Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/13 kr. 8-11
  • Ofie Basabasayɛ Bɛba Awiei

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ofie Basabasayɛ Bɛba Awiei
  • Nyan!—2013
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • OFIE BASABASAYƐ A ƐBƐBA AWIEI
  • Ofie Basabasayɛ a Ebegyae
    Nyan!—1993
  • Wiase Bi Bɛba a Basabasayɛ Nnim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Dɛn na Ɛde Fie Basabasayɛ Ba?
    Nyan!—1993
  • Wubetumi Adi Ɔhaw Ahorow a Ɛsɛe Abusua no So
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2013
g 4/13 kr. 8-11

ASƐM A ƐDA SO

Ofie Basabasayɛ Bɛba Awiei

Mfatoho 1: Isabela awofo abɛsra wɔn. Anwummere no, wɔne wɔn babea ne ne kunu no bɔɔ nkɔmmɔ ma wɔn nyinaa ani gyei. Ɔwofo bɛn na n’ani rennye ho sɛ ne babea bɛware ɔbarima a ɔte sɛɛ? Ɔne no di nsɛm ayamye so paa.

Mfatoho 2: Frank bo afuw. Ɔrebɛyɛ nea sɛ ne bo fuw a, ɔtaa yɛ no—ɔpaapae ne yere ani so, otutu ne nan wowɔ no, oso ne ti nhwi mu twe, anaa ɔde ne ti pempem dan.

EBIA ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ mfatoho abien yi nyinaa fa awarefo biako ho.

Wɔn a wɔde abusua mu basabasayɛ ba no taa da suban ahorow abien adi

Te sɛ wɔn a wɔyɛ basabasa wɔ afie mu no, Frank nim sɛnea sɛ ɔwɔ nnipa mu anaa sɛ ne nsenom wɔ hɔ a, ɔyɛ n’anim sɛ “onipa pa.” Nanso sɛ ɛka Frank ne ne yere nkutoo a, odi atirimɔdensɛm ankasa.

Mmarima a wɔte sɛ Frank no mu pii nyinii wɔ afie a basabasayɛ wom mu, na sɛ wɔbɛyɛ mpanyimfo a, wosusuw sɛ asɛm biara nni wɔn nneyɛe no ho—na ɛfata mpo. Nanso biribiara nni ofie basabasayɛ ho a eye. Ɛno nti na sɛ ɔbarima bi hwe ne yere pirapira no a, ɛyɛ nnipa pii ahometew no.

Nanso ofie basabasayɛ gu so ara kɔ so ma ɛhaw adwene. Wɔ United States sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ wɔ dakoro mu no, na nnipa 16 frɛ telefon so simma biara de hwehwɛ mmoa wɔ ɔman no mu. Ofie basabasayɛ abu so wɔ wiase afanan nyinaa ɛmfa ho amanne, sikasɛm, ne abusua a obi fi mu. Esiane sɛ wɔnka ofie basabasayɛ pii a ɛkɔ so ho asɛm nkyerɛ polisifo nti, ɛmma yenhu akontaabu no yiye ankasa.b

Ofie basabasayɛ ho amanneɛbɔ ma nkurɔfo bisa sɛ: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbarima di atirimɔdensɛm saa—titiriw wɔ ne yere so? So wobetumi aboa mmarima a wɔhwe wɔn yerenom no?

Yehowa Adansefo a wotintim nsɛmma nhoma yi gye di sɛ Bible mu afotu a mfaso wɔ so no betumi aboa awarefo a wɔyɛ basabasa no ma wɔasesa wɔn suban. So ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛsesa obi suban? Dabi. Nanso ebetumi ayɛ yiye? Yiw! Bible nkyerɛkyerɛ aboa nnipa pii ma wɔde ayamye ne obu asi sɛnea na wodi atirimɔdensɛm no ananmu. (Kolosefo 3:8-10) Susuw Troy ne Valerie suahu yi ho hwɛ.

Mfiase no na mo ntam te dɛn?

Valerie: Anadwo a yɛpenee so sɛ yɛbɛware no, Troy bɔɔ m’asom paa ma m’anim soasoae bɛyɛ nnawɔtwe. Ɔpaa me kyɛw paa, na ɔhyɛɛ me bɔ sɛ ɔrenyɛ saa bio da. Wɔ mfe pii a yɛde aware mu no, mate kyɛwpa yi mpɛn pii.

Troy: Biribiara kɛkɛ tumi ma me bo fuw—te sɛ aduan a wanyɛ no ntɛm. Bere bi, mede tuo hwee Valerie. Bere foforo nso, mehwee no araa ma na misusuw sɛ wawu. Bio nso, mede sekan too yɛn babarima no menewam de hunahuna me yere.

Valerie: Daa na me yam hyehye me. Ɛtɔ da a, miguan fi fie kosi sɛ Troy bo bedwo. Ne nyinaa mu no, na ɔhwe bebrebe no nhaw me te sɛ yaw a na ɔyeyaw me no.

Troy, so na wo bo fuw bere nyinaa?

Troy: Yiw, efi me mmofraberem. Wɔtetee me wɔ abusua a basabasayɛ wom mu. Ná me papa hwe me maame daa wɔ me ne me nuanom anim. Otu fii fie gyaw yɛn hɔ no, me maame kɔfaa ɔbarima foforo, na na ɔno nso hwe no. Ɔtoo me ne me nuabea nyinaa mmonnaa. Eyi ma wɔde no too afiase. Nokwarem no, merentumi mfa eyi mu biara nyi me ho ano sɛ ɛno nti na meyɛ saa no.

Valerie, dɛn nti na eyi nyinaa akyi wotenaa aware no ho?

Valerie: Ná misuro. Ná meka no me tirim sɛ, ‘Anhwɛ a, ɔbɛhwehwɛ me akum me anaa m’awofo. Sɛ mebɔ atumfoɔ no amanneɛ na nneɛma gye nsam koraa ɛ?’

Bere bɛn na nneɛma fii ase sesae?

Troy: Me yere ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible. Mfiase no, na metwe nnamfo foforo a wanya no ho ninkunu, na misusuwii sɛ ɛsɛ sɛ mebɔ ne ho ban fi “sum ase kuw” yi ho. Enti meyɛɛ me yere ne Adansefo no nyinaa basabasa sen kan no mpo. Nanso dakoro, yɛn babarima, Daniel, a wadi mfe anan a na ade taa tɔ no so no kɔdaa ayaresabea bɛyɛ nnawɔtwe abiɛsa. Saa bere no, Adansefo no yɛɛ nneɛma pii maa yɛn—mpo wɔhwɛɛ yɛn babea, Desiree, a wadi mfe asia no. Ɔdansefo bi a wapɔn anadwo adwuma hwɛɛ Daniel da mũ nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a Valerie betumi ada kakra. Nkurɔfo yi—nkurɔfo koro yi ara a na mibu wɔn animtiaa no—ayamye a wɔdaa no adi no kaa me yiye. Mibehuu sɛnea nokware Kristosom te ankasa, enti meka kyerɛɛ Adansefo no sɛ wɔne me nsua Bible no. Yɛreyɛ adesua no, mibehuu nea ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ ne yere, ne nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ. Migyaee basabasayɛ ne subammɔne no nyinaa. Bere bi akyi no, mebɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo.

Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛboaa wo ma wosesae?

Troy: Ɛyɛ pii. Wɔ 1 Petro 3:7 no, Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ midi me yere “ni.” Galatifo 5:23 hyɛ “odwo” ne “ahosodi” ho nkuran. Efesofo 4:31 ka sɛ “kasatia” nye. Hebrifo 4:13 ka sɛ “nneɛma nyinaa ho da hɔ” wɔ Onyankopɔn anim. Enti sɛ m’afipamfo nhu me suban a, Onyankopɔn de, ohu. Mibehui nso sɛ ɛsɛ sɛ mesesa nnipa a me ne wɔn bɔ fekuw no efisɛ “fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Asɛm no ne sɛ, na nnamfo a kan me ne wɔn bɔ no piapia me ma meyɛ basabasa. Na wosusuw sɛ eye sɛ ɔbarima hwe ne yere sɛnea ɛbɛyɛ a “obebu no.”

Seesei wuhu w’aware dɛn?

Valerie: Troy bɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo no mfe 25 ni. Efi bere a ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo no, ofi komam da ɔdɔ, ayamye ne tema adi kyerɛ me.

Troy: Merentumi nsesa bɔne a meyɛɛ m’abusua no, na ɛmfata koraa sɛ me ne me yere dii nsɛm atirimɔden so saa. Nanso mehwɛ kwan sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 65:17 no bɛbam, bere a yɛn werɛ befi nneɛma bɔne a ɛkɔɔ so wɔ yɛn asetenam no koraa.

Afotu bɛn na mo baanu nyinaa de bɛma mmusua a wohyia abusua mu basabasayɛ no?

Troy: Sɛ wohwe w’abusuafo anaa woyeyaw wɔn a, hu sɛ wuhia mmoa, na hwehwɛ no ntɛm. Mmoa pii wɔ hɔ ma wo. Me fam no, Yehowa Adansefo a wɔne me suaa Bible no boaa me ma midii me subammɔne a na ɛma meyɛ basabasa no so.

Valerie: Mpere wo ho mfa wo tebea no ntoto obiara de ho na nni nnipa a wosusuw sɛ wonim nea eye ma wo no afotu akyi. Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na nneɛma bɛkɔ akowie sɛɛ de, nanso ɛyɛ me anigye sɛ mannyae aware, efisɛ seesei yɛn aware asɔ.

OFIE BASABASAYƐ A ƐBƐBA AWIEI

Bible adesua aboa mmarima pii ma wɔayɛ nsakrae a ehia

Bible ka sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ.” (2 Timoteo 3:16) Sɛnea Troy a yɛaka n’asɛm yi yɛe no, awarefo a wɔyɛ basabasa pii de Bible mu afotu ayɛ adwuma na ama wɔatumi asesa sɛnea na wosusuw nneɛma ho ne wɔn suban.

Wobɛpɛ sɛ wuhu pii fa sɛnea Bible no betumi aboa w’abusua? Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no, anaa kɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org.

a Wɔasesa edin no bi.

b Yegye tom sɛ mmarima pii nso hu amane wɔ mmea nsam. Nanso amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, mmarima na wɔtaa di ofie basabasayɛ ho fɔ.

DƐN NTI NA WƆTENA HO?

Dɛn nti na mmea awarefo binom kɔ so ne wɔn ahokafo a wɔyɛ wɔn basabasa tena? Nea wɔtaa ka ne sɛ, wosuro sɛ sɛ wogyaa aware a, ebia nneɛma begye nsam koraa. Mmarima binom ahunahuna wɔn yerenom sɛ sɛ wonnim na woguan fi aware ase a, wobepira wɔn anaa wobekum wɔn. Mmarima pii ayɛ saa ankasa.

Ebinom twentwɛn wɔn nan ase efisɛ wosuro sɛ wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo bɛkasa atia wɔn, na wɔbɛka sɛ wɔhããhãã wɔn ani dodo. Sɛ nhwɛso no, Isabel a yɛfaa n’asɛm kae no gyaa ne kunu. Ɔka sɛ: “Me nuabea panyin bo fuw me paa na ɔka kyerɛɛ me sɛ mensan nkɔ me kunu nkyɛn—ná onnye nni sɛ ɔbarima ‘pa’ a ɔte saa betumi adi atirimɔdensɛm saa. M’afipamfo nyinaa poo me, na eyi nti, me ne me mma tu fii hɔ.”

Nneɛma foforo a enti mmea binom tena aware ho na edidi so yi:

  • Wɔpɛ sɛ awofo baanu no tete wɔn mma ma wonyin.

  • Wosuro sɛ ebia na wɔantumi annya sika anhwɛ wɔn ho ne wɔn mma no.

  • Wodi mfomso susuw sɛ ebia nea asi no fi wɔn.

  • Wɔfɛre sɛ wɔbɛka sɛ wɔahwe wɔn.

  • Wosusuw sɛ ebia nneɛma bɛsesa.

Yehowa Adansefo gye Bible nnyinasosɛm a ɛka sɛ awaresɛe nkutoo na ɛma obi kwan ma ogyaa aware no tom. (Mateo 5:32) Nanso tebea horow bi betumi ama ebinom atetew wɔn ho afi wɔn aware mu hokafo ho, a ebi ne bere a obi hwe ne hokafo no.

BIBLE NNYINASOSƐM A EBETUMI ABOA OKUNUNOM

  • Da obu ne nidi adi kyerɛ wo yere.—1 Petro 3:7.

  • Dɔ wo yere sɛ w’ankasa honam.—Efesofo 5:28, 29.

  • Kɔ so da ɔdɔ adi na ma enyin.—Efesofo 5:25.

  • Kwati kasatia.—Efesofo 4:29, 31.

  • Hyɛ w’abufuw so.—Mmebusɛm 29:11.

  • Hu sɛ, wutumi hyɛ wo ho so a, ɛbɛma woanya obu ama wo ho, sen sɛ wobɛhyɛ afoforo so.—Mmebusɛm 16:32.

  • Susuw nea ebefi wo nneyɛe mu aba no ho.—Galatifo 6:7.

  • Sɛ wuhu sɛ wo bo reyɛ afuw a, ɛbɛyɛ papa sɛ wufi adi.—Mmebusɛm 17:14.

  • Sua sɛ wubekyi basabasayɛ.—Dwom 11:5.

  • Mmu wo yere sɛ ɔba fam, na mmom bu no sɛ wo hokafo ne wo boafo.—Genesis 1:31; 2:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena