Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 3 kr. 4-7
  • Kasa Nyɛ Osiakwan Bio—Ɛho Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kasa Nyɛ Osiakwan Bio—Ɛho Adwuma
  • Nyan!—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛma Nnipa Abrabɔ Tu Mpɔn
  • Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nnwinnade a Yɛde Ka Asɛm No​—Nhoma a Wɔyɛ Ma Yɛde Ka Asɛm no Wɔ Wiase Nyinaa
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase A Eye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • A1 Ɔkwan a Wɔfa So Kyerɛ Bible Ase
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 3 kr. 4-7

ASƐM A ƐDA SO

Kasa Nyɛ Osiakwan Bio—Ɛho Adwuma

“Nkurɔfo taa ka sɛ adwuma biara nni hɔ a ɛyɛ den sen sɛ obi bɛkyerɛ kasa ase.”​—“The Cambridge Encyclopedia of Language.”

ANSA na Yehowa Adansefo bɛkyerɛ nhoma ase akɔ kasa bi mu no, na nneɛma pii adi kan akɔ so. Wɔyɛ nhwehwɛmu boaboa nsɛm ano ansa na wɔakyerɛw. Nanso ɛno mpo no, ɛnyɛ sɛ ‘wɔtee medaase aberaw a na wɔama wɔn kora so.’ Akyerɛwfo Dwumadibea a ɛwɔ Yehowa Adansefo ɔfese kɛse wɔ New York no to wɔn bo ase hwɛ sɛ nea wɔakyerɛw no yɛ nokware na ɛtɔ asom. Afei wɔhwɛ sɛ wɔde kasa no mmara ayɛ adwuma.a

Akyerɛwfo Dwumadibea no wie Borɔfo deɛ no a, na wɔato apete wiase nyinaa ama nnipa bebree afi ase akyerɛ ase. Wɔn a wɔkyerɛ ase no dodow no ara te kasa no adwosuo. Wɔn mu pii mpo deɛ, yɛde kasa no na etwaa wɔn funuma. Sɛ obi betumi akyerɛ kasa ase a, gye sɛ ɔte Borɔfo kasa ne ne kurom kasa yiye.

Nnipa bi rekyerɛ kasa ase

SƐNEA YƐKYERƐ NHOMA ASE

Yɛde mfonini yi rekyerɛ sɛnea yɛkyerɛ Nyan! ase kɔ Spanish kasa mu

  • Sɛ Yehowa Adansefo ɔfese a ɛwɔ United States no wie Borɔfo no a, na wɔde kɔ Spain akɔma wɔn a wɔbɛkyerɛ ase

  • Wɔn a wɔbɛkyerɛ ase no mu biara to ne bo ase kan Borɔfo no te ase

  • Afei wohyia pɛnsɛmpɛnsɛ Borɔfo no mu

  • Wɔn a wɔrekyerɛ ase no hwɛ sɛ nkyerɛase no yɛ pɛpɛɛpɛ, ɛtɔ asom, ɛne kasa no mmara hyia, na ne kan nyɛ den

  • Sɛ wowie nsakrae biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ a, na wɔde akɔ ama wɔatintim akɔma amanfoɔ

  • Nnipa a wɔwɔ wiase afanan nyinaa kenkan yɛn nhoma wɔ wɔn kasa mu. Wei aboa wɔn akwannuasa nyinaa so

Wɔkyerɛ kasa ase sɛn?

Aberante bi a ɔde Geraint kyerɛ kasa ase wɔ Britain. Ɔkae sɛ: “Me ne ebinom na ɛbom yɛ adwuma no. Enti yehia baakoyɛ. Sɛ biribi kyere yɛn so a, yɛn nyinaa toatoa adwene, na yɛn ani bɛba yɛn ho so no na yɛahu ano. Ɛnyɛ nsɛmfua na yɛkyerɛ ase na mmom adwene a ɛwɔ asɛm no mu. Yebisa yɛn ho sɛ: ‘Adɛn nti na wɔkyerɛw asɛm yi, na henanom na wɔkyerɛw maa wɔn?’ Wei ma yehu asɛm no ani so na yɛatumi akyerɛ ase yiye.”

Morekyerɛ biribi ase a, dɛn na mode si mo ani so?

“Sɛ yɛkyerɛ biribi ase a, yɛpɛ sɛ nea ɔrekan no werɛ fi mpo sɛ ɛyɛ biribi a yɛakyerɛ ase. Yɛpɛ sɛ ɛyɛ no sɛ wɔkyerɛw asɛm no wɔ ne kurom kasa mu. Oso mu sɛ ɔrekan a, ɛsɛ sɛ ɛkɔ yɔɔ; ɛnsɛ sɛ ɔte Borɔfo pampan biara wom. Enti yɛrekyerɛ nsɛm ase a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛm no sɛnea obiara kasa. Wei ma akenkan yɛ dɛ. Nokwasɛm ni, ɛte sɛ aduan a asɔ wo dɛ mu; wugyae a ennyae.”

Sɛ nsɛm asekyerɛfo te baabi a wɔka kasa no a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

“Wote nnipa no mu a, wo ne wɔn di akɔneaba, enti wote kasa no yiye. Afei yetumi ka yɛn ho gu mmɔnten hu nkurɔfo adwene wɔ nsɛmfua anaa kasabebu bi ho. Wei boa ma yɛkyerɛ nsɛm ase ma ɛtɔ asom na ɛkɔ yɔɔ. Enti sɛ obi fa Borɔfo no, na ɔfa nea yɛakyerɛ ase no a, ohu sɛ ade koro no ara na yɛaka ho asɛm.”

Sɛ morebɛkyerɛ biribi ase a, mufi ase sɛn?

“Sɛ yɛrebɛkyerɛ biribi ase a, yɛde ma nnipa bi ma wɔyɛ ho adwuma. Yɛn nsa ka Borɔfo no a, nea yedi kan yɛ ni: Yɛn mu biara kan te ase yiye. Afei yɛhwɛ sɛnea wɔahyehyɛ nsɛm no ne nea enti a wɔkyerɛwee. Yebisa yɛn ho sɛ: ‘Adwene bɛn na wɔde kyerɛw asɛm yi? Dɛn ho asɛm na wɔreka? Dɛn na metumi asua afi mu?’ Wei ma yɛdɔ asɛm no mu asukɔ, enti yɛrekyerɛ ase a yenim baabi a yɛn ani kyerɛ.

“Bere a obiara ahu asɛm no ani so no, nea edi hɔ ne sɛ yɛn a yɛreyɛ ho adwuma no nyinaa behyia. Afei yɛtoatoa adwene hwɛ sɛnea yɛbɛkyerɛ ase. Yebisa yɛn ho sɛ: ‘Yɛte asɛm yi ase paa? Yɛbɛyɛ dɛn aka asɛm yi sɛnea Borɔfo no kaa no no?’ Yɛn adwene nyinaa ne sɛ yɛbɛkyerɛ asɛm no ase ama no aka nkurɔfo sɛnea ɛbɛka obi a ɔrekan Borɔfo no.”

Moyɛ dɛn bom kyerɛ biribi ase?

“Yɛrekyerɛ biribi ase a, yɛn botae nyinaa ne sɛ nea ɔrekan no behu nea yɛrepɛ akyerɛ; ɛnsɛ sɛ ɔbrɛ na wate ase. Enti yɛyɛ kakra a, na yɛakan ahwɛ sɛ emu da hɔ na ntease wom anaa.

“Kɔmputa si yɛn nyinaa anim, enti baako rekyerɛ Borɔfo no ase a, yɛn nyinaa hu nea ɔreyɛ wɔ yɛn kɔmputa so. Ɔrekyerɛ ase a, yɛde toto Borɔfo no ho hwɛ sɛ biribiara nkaa mu. Afei yɛhwɛ sɛ nea yɛaka no tɔ asom, na saa ara na kasa no mmara te. Yɛkyerɛ ase du baabi a, na baako akan no den ma yɛahwɛ sɛ ɛkɔ yiye anaa. Sɛ n’ano fomfom a, na yɛahwɛ nea enti a ɛte saa. Sɛ yewie ne nyinaa a, na baako asan akan no den. Ɔrekan no nyinaa na yɛn a aka no atɛɛ yɛn aso retie. Sɛ yehu sɛ biribi nkɔ yiye a, na yɛakyerɛw ato hɔ. Akyiri yi na yɛasiesie ne nyinaa kama.”

Wei deɛ, mehwɛ a ɛnyɛ adwuma ketewa.

“Aane, ɛnna fam koraa! Ebedu anwummere na yɛabrɛ. Enti yɛda home, na ade kye a yɛasan ahwɛ mu bio. Nnawɔtwe kakra akyi, sɛ Akyerɛwfo Dwumadibea no yɛ nsakrae bi wɔ Borɔfo no mu a, na wɔde aba ama yɛayɛ no yɛn kasa mu. Ebedu saa bere no, na adwuma no ada hɔ ama yɛn adwene afi so kakra enti yɛsan kan mu bio a, biribiara a ɛnkɔ yiye no, yehu no ntɛm.”

Kɔmputa boa adwuma no sɛn?

“Nnipa na ɛkyerɛ nsɛm ase; ɛnyɛ kɔmputa. Nanso yentumi nkɔ nnya kɔmputa. Wei nti, Yehowa Adansefo ayɛ kɔmputa dwumadi bi a ɛma yɛn adwuma no fã bi yɛ mmerɛw kakra. Nsɛm bi wɔ hɔ a yɛtaa de yɛ adwuma, enti yɛaboaboa ano ayɛ no dictionary de asie kɔmputa so. Afei nneɛma a yɛakyerɛ ase wɔ yɛn kasa mu nyinaa wɔ kɔmputa so, enti yɛrekyerɛ biribi ase na yɛn ho kyere yɛn a, na yɛakɔhwɛ nea yɛayɛ dedaw no ahwɛ sɛ biribi wom a ebetumi aboa yɛn anaa.”

Adwuma no ka wo sɛn?

“Yebu no sɛ ɛyɛ akyɛde a yɛde rekɔma amansan. Na akyɛde nso deɛ, wode rema obi a, wopɛ sɛ ɛho twa kama sɛnea nipa no ani bɛsɔ. Ade baako a ɛma yɛn ani gye paa ne sɛ yɛbɛkyerɛ biribi ase na obi akan ama no aka ne koma na n’abrabɔ atu mpɔn.”

Ɛma Nnipa Abrabɔ Tu Mpɔn

Wokɔ wiase baabiara a, nnipa mpempem kenkan Yehowa Adansefo nhoma wɔ wɔn kasa mu. Wei aboa wɔn paa efisɛ nhoma ne video a yɛkyerɛ ase ne nneɛma a ɛwɔ yɛn wɛbsaet jw.org nyinaa yɛ Bible mu asɛm. Onyankopɔn a ne din de Yehowa no asɛm na ɛwɔ Bible mu, na ɔpɛ sɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa” nyinaa te n’asɛm.—Adiyisɛm 14:6.b

a Wodi kan kyerɛw biribiara wɔ Borɔfo kasa mu ansa na wɔakyerɛ ase.

b Wokɔ www.jw.org a, wubenya yɛn nhoma ne video pii wɔ wo kasa ne kasa foforo pii mu. Wopɛ bi abɔ atie nso a wubenya.

JW.ORG

Yehowa Adansefo wɛbsaet

Kasa bɛboro 700

Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa

Nhomawa, Yehowa Adansefo na ɛyɛe

Kasa bɛboro 640

Ɔwɛn-Aban

Nsɛmma nhoma, Yehowa Adansefo na ɛyɛe

Kasa bɛboro 250

Nyan!

Nsɛmma nhoma, Yehowa Adansefo na ɛyɛe

Kasa bɛboro 100

Nyan! a ɛwɔ kasa horow bi mu

“Yare nnyae me, na me dɔkota hwɛ me sɛnea ɛsɛ. Nanso ade foforo a aboa me paa ne Nyan! Yɛwɔ Nyan! wɔ yɛn kurom kasa Malagasy mu, na aboa ma seesei mitumi hyɛ me ho so; me bo mfuw basabasa. Nyan! no san kaa aduan ne apɔwmuteɛteɛ ho asɛm.c Bere a mekenkanee no, mede yɛɛ adwuma na aboa me paa.”—Ranaivoarisoa, Madagascar.

“Dɔkota a ɔhwɛ me taa de Nyan! a ɛwɔ Gujarati kasa mu kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wohu akwahosan ho nsɛm pii. Bere bi, ɔkɔɔ sukuu bi mu kɔmaa ɔkasa faa nnubɔne ne nsã ho. Na asɛm no wɔ Nyan! mu. Ɔmaa ɔkasa no, ankyɛ na sukuufo no kae sɛ afei deɛ wɔn papa nsɛe sika pii nsã ho bio. Mmom, wɔde sika no boa wɔn mma.”—Janet, India.

c Nyan! nyɛ nhoma a yɛde bɔ aduan anaa ayaresa pɔtee bi ho dawuru. Sɛ wopɛ aduan anaa apɔwmuteɛteɛ bi a, ɛsɛ sɛ wo ara wohwehwɛ mu si ho gyinae.

Abarimaa bi rehwɛ video a wɔato din Ɛyɛ Bɔne sɛ Wubewia Ade wɔ jw.org

Maame bi kyerɛw krataa kɔmaa Nyan! akyerɛwfo. Ɔwɔ Angola, na ɔkyerɛw sɛ: “Me ba abarimaa a wadi mfe nwɔtwe yeraa ne pɛnsere wɔ sukuu mu, enti owiaa ebinom deɛ de sii anan. Afei ɔhwɛɛ video a wɔato din Ɛyɛ Bɔne sɛ Wubewia Ade wɔ Portuguese kasa mu wɔ jw.org. Asɛm no pem no, na ɔkaa nokware. Ɔkae sɛ minkogya no na ɔnkɔpa sukuufo no kyɛw. Ɔkaa nea enti a ɔde pɛnsere no asan reba. Tikya no maa yeyii video no kyerɛɛ klaas no nyinaa. Afei sukuufo no mu pii kae sɛ wɔrenwia ade bio.”

Ɔbarima bi de JW Language app resua kasa

Ɛkyerɛ Kasa!

JW Language agyiraehyɛde

Afe 2014 mu no, Yehowa Adansefo yii JW Language adi. Ɛyɛ biribi a ɛwɔ Intanɛt so a ɛboa ma yɛne afoforo sua Bible wɔ kasa a edidi so yi mu: Bengali, Chinese, English, French, German, Hindi, Indonesian, Italian, Japanese, Korean, Myanmar, Portuguese, Russian, Spanish, Swahili, Tagalog, Thai, ne Turkish. Wopɛ sɛ wuhu n’ani so yiye a, kɔ jw.org na hwehwɛ JW Language.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena