ nhwɛso no, susuw Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 5:28, 29 no ho hwɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu. Na sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene [sɛnkyerɛnne kwan so].” Dɛn na na ɔkyerɛ? Aniwa a ekyinkyin betumi akanyan akɔnnɔ bɔne wɔ obi mu ma sɛ onya hokwan a, ɔde ne ho bɛhyɛ ɔbrasɛe mu na wahwere Onyankopɔn anim dom.—Yakobo 1:14, 15.
Sɛ ahosodi a yɛbɛda no adi no yɛ den te sɛ nea yɛretu yɛn aniwa biako mpo a, hwɛ mfaso ara a yebenya afi so! So ɛyɛ papa sɛ yɛde bere tiaa mu anigye a yebenya wɔ brabɔne mu sesa daa nkwa?
Nea yɛhwɛ nso betumi ama yɛn ani abere ade. Enti, Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ “aniwa akɔnnɔ . . . emfi Agya no, na mmom efi wiase. Afei nso wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.”—1 Yohane 2:16, 17.
So Bible no yɛ katee dodo? Ɛnte saa koraa! Sɛ yebu yɛn ani gu Bible gyinapɛn ahorow so a, na yɛrefrɛfrɛ ɔhaw ne awerɛhow ama yɛn ho. (Galatifo 6:7, 8) Sɛ yɛyɛ aso tie Onyankopɔn Asɛm ne nyansasɛm a ɛka fa sɛnkyerɛnne kwan so aniwa no ho nso a, na yɛregu anigye aba. Yesu kae sɛ, “Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.” (Luka 11:28) Nea ɛka eyi ho no, wonya anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtena asase so daa, nanso wɔn a wɔde wɔn aniwa hwɛ nneɛma a ɛnteɛ anaa wɔn ani bere ade no de, anigye ne daa nkwa bɛbɔ wɔn.—g12-E 02.