Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 6/15 kr. 8-9
  • Mma Biribiara Ntete Mo Ntam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mma Biribiara Ntete Mo Ntam
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • 1 Fa Wo Koma Hyɛ Mu
    Nyan!—2018
  • Sɛnea Wobɛma W’aware Ayɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nya Ahofama wɔ W’aware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Wubetumi Abɔ W’aware Ho Ban!
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 6/15 kr. 8-9
Awarefo bi a wɔn ani agye retu mpase

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWAREƐ

Mma Biribiara Ntete Mo Ntam

ƆHAW NO

Da a wowaree no, wohyɛɛ bɔ bi. Wokaa sɛ nsuo mu oo, awia mu oo, wo ne no ara; gye owuo na ɛbɛtete mo ntam.

Nanso afei deɛ, awareɛ ne emu nsɛmnsɛm reyɛ ama nneɛma agyigya. Enti wohwɛ a, sɛnea na wodɔ wo hokafo no saa ara na ɛte nnɛ?

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Awarefo bi te hyɛmma a wɔato no sɛkyɛ mu

Wode wo koma nyinaa ma wo hokafo a, w’awareɛ bɛyɛ te sɛ hyɛmma a wɔato no sɛkyɛ; ɛbɛgyina

Nsuro sɛ wode wo koma bɛma wo hokafo. Nnɛ nnipa pii suro sɛ wɔde wɔn koma bɛma wɔn kunu anaa wɔn yere. Ebinom ka sɛ wode wo koma nyinaa ma wo hokafo a, ɛte sɛ nea wode ahoma asɔ wo mene. Nanso ɛnyɛ saa na ɛte. Mmom, woyɛ saa a, w’awareɛ bɛyɛ te sɛ hyɛmma a wɔato no sɛkyɛ; ɛbɛgyina. Ɔbaa warefo bi a ɔde Megan kaa sɛ, “Sɛ akasakasa bi sɔre na obiara nim sɛ waku ne ho ama awareɛ no a, ɔrempɛ ntɛm mfi mu.”a Sɛ mogye tom paa sɛ awareɛ no atim a, ɛnneɛ sɛ nsɛnnennen bi mpo sɔre a, mobɛnya nea mobɛgyina so asiesie.—Hwɛ adaka a wɔato din “Ɔdɔ ne Nokwaredi.”

Yɛbɛtwa no tiaa a, sɛ worehyia ɔhaw wɔ w’awareɛ mu a, ɛnyɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ woma w’adwenem yɛ wo naa. Mmom, ɛsɛ sɛ wohyɛ wo dɔ mu den. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Gye bere hwehwɛ wo ho mu. “Gye owuo na ɛbɛtete yɛn ntam.” Wote saa asɛm yi a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ɛyɛ wo sɛ wode ahoma resɔ wo mene anaa wote nka sɛ ɛyɛ ahobammɔ? Sɛ wohyia ɔhaw bi wɔ w’awareɛ mu a, nea ɛba w’adwenem ara ne sɛ wobɛgyae awareɛ? Sɛ wobu awareɛ sɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛtena hɔ daa a, ɛbɛboa ma woahyɛ wo dɔ mu den.—Bible mu asɛm: Mateo 19:6.

Hwehwɛ w’abusua mu. W’awofo awareɛ bɛtumi aka w’awareɛ. Ɔbaa warefo bi a ɔde Lea kaa sɛ, “Bere a m’awofo gyaa awareɛ no na mesua, enti na ɛyɛ me sɛ mentumi mfa me koma nyinaa mma obi.” Nya awerɛhyem sɛ wobɛtumi ama w’awareɛ agyina. Sɛ w’awofo awareɛ gui a, ɛno nkyerɛ sɛ wo nso w’awareɛ bɛgu!—Bible mu asɛm: Galatifoɔ 6:4, 5.

Hwɛ wo kasa yie. Sɛ akasakasa ba wo ne wo hokafo ntam a, ɛyɛ a nkeka nsɛm bi a wobɛnu wo ho akyiri yi. Nkeka nsɛm te sɛ, “Woyɛ a megyaa wo!” anaa, “Merekɔpɛ obi a ɔbɛdɔ me!” Nsɛm a ɛte saa remma monnye mo ho nni, na ɔhaw a asɔre no nso, morentumi nni ho dwuma. Mmom ɛbɛdan atɛnnidi ne ntɔkwa hunu. Enti sɛ anka wobɛkeka nsɛm a ɛwowɔ no, wobɛtumi aka biribi te sɛ: “Seesei yɛn nyinaa bo afuw. Ɛnneɛ, yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ntam?”—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 12:18.

Ma wo hokafo nhu sɛ ‘wo koma wɔ awareɛ no mu.’ Ɛyɛ a fa wo kunu anaa wo yere mfoni si wo pon so wɔ adwumam. Mfa w’awareɛ mu nsɛm nkɔsi dwa so. Baabi a wobɛkɔ biara bɔ mmɔden sɛ wobɛfrɛ wo yere anaa wo kunu ne no akasa. Ɛyɛ a ma nsɛm bi te sɛ “yɛn” anaa “me ne me yere” anaa “me ne me kunu” mpue wɔ wo kasa mu. Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wodɔ wo yere anaa wo kunu, na nkurɔfo nso bɛhu sɛ womfa w’awareɛ nni agorɔ.

Hwɛ awarefo a wɔyɛ nhwɛso pa na sua wɔn. Wo ne awarefo a wɔn ho akokwa awareɛ mu mmɔ nkɔmmɔ. Bisa wɔn sɛ, “Dɛn paa na aboa ma mo awareɛ agyina abɛsi sesɛɛ?” Bible ka sɛ: “Dadeɛ na wɔde se dadeɛ ano. Saa na onipa nso se ne yɔnko anim.” (Mmebusɛm 27:17) Sɛ yɛma Bible mu asɛm yi tena yɛn adwenem a, yɛbɛtwe apini awarefo a wɔn ho akokwa ma wɔde wɔn afotu pa aboa yɛn.

a Sɛ obi kunu anaa ne yere fi n’akyi a, Bible ma kwan sɛ nea ne ho nni asɛm no bɛtumi agyaa nea wasɛe awareɛ no. Hwɛ asɛm a ɛwɔ Nyan! yi mu a wɔato din “Bible no Adwene​—Awaresɛe.”

KYERƐWNSƐM ATITIRIW

  • “Deɛ Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntete mu.”​—Mateo 19:6.

  • “Obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.”​—Galatifoɔ 6:5.

  • “Ɛwɔ deɛ ɔtu nsɛm bumbum sɛ nkrantɛ a ɛwowɔ, na anyansafoɔ kɛtrɛma deɛ, ɛsa yareɛ.”​—Mmebusɛm 12:18.

ƆDƆ NE NOKWAREDI

‘Sɛ wo ne wo hokafo di mo ho mo ho nokware a, ɛma mote nka sɛ mobɛtena akyɛ. Sɛ mosusu asram, mfe, ne mfe dudu a ɛda mo anim no ho a, mohu mo baanu nyinaa ho wom. Adwene a ɛne sɛ mobɛgyaa aware no remma mo tirim koraa, na eyi ma monya aware mu ahobammɔ. Ɔbaa warefo bi kaa sɛ: “Bere a me bo fuw [me kunu] paa anaasɛ bere a m’ani nnye biribi a ɛrekɔ so ho koraa mpo no, mennwene sɛ yɛn aware no bɛgu. Nea ɛhaw me ne ɔkwan a yɛbɛfa so ama nneɛma ayɛ sɛnea ɛte kan no. Menim sɛ ɔkwan biara so, yɛbɛsiesie yɛn ntam—ɛwom sɛ menhu sɛnea nneɛma bɛkɔ yie afa de.”’​—Ɛfi September 15, 2003, Ɔwɛn-Aban mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena