Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 2/13 kr. 16
  • Ɔketew Dua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔketew Dua
  • Nyan!—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2013
  • Ɛpo Mu Pɔnkɔ Dua
    Wɔbɔe Anaa?
  • Koterɛ Nkasɛɛ-Nkasɛɛ
    Nyan!—2015
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2015
Nyan!—2013
g 2/13 kr. 16

SO WƆBƆE?

Ɔketew Dua

SƐ ƆKETEW rehuruw afi fam akɔfam ɔfasu bi ho a, ɔmmrɛ ho koraa. Nanso sɛ baabi a ɔrehuruw afi no yɛ toro a, ɛma ɔwatiriw, nanso otumi huruw fam ɔfasu no ho pɛpɛɛpɛ. Dɛn na ɛboa no? Ɛyɛ ne dua no.

Susuw ho hwɛ: Sɛ aketew huruw fi baabi a ɛhɔ nyɛ toro a, ɛma wɔde wɔn nan tintim fam yiye—na bere a wɔagyina yiye no, wohuruw bere a wɔakõa wɔn dua mu kɔ fam. Eyi boa ma wotumi huruw yiye. Nanso sɛ wogyina baabi a ɛyɛ toro a, wotumi watiriw na ɛmma wontumi nhuruw yiye. Nanso bere a wɔahuruw nam wim no, wotumi koa wɔn dua mu kɔ soro na ama wɔadan wɔn ho yiye. Ɛnyɛ ade a ne yɛ da fam. Berkeley Sukuupɔn a ɛwɔ California no bɔ amanneɛ sɛ, “Sɛ aketew huruw a, ɛsɛ sɛ wɔdannan wɔn dua yiye na amma wɔammu amfa so.” Sɛnea baabi a ɔketew no behuruw afi no yɛ toro no na ɛbɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ɔdannan ne dua no, na amma wammu amfa so.

Ɔketew dua betumi aboa mfiriyɛfo ma wɔayɛ robɔt mfiri a etumi dannan ne ho yiye ma sɛ wɔde rehwehwɛ nnipa agye wɔn nkwa bere a asasewosow anaa asiane bi asi a, anhwe ase. Nhwehwɛmufo Thomas Libby ka sɛ, “Robɔt afiri ntumi nnannan ne ho te sɛ aboa, enti biribiara a wɔbɛyɛ ama abɛn sɛnea mmoa tumi dannan wɔn ho no, bɛyɛ nkɔso a wɔanya wɔ mfiridwuma mu.”

Wususuw ho dɛn? So ɔketew dua nam adannandi so na ɛbae? Anaa wɔbɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena