Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 6/14 kr. 3
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • China
  • Wiase Nyinaa
  • Canada
  • Ireland
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Kristofo Ayeforohyia Ahorow a Ɛde Anigye Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Sɛn Na Yehowa Adansefo Yɛ Ayeforo?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Aware A Nidi Wom Wɔ Onyankopɔn Ne Nnipa Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 6/14 kr. 3

WIASE NSƐM

China

Nnipa a wɔagyae aware

Efi January kosi September, afe 2013 no, awaregyae huruw kɔɔ soro paa wɔ Beijing kuro no mu. Wode toto afe 2012 deɛ ho a, na ɛkyerɛ sɛ awaregyae kɔɔ soro ɔha mu nkyɛm 41. Animdefo kyerɛ mu sɛ, deɛ ɛkɔfaa eyi bae ne ɛtow ho asɛm bi a abɛtɔ ɔman no mu nnansa yi. Sɛ awarefo tɔn wɔn fie a, sika no mu ɔha mu nkyɛm 20 kɔ aban hɔ. Nanso sɛ wɔagyae aware na wɔpɛ sɛ wɔtɔn fie foforo a, ɛtɔ da a wonnye wɔn saa tow no.

Wiase Nyinaa

Prɛte a mmoawammoawa a yɛwe gu mu

Amanaman Nkabom no de ato gua sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka amanfoɔ nwe mmoawammoawa te sɛ mmɛbɛ, asisirapɛ ne deɛ ɛkeka ho. Ɛno bɛma wɔanya nnuanennuro a ɛfata. Nneɛma a nnipa ntumi nni no, mmoawammoawa no tumi di, na nnipa nso awe mmoawammoawa no. Amanneɛbɔ bi a wɔde too gua nnansa yi kae sɛ yebetumi de mmoawammoawa “ayɛ yɛn nam.” Nanso amanneɛbɔ no san kae sɛ “ɛnyɛ ebinom akɔnnɔ sɛ wɔbɛwe saa mmoawammoawa no.”

Canada

Mmadwoa a nkwa abam a akyenkyen

Ayaresabea a wɔyɛ awoɔ aduro no, wɔagyegye mmadwoa ne mmarima ho nsuo afra ama nkwa aba mu; ɛhyehyɛ frigye mu nanso wonhu ne “wuranom.” Agya wɔn adwennwene efisɛ, ɛyɛ wɔn yaw sɛ wɔbɛto agu, na wɔto gu a, wobetumi anya asɛm. Ayaresabea bi deɛ, wɔkyerɛ sɛ mmadwoa a ɛte saa 1,000 na abedi wɔn hɔ. Wonhu ne wuranom “akyiri akwan.”

Ireland

Obi a ɔnnye Nyankopɔn nni a ɔrehwɛ aware so

Bere bi a atwam no, na Katolekfo a wɔwɔ Ireland tumi ware asɔredan mu anaa aban mu. Efi 2013 reba yi deɛ ebinom tumi ware aban mu ma wɔn a wɔmpɛ nyamesom hyira aware no so ma wɔn. Sɛnea Reuters amanneɛbɔ bi kyerɛ no, sɛ “nkurɔfo bebree ware aban mu wie a, wɔpɛ sɛ obi nhyira so nanso wɔmpɛ sɛ wɔkɔ asɔredan mu.” Ɛde adwuma pii abrɛ kuw a wɔmpɛ nyamesom no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena