Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 3/13 kr. 4-7
  • Sɛnea Wubetumi Ayɛ Agya Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubetumi Ayɛ Agya Pa
  • Nyan!—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wubetumi Ayɛ Agya Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Yɛ wo Fifo Nkwagye ho Adwuma Denneennen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Agyanom a Wonhu Wɔn—Ɔhaw a Ɛreyɛ Kɛse
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2013
g 3/13 kr. 4-7

ASƐM A ƐDA SO

Sɛnea Wubetumi Ayɛ Agya Pa

“Mfomso bɛn na midii?” Asɛmmisa yi haw Michaela a ofi South Africa paa. Ɛmfa ho mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛyɛ agya pa no, bere biara a obedwen ne babarima a wadi mfe 19 a wagye nsam ho no, obu ne ho fɔ.

Nanso, ɛte sɛ nea nneɛma akɔ yiye ama Terry a ɔwɔ Spain no. Ne babarima, Andrew, ka sɛ: “Nneɛma a mekae sɛ me papa yɛ maa me wɔ me mmofraase ne sɛ, na ɔkenkan ade kyerɛ me, ɔne me di agoru, na na ɔne me nkutoo tutu akwan kɔ mmeae bi kogye yɛn ani. Ɔmaa adesua yɛɛ anika.”

Nokwarem no, sɛ́ obi bɛyɛ agya pa no nna fam. Nanso nnyinasosɛm atitiriw bi wɔ hɔ a ebetumi aboa. Agyanom pii ahu sɛ sɛ wɔne wɔn mmusua de nyansa a ɛwɔ Bible mu no yɛ adwuma a, ɛboa wɔn. Momma yensusuw Bible mu afotu a mfaso wɔ so a ebetumi aboa agyanom no bi ho.

1. Nya Bere Ma W’abusua

Sɛ́ agya no, dɛn na woyɛ ma wo mma hu sɛ wɔsom bo ma wo? Ɛwom, nneɛma pii wɔ hɔ a woyɛ ma wo mma, a ebi ne sɛ, wonya nea wobedi ne baabi a wɔde wɔn ti bɛto. Sɛ wo mma ho nhia wo a, anka worenyɛ saa nneɛma yi nyinaa. Nanso ne nyinaa akyi no, sɛ woannya bere pii amma wɔn a, wɔbɛte nka sɛ nneɛma afoforo a egye wo bere, te sɛ w’adwuma, wo nnamfo, anaa nneɛma a wode gyigye w’ani no som bo ma wo sen wɔn.

Bere bɛn na ɛsɛ sɛ agya fi ase nya bere ma ne mma? Ɛna no fi ase ne ne ba nya abusuabɔ bere a abofra no wɔ yafunu mu no. Akokoaa a ɔhyɛ yafunu mu no tumi te asɛm bere a wadi bɛyɛ adapɛn 16. Saa bere no ara mu no, agya no nso betumi afi ase ne ne ba no anya abusuabɔ soronko yi bi. Obetumi atie sɛnea abofra no koma rebɔ, sɛnea ɔkeka ne ho, na obetumi akasa akyerɛ no, ato dwom ama no.

Bible Nnyinasosɛm: Bere a na wɔrekyerɛw Bible no, mmarima nso boae ma wɔtetee wɔn mma. Wɔhyɛɛ agyanom nkuran sɛ wonnya bere pii mma wɔn mma sɛnea Bible mu asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:6, 7, ma yehu no. Ɛka sɛ: “Na ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa dua wo ba komam na ka ho asɛm bere a wote wo fie, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre.”

2. Agya Pa Tɔ Ne Bo Ase Tie Ne Mma

Mmu no fɔ, tɔ wo bo ase tie no

Sɛ wo ne wo mma nkɔmmɔbɔ betu mpɔn a, ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase tie wɔn. Ɛsɛ sɛ wusua sɛ wubetie wɔn a womma nea wɔreka no nhaw wo.

Sɛ wo mma nya adwene sɛ wo bo betumi afuw ntɛm na ebia wobɛka wɔn anim bere a wɔpɛ sɛ wɔka wɔn komam asɛm kyerɛ wo a, wɔbɛka wɔn nsɛm ahyɛ. Nanso sɛ wotɔ wo bo ase tie wɔn a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn ho hia wo ankasa. Wɔn nso bɛpɛ sɛ wɔda wɔn atirimsɛm ne sɛnea wɔte nka nyinaa adi akyerɛ wo.

Bible Nnyinasosɛm: Wɔahu sɛ Bible mu nyansa a wɔde di dwuma no tumi boa wɔ asetena mu nneɛma pii mu. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa, na ɔnyɛ nyaa mfa abufuw.” (Yakobo 1:19) Agyanom a wɔde Bible mu nnyinasosɛm yi di dwuma no tumi ne wɔn mma di nkitaho yiye.

3. Fi Ɔdɔ Mu Fa Nteɛso Ma Na Kamfo Wɔn

Sɛ mpo wo ba ma wohaw anaa wo bo fuw, na ɛsɛ sɛ woteɛ ne so a, ɛsɛ sɛ woma abofra no hu sɛ worepɛ no yiye. Nteɛso no betumi ayɛ afotu, ateɛteɛ, ntetee, ne asotwe a ɛfata a wode bɛma.

Bio nso, sɛ agya taa kamfo ne mma a, ɛyɛ mmerɛw ma mmofra no sɛ wobegye ne nteɛso atom. Tete abebusɛm bi ka sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a egu dwetɛ anwenne mu.” (Mmebusɛm 25:11) Sɛ wokamfo abofra a, ɛboa no ma ɔda suban pa adi. Sɛ awofo ma wɔn mma hu sɛ wɔsom bo a, ɛhyɛ mmofra no nkuran. Agya a ɔkamfo ne mma no boa ma wonya ahotoso na ɛkanyan wɔn ma wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa.

Bible Nnyinasosɛm: “Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw na wɔn abam ammu.”—Kolosefo 3:21.

4. Da Obu ne Ɔdɔ Adi Kyerɛ Wo Yere

Sɛnea agya ne ne yere di nsɛm no betumi anya mmofra no so nkɛntɛnso. Mmofra ntetee ho animdefo bi kae sɛ: “Ade a eye sen biara a agya bi betumi ayɛ ama ne mma ne sɛ ɔbɛkyerɛ obu ama wɔn maame. . . . Agya ne ɛna a wɔma wɔn mma hu sɛ wɔwɔ obu ma wɔn ho no, ma wɔn mma no nya akomatɔyam.”—The Importance of Fathers in the Healthy Development of Children.b

Bible Nnyinasosɛm: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom . . . Nanso sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho.”—Efesofo 5:25, 33.

5. Fa Onyankopɔn Nyansa a Mfaso wɔ So no Yɛ Adwuma

Agyanom a wofi komam dɔ Onyankopɔn no betumi ama wɔn mma anya agyapade a ɛsom bo—abusuabɔ a emu yɛ den a wɔne wɔn soro agya no benya.

Antonio a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo no de mfe pii yɛɛ adwumaden de tetee mma baasia. Akyiri yi, ne nsa kaa krataa yi fii ne mmabea no mu biako hɔ: “Agya Pa, mepɛ sɛ meda wo ase sɛ wotetee me ma medɔɔ Yehowa Nyankopɔn, me yɔnko, ne m’ankasa ho—kyerɛ sɛ, mayɛ obi a otumi ne obiara bɔ. Woma mihui sɛ wodɔ Yehowa, na wodwen me ho ankasa. Paapa, meda wo ase sɛ wode Yehowa dii kan wɔ w’asetenam na wubuu yɛn sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ!”

Bible Nnyinasosɛm: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn. Na ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so.”—Deuteronomium 6:5, 6.

Ɛda adi pefee sɛ, nneɛma anum yi akyi no, pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ obi yɛ sɛ agya. Nokwasɛm ankasa ne sɛ, wobɔ mmɔden biara sɛ wobɛyɛ agya pa mpo a, worentumi nyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Nanso sɛ woda ɔdɔ adi na wobɔ mmɔden de nnyinasosɛm ahorow yi di dwuma na wokari pɛ a, wubetumi ayɛ agya pa.c

a Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

b Sɛ agya no nna so nware ne mma no maame mpo a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔde nidi ne obu bɛma no, na abusuabɔ pa atena mmofra no ne wɔn maame ntam.

c Sɛ wopɛ abusua asetena ho akwankyerɛ pii a, hwɛ Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba nhoma no mu, na wubetumi ahu nso wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org.

Agya Pa Nya Bere Ma Ne Mma

Sylvan a ofi Barbados no yɛ ofirikafo a ɔka bɔs wɔ New York City. Ɔne ne yere ne ne mma baasa a wɔyɛ mmabun na ɛte. Sylvan nni ne ho adagyew koraa. Ofi adwuma ase awiabere kosi ahemadakye nnɔnabiɛsa anaa nnɔnnan. Ɔnkɔ adwuma Yawda ne Fida, nanso Memeneda ne Kwasida anadwo de, ɔyɛ adwuma. Ne nyinaa akyi no, onya bere ma ne mma no.

Sylvan ka sɛ, “Ɛyɛ den de, nanso mebɔ me ho mmɔden. Ɛsɛ sɛ minya adagyew ne me mma no mu biara susuw ne kokoam nsɛm ho. Mayi Yawda awia asi hɔ ama ɔpanyin no bere a wafi sukuu aba no. Sɛ edu Fida a, me ne adantam no hyia. Na kaakyire no de, Kwasida anɔpa na me ne no hyia.”

Nea Mmofra Pɛ wɔ Wɔn Agyanom Ho

“Ɔne me di agoru na ɔkenkan ade kyerɛ me anadwo biara.”—Sierra, wadi mfe 5.

“Yetumi ne no di agoru pii, na bere a yɛredi agoru no, otumi ka sɛ, ‘Eye, bere aso sɛ yesiesie ha.’ Ɛtɔ bere bi nso a, bere a yegu so reyɛ adwuma bi no, ogyae na ɔka sɛ, ‘Afei bere aso sɛ yedi agoru.’”—Michael, wadi mfe 10.

“Me papa mfaa n’adwuma anaa nneɛma a ɔde gyigye n’ani nyii ne ho ano da. Ɔboa me maame wɔ fie daa. Seesei mpo, ogu so ara ne me maame nyinaa noa aduan, ɔhohoro nkyɛnsee mu, ɔboa ma wosiesie fie, ɔdɔ me maame, na ɔnyɛ no basabasa.”—Andrew, wadi mfe 32.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena