Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 5/15 kr. 3
  • Wiase Nsɛm—Asia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm—Asia
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nimdeɛ bɔ Mmofra ho Ban
  • Mframa Gyampanturudu Akyi Asɛm
  • Mpanimfoɔ a Wɔkum Wɔn ho wɔ South Korea
  • Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim Hwɛ—Asɛnnennen A Ɛreyɛ Kɛse
    Nyan!—1991
  • Mahu Sɛ Wɔredɔɔso Wɔ Korea
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Awofo a Wɔn Ani Afi a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Wɔn No, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nea Yɛbɛyɛ De Ahwɛ Nkwakoraa ne Mmerewa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 5/15 kr. 3
Abaayewa bi ne ne maame wɔ Asia

WIASE NSƐM

Asia

Sɛ yɛreka wiase no fã baabi a nnipa hyɛ paa a, ɛyɛ Asia. Yɛkyɛ wiase mu nnipa mu nnan a, China ne India nko ara bɛfa baako. Sɛ ɛba ntetee ne ahobammɔ a, ɔhaw bɛn na aman a ɛwɔ Asia no rehyia?

Nimdeɛ bɔ Mmofra ho Ban

Mmaranimfo a wɔwɔ China ka sɛ mmofraberem pɛɛ no, sɛ awofo ankyerɛ wɔn mma ɔbarima ne ɔbaa nna ho nsɛm a, ɛnyɛ den koraa sɛ nnipabɔnefo bɛyɛ wɔn basabasa. Bɛyɛ mfe nnan bi ntam no, wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ 8,000 soboɔ wɔ China sɛ wɔayɛ mmofra basabasa. Mmaranimfo bi a ɔwɔ Beijing Normal University kaa sɛ: “Ɛnyɛ den koraa sɛ nnipa bɛyɛ mmofra basabasa. Nanso sɛ mmofra hu nna ho nsɛm sɛnea ɛfata a, ɛbɛsi ɔhaw yi ano.”

NEA BIBLE KA: Awofo a wɔn ani da hɔ boa wɔn mma ma wɔhu sɛnea wɔbɛbɔ wɔn ho ban “afiri nkontomponi” ho.—Mmebusɛm 2:1, 10-12.

Mframa Gyampanturudu Akyi Asɛm

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ bere biara a ahum kɛse bɛtu afa Philippines no, afe a ɛdi hɔ no, mmaayewa pii wuwu. Mmaayewa a wɔwu no boro nnipa a ahum no ankasa kunkum wɔn no so mpɛn 15. Dɛn na ɛde wei ba? Adeɛ baako ne sɛ, sɛ ahum kɛse tu saa a, nkurɔfo pii adwuma sɛe. Bio, ɛyɛ den sɛ nnipa bɛnya sika asisi adan foforo. Afei ɔkwan a wɔfa so hwɛ mmaayewa wɔ wɔn adidi ne wɔn ayaresa mu no nkɔ yie.

NEA BIBLE KA: ‘Kyɛ w’aduane mu ma deɛ ɛkɔm de no, na fa ahiafoɔ a wɔnni baabi teɛ kɔ wo fie. Sɛ wohu obi a ɔda adagya a, kata ne ho.’—Yesaia 58:7.

Mpanimfoɔ a Wɔkum Wɔn ho wɔ South Korea

Nnipa pii hyɛɛ da kunkum wɔn ho wɔ South Korea afe 2011 mu. Woyi wɔn mu 100 si hɔ a, wɔn mu bɛboro 25 yɛ mpanimfoɔ a wɔadi mfe 65 ne akyi. Nnipa bi a wɔyɛɛ asɛm yi mu nhwehwɛmu kaa sɛ nkurɔfo nte wɔn ani nhwɛ nkwakoraa ne mmerewa sɛnea ɛsɛ. Bio nso, nnipa a wɔn mfe akɔ anim wɔ South Korea no mu pii di hia. Seesei South Koreafo dodow no ara nnye ntom sɛ ɛhia sɛ mmofra boa wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim.

NEA BIBLE KA: “Di wo papa ne wo maame ni.”—Efesofoɔ 6:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena