Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 9/15 kr. 7
  • Wiase Nsɛm—Middle East

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm—Middle East
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kanaan Nsayɛfo
  • Awo Dodow
  • Sika a Wɔde Asie
  • So Onyankopɔn Kasa Tia Nsa A Ano Yɛ Den Nom?
    Nyan!—1992
  • Ɔyɛɛ Anwonwade a Ɛdi Kan
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsã​—Adwene Bɛn Na Kristofo Kura Wɔ Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Yesu Anwonwade A Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 9/15 kr. 7
Nnipadɔm nam kwan mu wɔ sotɔɔ ahorow anim wɔ Middle East

WIASE NSƐM

Middle East

Sɛ yɛreka anibue paa a, Middle East ayɛ bi ama amansan. Ɛnyɛ nwonwa sɛ fam tutufo ahu akoradeɛ pii wɔ hɔ.

Kanaan Nsayɛfo

Ahina mmiɛnsa

Afe 2013 mu no, fam tutufo huu beae kɛse bi a na Kanaanfo kora wɔn nsã. Wɔhwehwɛɛ mu no, na beae a ɛte saa atena hɔ bɛyɛ mfe 3,700. Wɔhuu ahina akɛse 40 wɔ hɔ. Enti sɛ yɛreka a, beae a ɛte saa bɛtumi akora nnɛ bere yi mu nsatoa mmaako mmaako bɛyɛ 3,000. Nhwehwɛmu a fam tutufo no mu baako yɛeɛ daa no adi sɛ na Kanaanfo to wɔn bo ase yɛ wɔn nsã. Ɔkaa sɛ: “Sɛ wohwɛ nsã a ɛgu ahina biara mu a, wohu sɛ akwankyerɛ da ho, na wɔdii akyi pɛpɛɛpɛ.”

WONIM? Bible ma yɛhu sɛ na “nsã pa” nyɛ na wɔ tete Israel. Bio nso yɛhu sɛ na wɔwɔ ahina akɛse akɛse a wɔkora nsã wom.​—Solomon Dwom 7:9; Yeremia 13:12.

Awo Dodow

Guardian atesɛm krataa no de too dwa sɛ, sɛ yɛde mmofra a wɔwoo wɔn Egypt 2012 toto wɔn a wɔwoo wɔn 2010 ho a, yɛhu sɛ wɔn a wɔwoo wɔn 2012 no dɔɔso paa. Wɔboro 2010 deɛ no so bɛyɛ 560,000. Owura bi a ɔde Magued Osman ne Egypt adwumakuo bi a ɛde Baseera na ɛyɛ adwuma, na ɔde too dwa sɛ: “Yɛnhuu awo dodow saa da wɔ Egyptfo abakɔsɛm mu.” Animdefo bi kyerɛ sɛ, sɛ Egyptfo kɔ so wo saa a, ɛbɛdu baabi no nsuo, anyinam ahoɔden, ne aduane ho bɛyɛ na paa.

WONIM?

Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ nnipa bɛwo ‘ahyɛ asase so mã’ sɛnea ɛsɛ, nanso obiara ho renkyere no.​—Genesis 1:28; Dwom 72:16.

Sika a Wɔde Asie

Wɔhuu kɔbere sika bɛboro 100 a wɔakyerɛw so “Afe a Ɛtɔ so Nnan” wɔ Israel kwantempɔn bi ho. Date a ɛwɔ so no kyerɛ sɛ na wɔdi saa sika no bere a Yudafo sɔre tiaa Roma tumidi no (69-70 Y.B.). Saa atuateɛ no na ɛde Yerusalem sɛe baeɛ. “Afe a Ɛtɔ so Nnan” a ɛwɔ sika no so no kyerɛ sɛ atuateɛ bere no afe a ɛtɔ so nnan na wɔtwaa sika no. Owura bi a ɔhwɛ tete nneɛma so a ɔde Pablo Betzer kaa sɛ: “Ebia obi huu sɛ Roma asraafo no abɛn Yerusalem pɛɛ, enti ɛyɛɛ no sɛ kuro no awiei adu. Ne saa nti ɔde n’agyapade kɔhyɛɛ fam na akyiri yi wakɔtu.”

WONIM? Afe 33 Y.B. na Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ Roma asraafo bɛba abɛtwa Yerusalem ho ahyia. Enti ɔtuu Kristofo fo sɛ wɔnnwane nkɔ bepɔ so.​—Luka 21:20-24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena