Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 3/14 kr. 12-13
  • Nisuo​—Ɛboa Wo Sɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nisuo​—Ɛboa Wo Sɛn?
  • Nyan!—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Nusu Bebree Yi?
    Nyan!—1993
  • Nea Yesua Fi Nisu a Yesu Tewee No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Wo Nisu Som Bo Ma Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • “Hwɛ! Mereyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 3/14 kr. 12-13
Papa bi rete nisuo

Nisuo—Ɛboa Wo Sɛn?

YƐWO akwadaa biara to hɔ a, osu. Onimdefo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ esu yɛ biribi a nkwadaa de kyerɛ sɛ wohia biribi. Enti sɛ yesu a, ɛkyerɛ sɛ ade ahia yɛn. Ɛnneɛ adɛn nti na sɛ yenyin a yesu, bere a yebetumi akasa?

Nneɛma pii nti na yɛte nisuo. Ebi ne awerɛhow, ahometew, yareɛ anaa adwennwene. Saa nso na anigyeɛ, ahotɔ, ne nkonimdi nso betumi ama yɛasere asu. Sɛ obi su na wugyina nkyɛn a, ebetumi asan wo. María kae sɛ: “Sɛ mihu sɛ obi resu a, sɛ dɛn na ɛyɛɛ no oo, sɛ dɛn na ɛyɛɛ no oo, wubehu ara na me nso meresu.” Ɛtɔ da nso a, sini bi a worehwɛ anaa nhoma bi a worekan betumi ama woasu.

Abaayewa, akwadaa, ne maame bi rete nisuo

Sɛ dɛn na ɛma yesu oo, sɛ dɛn na ɛma yesu oo, esu yɛ biribi a yɛnam so kyerɛ nea ɛwɔ yɛn komam. Nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Sɛ yɛte nisuo ketewaa bi koraa a, ɛma obiara hu nea ɛwɔ yɛn komam.” (Adult Crying) Nisuo ma obiara ho yera no. Fa no sɛ obi resu awerɛhow su. Sɛ wuhu a, yɛn mu dodow no ara ntumi nyi yɛn ani efisɛ ɛma yehu sɛ obi rehu amane. Sɛ ɛba saa a, yemia yɛn ani kyekye ne werɛ na yɛboa no.

Animdefo bi gye di sɛ esu boa yɛn ma ahometew ne yaw fi yɛn mu, na sɛ obi taa de nisuo hyɛ ne mu a, ebetumi ama no ayare. Ebinom nso kyerɛ sɛ, sɛnea esu ma yɛn ho tɔ yɛn wɔ nipadua ne adwene mu no, nyansahufo nhwehwɛɛ mu. Nanso nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wuyi mmea 100 a, emu 85 kyerɛ sɛ, sɛ wosu a, wɔn ho tɔ wɔn; mmarima 100 biara nso, emu 73 na wogye toom saa. Noemí ka n’asɛm sɛ: “Ɛtɔ da bi a, me ara mitumi hu sɛ, ɛsɛ sɛ misu. Sɛ misu wie a, migu ahome na mihu sɛ me ho abae me.”

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wuyi mmea 100 a, emu 85 kyerɛ sɛ, sɛ wosu a, wɔn ho tɔ wɔn; mmarima 100 biara nso, emu 73 na wogye toom saa

Nanso ɛnyɛ su nko ara na ɛma yɛn ho bae yɛn. Sɛ wusu na obi yɛ ho biribi a, ɛboa paa, ɛnkanka ne sɛ wakyekye wo werɛ; wuhu sɛ wo ho atɔ wo. Na sɛ wusu na obiara amfii wo a, w’ani tumi wu na wote nka sɛ obiara mfa w’asɛm nyɛ asɛm.

Yɛreka yi, nneɛma pii wɔ esu ho a yennim. Nanso yenim sɛ esu yɛ biribi a Onyankopɔn de ama yɛn a ɛma nkurɔfo hu nea ɛwɔ yɛn komam.

WUNIM?

Sɛ nkwadaa a yɛawo wɔn foforo su a, nisuo mma. Nsuo bi wɔ wɔn ani so dada a ɛbɔ wɔn ani ho ban, nanso ɛyɛ kakra na nisuo kwan no buebue a, afei deɛ wɔnya nisuo.

Nisuo ahorow mmiɛnsa

  • Nea Edi Kan. Ɛyɛ nisuo a ɛwɔ yɛn ani so a ɛboa ma ani no tumi twa ne ho. Afei nso ɛma yehu ade yiye. Sɛ yɛbɔ yɛn ani a, nsuo no fa ani no nyinaa so.

  • Nea Ɛtɔ so Mmienu. Ɛyɛ nsuo a ɛba yɛn ani so bere a biribi akɔ yɛn ani anaa ade atɔ so. Sɛ yɛsre anaa yɛhram a, saa nisuo yi na ɛba yɛn ani so.

  • Nea Ɛtɔ so Mmiɛnsa. Eyi yɛ nisuo a nnipa nko ara na ɛte. Yɛte saa nisuo yi bere a yɛn werɛ ahow. Protein a ɛwom no dɔɔso sen nisuo a ɛba yɛn ani so bere a biribi akɔ yɛn ani anaa ade atɔ so no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena