Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 3/13 kr. 16
  • Ananse Aniwa a Ɛyɛ Wusii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ananse Aniwa a Ɛyɛ Wusii
  • Nyan!—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ananse Ntontan a Ɛkyere Ade Ho Ahintasɛm
    Nyan!—2014
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2013
  • So Adannandi Nkyerɛkyerɛ no Fata?
    Nyan!—2000
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2014
Nyan!—2013
g 3/13 kr. 16

SO WƆBƆE?

Ananse Aniwa a Ɛyɛ Wusii

ANANSE wɔ aniwa soronko bi a ɛboa no ma otumi hu baabi a ɛsɛ sɛ ohuruw si pɛpɛɛpɛ. Ɔkwan bɛn na ananse fa so yɛ eyi?

Susuw ho hwɛ: Nea ɛbɛyɛ na ananse atumi asusuw baabi a ogyina ne baabi a ɔpɛ sɛ ohuruw si pɛpɛɛpɛ no, ɔde n’aniwa akɛse abien a emu biara kesua no fomfam so anan no na ɛyɛ adwuma. Bere a n’ani kesua a ɛfomfam so no biako tumi hu hann yiye no, biako a ɛso yɛ wusii no ntumi nhu ade yiye. Sɛ enhu biribi yiye a, na ɛkyerɛ sɛ dekode no bɛn no paa. Saa nokwasɛm yi na ɛboa ananse no ma otumi sẽsẽ hu ɔkwan a ɛda ɔne aboa a ɔpɛ sɛ ɔkyere no no ntam, ansa na wahuruw akyere no.

Nhwehwɛmufo pɛ sɛ wosua ɔkwan a ananse fa so kyere aboa, na ama wɔatumi ayɛ mfoninitwa afiri a wɔfrɛ no “3-D cameras” ne mpo robɔt ahorow a etumi susuw ɔkwan a ɛda nneɛma abien ntam. Sɛnea Intanɛt so dwumadibea a wɔfrɛ no “ScienceNOW” kyerɛ no, ananse aniwa no ma yehu “sɛnea mmoa a wosusua koraa a wɔn amemene kɛse nnu wansena de no tumi gyina nea wohu so yɛ ade.”

Wususuw ho dɛn? So ananse aniwa a ɛyɛ wusii a otumi de hu ade no nam adannandi so na ɛbae? Anaa wɔbɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena