Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 11/13 kr. 16
  • So Wowɔ “Apontow mu Daa”?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wowɔ “Apontow mu Daa”?
  • Nyan!—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mateo 6:34—“Munnnwinnwen Ɔkyena Ho”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Dwen Ɔkyena Nso Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • 4 | Anidaso a Wowɔ No, Bɔ Ho Ban
    Nyan!—2022
  • Bible Betumi Aboa Wo Ma Woanya Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2013
g 11/13 kr. 16

So Wowɔ “Apontow mu Daa”?

“Mmɔborɔni de, da biara nye mma no; na nea ɔwɔ anigye koma no wɔ apontow mu daa.”​—Mmebusɛm 15:15.

SAA nsɛm no kyerɛ dɛn? Ɛfa yɛn nsusuwii ne yɛn nkate ho. “Mmɔborɔni” mfa n’adwene nsi nneɛma pa so ma enti da biara “nye” mma no. Nanso nea “ɔwɔ anigye koma” no bɔ mmɔden sɛ ɔde n’adwene besi nneɛma pa so​—su a ɛma onya akomatɔyam ma enti “ɔwɔ apontow mu daa.”

Yɛn nyinaa wɔ ɔhaw ahorow a ebetumi ama yɛadi awerɛhow. Nanso, yebetumi ayɛ nneɛma bi a sɛ yɛkɔ ahokyere mu koraa a ɛrensɛe yɛn anigye. Susuw nea Bible no ka ho hwɛ.

  • Mfa nea ɛbɛba ɔkyena nhaw wo ho nnɛ. Yesu Kristo kae sɛ: “Monnhaw mo ho wɔ ɔkyena ho; ɔkyena ankasa benya ne haw. Ɛho nhia sɛ yɛde da biara da haw no bi bɛka ho.”​—Mateo 6:34, Good News Translation.

  • Bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene besi nneɛma pa a asisi wɔ w’asetenam no so. Nokwarem no, sɛ wote nka sɛ wabotow a, dɛn nti na wunsusuw nneɛma pa a ɛte saa no bi ho? Afei nso, nnwinnwen mfomso ahorow bi a woadi anaa bɔne bi a woayɛ atwam no ho. Sua biribi fi mu, na hwɛ so bɔ wo bra. Nea mmoa adi no, ma wonni nkɔ. Ma ɛntena w’adwenem nso sɛ, ‘Onyankopɔn nsam na fafiri wɔ.’​—Dwom 130:4.

  • Sɛ nneɛma hyɛ wo so a, ka w’asɛm kyerɛ obi a obetumi akyekye wo werɛ. Mmebusɛm 12:25 ka sɛ, “Awerɛhow” ma yɛn koma “botow, na asɛmpa ma edi ahurusi.” Saa “asɛmpa” no betumi afi obusuani anaa adamfo bi a wowɔ ne mu ahotoso​—obi a onni wo ho adwemmɔne na mmom ‘ɔdɔ wo bere nyinaa.’​—Mmebusɛm 17:17.

Nsɛm a aba wom a ɛwɔ Bible mu no aboa nnipa pii ma wɔanya anigye wɔ mmere a emu yɛ den mpo mu. Ma nsɛm a ɛsom bo yi mmoa wo nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena