Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 6/14 kr. 14-15
  • Nea Ɛbɛma Moahwɛ Mo Sika Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛma Moahwɛ Mo Sika Yiye
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • Sɛnea Wɔhwɛ Sika So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Sɛnea Mobɛhwɛ Mo Sikasɛm Yiye
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • So Wosɛe Sika Pii Sen Sɛnea Wunya?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 6/14 kr. 14-15
Awarefo bi retotɔ nneɛma

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Nea Ɛbɛma Moahwɛ Mo Sika Yiye

ƆHAW NO

Wohwɛ wo sika a ɛda hɔ ne ɛka a egu wo so a, wobɛka sɛ wo bɔtɔ to ate. Wowaree nkyɛee koraa, na wuhu sɛ woresɛe sika dodo. Ɛyɛ wo kunu anaa wo yere na ɔresɛe sika no? Mpɛ ntɛm mmua. Ebetumi aba sɛ nneɛma bi na ama mo mmienu nyinaa moresɛe sika, enti monka mo adwene mmom, na monhwɛ saa nneɛma no.a

NEA ƐDE ƆHAW NO BA

Monyɛ nsakrae. Wo ne w’awofo na na ɛte ansa na woreware? Ɛnde ɛbɛyɛ ade foforo ama wo sɛ wubetuatua nneɛma bi ho ka, te sɛ kanea ne nsu ne ade. Ebetumi nso aba sɛ wo ne wo hokafo no, ɛsono sɛnea obiara yɛ ne sika. Baako betumi ayɛ atotɔatotɔ na baako nso nya sika a, odi bi de bi sie. Ɛbɛyɛ kakra ansa na mo adwene ayɛ baako wɔ sika ho.

Nwura afuw akyekyere awarefo no nan

Ɛka te sɛ gaaden mu nwura, wubu w’ani gu so a, ebefuw afuw bio

Mmɔtohɔ. Jim yɛ ɔno ara n’adwuma, na onim adwuma no ani so paa. Ogye tom sɛ bere a ɔwaree foforo no, na ontumi ntoto ne nneɛma yiye na ɛmaa ɔbɔɔ ka bebree. Ɔkae sɛ: “Kanea anaa biribi ho ka ba a, na mede ato hɔ; ewiee aseɛ no, me ne me yere tuaa ka dɔla mpempem pii. Yɛn ho sika nyinaa sae!”

Sika a Woredi a Wunhu. Sɛ wufirifiri nneɛma a, wunhu sɛ worebɔ ka. Enti sɛ woyɛ obi a wotaa de credit card ne ne nkekaho tɔ ade a, ebi betumi ato wo. Saa ara na Intanɛt so aguadi ne nea ɛkeka ho nso te. Baabi a ɛnyɛ den sɛ wobɛbɔ bosea no, sɛ obi ware foforo na wanhwɛ yiye a, ɛka bɛmene no.

Sɛnea ɛte biara no, sikasɛm betumi de nsɛmnsɛm aba w’aware mu. Nhoma bi ka sɛ: “Awarefo dodow no ara kyerɛ sɛ, sɛ́ wɔwɔ bi anaa wonni bi no, sikasɛm ne wɔn haw kɛse paa. Sika tumi de akasakasa pii ba.”—Fighting for Your Marriage.

NEA WUBETUMI AYƐ

Monyɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ baako. Enhia sɛ obiara bɔ ne yɔnko soboɔ; monka mo tiri mmom sɛ mobɛte ɛka a mobɔ so. Monyɛ mo adwene sɛ moremma sikasɛm nsɛe mo ntam.—Bible nnyinasosɛm: Efesofo 4:32.

Monyɛ mo sika ho ntotoe. Sɛ mo sika sua mpo a, monkyerɛw nneɛma a mobɛtotɔ no bosome biara no nto hɔ. Ɛbɛma moahu deɛ mode mo sika yɛ na moantotɔ nneɛma a ɛho nhia.

Monkyerɛkyerɛw nneɛma a ehia sɛ mototɔ nyinaa, te sɛ aduan, ntaade, ɛdan ka, kar ho ka ne deɛ ɛkeka ho. Kyerɛw ɛka a mobɛbɔ wɔ ebiara ho hyɛ ano, na hwɛ sika dodow a wode bɛtɔ saa adeɛ no wɔ bosome biara mu.—Bible nnyinasosɛm: Luka 14:28.

“Nea ogye obi hɔ bosea no yɛ akoa ma nea ɔbɔ no bosea no.”—Mmebusɛm 22:7

Muntwa sika mma nneɛma bi te sɛ aduan, ɛdan ka, pɛtrol ne ne nkekaho. Deɛ ebinom yɛ ne sɛ, wɔde sika no hyehyɛ envelope mu na wɔkyerɛw ebiara din gu akyiri.b Sɛ envelope bi mu sika sa a, wobegyae saa adeɛ no tɔ, anyɛ saa nso a, wɔde envelope foforo mu sika na ɛbɛtɔ saa adeɛ no.

San hwɛ w’adwene wɔ ahode ho. Ɛnyɛ nneɛma a aba so na ɛma yenya anigye, efisɛ Yesu kae sɛ: “Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Wohwɛ mu a, sɛnea wototɔ nneɛma na ɛkyerɛ sɛ wugye Yesu nsɛm no di anaasɛ wunnye nni.—Bible nnyinasosɛm: 1 Timoteo 6:8.

Munnyae nneɛma bi akyidi. Aaron aware mfe mmienu ni, na asɛm a ɔkae ne sɛ: “Ahyɛase no, ɛbɛyɛ wo sɛ wubetumi atɔ biribi te sɛ cable TV, na wubetumi akɔ restɔrant akodidi, nanso woanhwɛ yiye a, ɛbɛwie aseɛ no, na woabɔ ka susuroo. Deɛ ɛbɛyɛ a yɛn ho renkyere yɛn nti, nneɛma bi wɔ hɔ a yegyaee akyidi.”

a Wɔn a wɔaware foforo nti na wɔkyerɛw asɛm yi, nanso emu nsɛm no betumi aboa awarefo nyinaa.

b Sɛ mototɔ nneɛma wɔ Intanɛt so anaa credit card na mode totɔ nneɛma a, monkyerɛkyerɛw sika a moatwa ama nneɛma no biara wɔ krataa so mfa nhyɛ envelope mu.

KYERƐWNSƐM ATITIRIW

  • “Mmom no, mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho.”—Efesofo 4:32.

  • “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban na onni kan ntena ase nsēsē nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɛdɔɔso a ɔde bewie?”—Luka 14:28.

  • “Yɛwɔ yɛn ano aduan ne nea yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.”—1 Timoteo 6:8.

Micah ne Megan

MICAH NE MEGAN

“Sɛ mo mu baako na ɔhwɛ mo sika so tuatua mo ho ka mpo a, ɛsɛ sɛ mo mmienu nyinaa hu mo sikasɛm mu. Sɛ motaa di nkɔmmɔ a, ɔhaw pii to betwa.”

David ne Nataleine

DAVID NE NATALEINE

“Yɛ ntotoe. Nyɛ w’adwene sɛ wo sika a ɛwɔ bank no, wubedi ne nyinaa. Sɛ wudi ne nyinaa na biribi si putupuru anaa wo kar sɛe a, wo ho bɛkyere wo.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena