Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 11/15 kr. 3-6
  • Enti Nyamesom Regu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Enti Nyamesom Regu?
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ama Ebinom Ani Nnye Nyamesom Ho?
  • Bible Kaa Nea Ɛrekɔ So no Ho Asɛm Too Hɔ
  • “Momfiri Ne Mu”!
  • Dɛn Ne Babilon Kɛse?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Babilon Kɛse No Ahwe Ase Na Wɔabu No Ntɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Yɛn Ho A Yɛbɛde Afi Atoro Som Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Onyankopɔn Gye Ɔsom Ahorow Nyinaa Tom Anaa?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 11/15 kr. 3-6

ASƐM A ƐDA SO

Enti Nyamesom Regu?

Abusua bi gyina asɔre bi a wɔatom anim

Wɔwoo Gaffar wɔ Turkey; ɔsom a na ɔwom no, wɔkyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn mfa bɔne nkyɛ. Ne yere Hediye nso, nkyerɛkyerɛ a ɔnya fii n’asɔre mu nti, ɔdii mfe nkron no, na ɔnte nneɛma bi ase. Ɔkaa sɛ, “Wɔmaa me gye dii sɛ obiara wɔ ne nkrabea. Meyɛ agyanka, enti mebisaa me ho sɛ, Bɔne bɛn na mayɛ a enti awie me sei? Ɛduru anadwo a, na metumi su saa. Medii mfe 15 no, na me koma afi asɔre no mu koraa.”

WO NSO ɛ, woabrɛ nyamesom? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara. Wokɔ aman pii so a, nnipa a wɔka sɛ wɔnni ɔsom biara mu no redɔɔso; obiara nnim nea ɛbɛsi. Aman a yɛreka wɔn ho asɛm no bi na ɛdidi so yi.

AUSTRALIA

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Australia no mu fã ani nnye nyamesom ho. Woyi nnipa du biara si hɔ a, baako “nnye Onyankopɔn nni.” Afe 2010 mu no, ɔsɔfo bi kaa sɛ bɛyɛ mfe 40 a atwam no deɛ, “nnipa pii mfa Kristosom nyɛ hwee.”

FRANCE

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ ɔman no mu nnipa kakraa bi na wɔn ani gye nyamesom ho. Dodow no ara mpɛ nyamesom anaa wɔnnye Onyankopɔn nni koraa. Nwoma bi a wɔfrɛ no The Economist de too dwa sɛ kan no na Katoleksom agye nhini wɔ hɔ nanso seesei “ɛreyɛ agye agu koraa.”

IRELAND

Nnipa a wɔregyae asɔre wɔ ɔman no mu nyɛ asɛm ketewa. Bere a wɔbisabisaa nnipa bi nsɛm no, wɔn mu pii kaa sɛ wɔmpɛ nyamesom, na woyi nnipa 10 biara si hɔ a, baako nnye Onyankopɔn nni koraa. Sɛ yɛhwɛ aman a nnipa pii nnye Onyankopɔn nni no a, Ireland ka ho. Nkurɔfo afi ase reka mpo sɛ ɛrenkyɛ “Katoleksom bɛgu wɔ Ireland.”

JAPAN

Japanfo a wɔbisabisaa wɔn nsɛm no mu kakraa bi na wɔse wɔn ani gye nyamesom ho; wɔn mu dodow no ara mpɛ nyamesom anaa wɔnnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.

SOUTH AFRICA

Ɛfi afe 2005 kɔsi 2012 no, nnipa dodow a wɔkɔ asɔre wɔ South Africa no so tee koraa.

TUNISIA

Afe 2013 mu no, wɔbisabisaa nkramofo a wɔwɔ Tunisia no pii nsɛm. Dodow no ara kaa sɛ seesei wɔfrɛ nyame wɔ fie na wɔnkɔ masalakyi bio. Nsɛmmɔnedi a adɔɔso wɔ hɔ nti na wɔnkɔ hɔ.

UNITED STATES

Ɛfi afe 2005 no, nnipa a wɔkɔ asɔre wɔ ɔman no mu so ate koraa. Wɔbisabisaa nnipa bi nsɛm, na woyi emu 5 biara a, baako kaa sɛ ɔnkɔ asɔre. Mmerante ne mmabaa a wɔnnya nnii mfe 30 mpo deɛ, woyi 3 biara a, baako nkɔ asɔre. Afe biara, asɔre bebree gu.

VIETNAM

Ɛfi afe 2005 kɔsi 2012 no, nnipa a wɔkaa sɛ wɔkɔ asɔre no so tee koraa.

Kuo a wɔfrɛ no Gallup International na ɛyɛɛ nhwehwɛmu yi afe 2012 wɔ aman ahorow so, Tunisia nko ara na ɛnka ho. Wɔyɛɛ no aman 57 so, na wei ma yɛhu adwene a wiase mu nnipa dodow no ara kura wɔ nyamesom ho.

Australia, France, Ireland, Japan, South Africa, Tunisia, United States, ne Vietnam Map. Wɔde tuntum ahyɛ no nso

Nea Ama Ebinom Ani Nnye Nyamesom Ho?

Nea ama nkurɔfo ani nnye nyamesom ho no dɔɔso. Ebi yɛ awudisɛm ne atuturasɛm a wɔhyɛ akyi ne adwamansɛm a wɔn mpanimfoɔ no bi de wɔn ho hyɛm. Ɛno da nkyɛn a, nneɛma foforo nso repam nnipa fi nyamesom ho. Ebi ni:

  • Ahonyade a Agye Nkurɔfo Adwene: Nwoma bi de too dwa sɛ, sɛ obi nya sika pii a, ɔmfa nyamesom nyɛ hwee. (Global Index of Religion and Atheism) Sikasɛm ho ɔbenfo John V. C. Nye, nso kaa biribi too saa asɛm yi so. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, wokɔ aman pii so a, wohu sɛ nya ara na nkurɔfo renya wɔn ho. Mmeae bi wɔ hɔ a, sɛnea nkurɔfo anya wɔn ho no, tete no a anka ɔhene kɛseɛ koraa ani bɛbere wɔn.

    NEA BIBLE KA: Wɔkaa wɔ Bible mu sɛ, “nna a ɛdi akyire” no, nkurɔfo bɛdɔ sika ne anigyede asen Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa. (2 Timoteo 3:1-5) Ná Bible kyerɛwfo bi nim asiane a ɛwɔ ahonyade bebree mu, enti ɔka kyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyadeɛ.” Adɛn nti na ɔkaa saa? Ɔtoaa so sɛ, “Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a meremmee na mempa wo.”—Mmebusɛm 30:8, 9.

  • Brabɔne a ɛrekɔ so wɔ nyamesom mu: Nnipa bebree, ɛnkanka mmabun no bu nyamesom sɛ biribi a ɛho nhia na atwam. Ebinom nso deɛ, gyidi a wɔwɔ ma nyamesom no atu ayera koraa. Owura Tim Maguire a ɔka nsɛmkyerɛwfo kuo bi a wɔfrɛ no Humanist Society Scotland ho kaa sɛ, “Nneyɛe bɔne a akɔ so wɔ asɔre mu mfe bebree ni no ama nnipa pii agyae nyamesom, na wɔnni mu ahotoso bio.”

    NEA BIBLE KA: Yesu Kristo de kɔkɔbɔ maa wɔ akyerɛkyerɛfo atorofo ho. Ɔkaa sɛ: “Wɔn aba na mode bɛhu wɔn. . . . Dua pa biara so aba pa, na dua bɔne biara so aba bɔne.” (Mateo 7:15-18) ‘Aba bɔne’ a wɔsow no bi yɛ amanyɔsɛm a wɔde wɔn ho hyehyɛm, ne nneyɛe a Onyankopɔn kyi a wɔpene so te sɛ ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbaa ne ɔbaa nna. (Yohane 15:19; Romafoɔ 1:25-27) Afei nso, wɔde amammerɛ ne atetesɛm asɛe Bible nkyerɛkyerɛ. (Mateo 15:3, 9) Yesu kaa sɛ, “Ma me nnwan nkumaa aduane.” (Yohane 21:17) Nanso ɛnnɛ, nnipa pii na Onyankopɔn Asɛm ho kɔm de wɔn.

  • Asɔre pii de wɔn ani asi sikapɛ so: Asoeɛ bi a wɔyɛ nhwehwɛmu (Pew Research Center) de too dwa sɛ, nnipa bebree ahu sɛ nea asɔre pii nim ara ne sika sika. Nea ɛku wɔn koraa ne sɛ, bere a asɔremma pii redi hia no, wɔn mpanimfoɔ no deɛ, wɔanya wɔn ho tam. Nhwɛso bi ni: Asɔre bi wɔ Germany a asɔremma no di hia paa, nanso ɔsɔfo no ahyɛ ada so araa ma nkurɔfo renwiinwii. Wei ama Katolekfo a wɔwɔ hɔ no pii bo afu. Atesɛm krataa bi a ɛde GEO wɔ Nigeria; ɛno nso bɔɔ amanneɛ sɛ, “Mmeae bi wɔ hɔ a nnipa bɛyɛ ɔpepepem 100 a wɔte hɔ no sika a wɔdi no dakoro nnu euro baako mpo, nanso wɔn asɔfo no bi ayɛ akɛsesɛm ama ɛreyɛ aha adwene.”

    NEA BIBLE KA: Paulo kyerɛw sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde ‘Onyankopɔn asɛm di dwa’ anaa yɛde pɛ mfasoɔ. (2 Korintofoɔ 2:17) Tete no, na Paulo yɛ obi a wagye din wɔ Kristofo asafo no mu, nanso wamfa ne yafunu anto nkurɔfo so na mmom ɔyɛɛ adwumaden de hwɛɛ ne ho. (Asomafoɔ Nnwuma 20:34) Sɛnea ɔbɔɔ ne bra no kyerɛ sɛ ɔde Yesu afotu yi yɛɛ adwuma. Yesu kaa sɛ: “Monyaa no kwa, momfa mma kwa.”—Mateo 10:7, 8.

Yehowa Adansefo de Bible afotu yi yɛ adwuma, enti wɔkyerɛkyerɛ a wɔnnye sika na wɔnntɔn wɔn nwoma ahorow nso. Bio, wɔnyi ntotoso dudu (tithe) na wɔnnyegye kɔlɛhyen. Wɔn ara na wɔyi wɔn yam yi sika de boa wɔn som no.—Mateo 6:2, 3.

Bible Kaa Nea Ɛrekɔ So no Ho Asɛm Too Hɔ

Mfe kakra a atwam no, sɛ wɔkaa sɛ wei nyinaa bɛkɔ so wɔ asɔre ahorow mu a anka obiara nnye nni. Nanso, Onyankopɔn deɛ, ɔhuiɛ, enti ɔkaa ho asɛm wɔ Bible mu. Ɔde ɔsom ahorow a wɔnni Onyankopɔn nokware no totoo odwamanfoɔ bi a wɔahyehyɛ ne ho kyenkyenee ho. Wɔfrɛ no “Babilon Kɛseɛ.”—Adiyisɛm 17:1, 5.

Saa ntotoho yi fata atoro som efisɛ wɔka sɛ wɔsom Onyankopɔn nanso wɔde wɔn ho hyehyɛ amanyɔsɛm mu de pɛ tumi ne ahodeɛ. Adiyisɛm 18:9 ka sɛ, ‘Asase so ahemfo ne no bɔɔ adwaman.’ Asɛmfua “Babilon” a ɛgyina hɔ ma atoro som no fata paa, efisɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe nyinaa hyɛɛ ase fii tete Babilon. Ná atoro som ne abosonsom agye ntini wɔ hɔ. Nkyerɛkyerɛ no bi ne ɔkra a ɛnwu da, baasakoro nkyerɛkyerɛ, ahonhonsɛmdi.a—Yesaia 47:1, 8-11.

Nea ɛmaa Babilon hwee ase ne sɛ, asubɔnten Eufrate a na atwa kuro no ho ahyia no “wee”, na Media ne Persia asraafo nyaa kwan wuraa mu. (Yeremia 50:1, 2, 38) Anadwo baako pɛ, wɔsɛe Babilon!—Daniel 5:7, 28, 30.

Babilon Kɛseɛ no nso ‘te nsuo pii so.’ Bible ma yɛhu sɛ nsuo pii no gyina hɔ ma “nkurɔfoɔ ne nnipakuo” mpempem a wɔtaa atoro som akyi no. (Adiyisɛm 17:1, 15) Bible kaa sɛ saa nsuo no bɛwe, a ɛno nso kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe Babilon Kɛseɛ no prɛko pɛ. (Adiyisɛm 16:12; 18:8) Ɛnneɛ, hwan na ɔbɛsɛe no? Wiase atumfoɔ a wɔne no kɔ ba no ara na wɔbɛtwa wɔn ho atan no atete no pasaa.—Adiyisɛm 17:16, 17.b

Ɔbarima bi rekenkan Bible na ɔretwa Babilon nsuo a awe ne nnipa a wɔrefi Babilon Kɛseɛ no mu ho mfoni

Babilon asubɔnten a ɛwee no kyerɛ sɛ nnipa pii bɛdwane afi Babilon Kɛseɛ mu

“Momfiri Ne Mu”!

Esiane nea ɛda hɔ retwɛn Babilon Kɛseɛ nti, Onyankopɔn bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Momfiri ne mu, me man, sɛ mompɛ sɛ monya ne bɔne no mu kyɛfa na monya ne haw no bi a.” (Adiyisɛm 18:4) Yɛtumi hu sɛ Onyankopɔn de kɔkɔbɔ yi rema nnipa a wɔn ani nnye atoro nkyerɛkyerɛ a ahyɛ Babilon Kɛseɛ ma no ho na wɔrepɛ Onyankopɔn anim dom no. Ebi ne Gaffar ne Hediye a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no.

Bere a Gaffar nsuaa Bible no, na n’adwene yɛ no sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtirimuɔdenfo bi a ɛsɛ sɛ yɛde ne ho hu som no. Ɔkaa sɛ, “Bere a mebɛhuu sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn, na ɔpɛ sɛ yɛyi yɛn yam som no no, m’ani gyee paa.” (1 Yohane 4:8; 5:3) Hediye nso, bere a ɔhuu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ahyehyɛ ato hɔ sɛ ɔnyɛ agyanka no, ne koma tɔɔ ne yam. Asɛm a ɛwɔ Yakobo 1:13 kyekyee ne werɛ paa. Ɛhɔ ma yɛhu sɛ Onyankopɔn mfa bɔne nsɔ obiara nhwɛ. Bere a ɔne Gaffar huu nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, wɔdwane fii “Babilon” mu.—Yohane 17:17.

Sɛ wɔresɛe Babilon Kɛseɛ a, wɔn a wɔdwane fii ne mu na wɔsom “Agya no honhom ne nokorɛ mu” no bɛnya wɔn ti adidi mu. (Yohane 4:23) Wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛhu bere a “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛdeɛ nsuo akata po soɔ no.”—Yesaia 11:9.

Yɛnim sɛ Onyankopɔn ‘ntumi nni atorɔ,’ enti atoro som ne aba bɔne a ɛso no nyinaa bɛtwam. (Tito 1:2) Nanso nokware som deɛ, ɛrentwam da!

a Sɛ wopɛ Babilon Kɛseɛ, nea Bible ka fa tebea a awufo wom ho, sɛnea Onyankopɔn te ankasa ne ahonhonsɛmdi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma no mu. Ɛsan wɔ www.jw.org/tw.

b Hwɛ asɛmti a ɛne Wiase Awiei. Ɛwɔ ɔfa a wɔato din “Bible no Adwene” wɔ Nyan! yi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena