Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/14 kr. 9
  • 3 Anidaso Wɔ Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 3 Anidaso Wɔ Hɔ
  • Nyan!—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wohwɛ a, Dɛn Na Ebesi Daakye?
    Wohwɛ a, Dɛn Na Ebesi Daakye?
  • Bible Ma Yenya Anidaso
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Bible Ma Yenya Anidaso
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Fi Bible Mu Nkɔmmɔ Ase
  • Ɛhe na Wubetumi Anya Anidaso Ankasa?
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 4/14 kr. 9
Owura bi a ɔde ne werɛ nyinaa ahyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ mu

ASƐM A ƐDA SO | EHIA WO A NWU

3 Anidaso Wɔ Hɔ

“Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—DWOM 37:11.

Bible ma yehu sɛ onipa nkwa “nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Ɛnnɛ, obiara wɔ ne haw. Nanso ebinom deɛ, wɔto wɔn ani a ɛntɔ obiara anim, enti ɛyɛ wɔn sɛ anidaso asa. Saa na ato wo anaa? Sɛ saa a, ka wo koma to wo yam. Bible ma yehu sɛ anidaso wɔ hɔ ma nnipa nyinaa; wo nso wo ka ho. Ebi na edidi so yi:

  • Bible kyerɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ ade papa bi ma yɛn.—Genesis 1:28.

  • Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma asase ayɛ paradise.—Yesaia 65:21-25.

  • Ɛdan sɛ boɔ a, saa bɔhyɛ no bɛbam. Adiyisɛm 21:3, 4 ka sɛ:

    “Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu, na ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”

Eyi nyɛ bɔsrɛmka. Yehowa Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɛbɛbam ɔkwan biara so. Ɔwɔ tumi, na ɛwɔ ne komam nso sɛ ɔbɛyɛ. Nea Bible aka no yɛ nokware turodoo, ɛno nti sɛ yɛka sɛ, “Ehia wo a nwu” a, yedi ka.

KAE SAA ASƐM YI: Nneɛma betumi aha wo araa ma wunhu nea wonyɛ wo ho. Nanso Bible mu asɛm ma anidaso, na ebetumi ama woagyina pintinn.

NEA WUBETUMI AYƐ ƐNNƐ: Firi aseɛ hwehwɛ anidaso a ɛwɔ Bible mu no. Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛboa wo. Wubetumi ahwehwɛ wɔn wɔ baabi a wote. Wopɛ nso a, kɔ wɔn Wɛbsaet wɔ jw.org.a

a Nea wubetumi ayɛ: Kɔ jw.org na hwɛ PUBLICATIONS > ONLINE LIBRARY. Wudu hɔ a, hwehwɛ “depression” anaa “suicide” na wubehu pii aka ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena