Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 3 kr. 16
  • Ɛpo Mu Ahweaa Ho Nhwi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛpo Mu Ahweaa Ho Nhwi
  • Nyan!—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛyɛ Ampa sɛ Bible Fi Onyankopɔn Hɔ?
    Nyan!—2017
Nyan!—2017
g17 nɔma 3 kr. 16
Ɛpo mu ahweaa

WƆBƆE ANAA?

Ɛpo Mu Ahweaa Ho Nhwi

MMOA a wɔte nsu a ɛyɛ nwini mu bebree wɔ sradeɛ pii wɔ wɔn wedeɛ mu. Wei boa wɔn ma awɔw nkɔ wɔn mu. Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛboa ɛpo mu ahweaa (sea otter) a ɛmma awɔw nkɔ ne mu. Ɛno ne ne ho nhwi fukufuku no.

Susuw ho: Ɛpo mu ahweaa ho nhwi mu yɛ duru sen mmoa a aka nyinaa. Sɛ wokan nhwi a ɛwɔ ne wedeɛ mu a, nsateakwaa ahinanan biara, wubenya nhwi bɛyɛ ɔpepem baako (sɛntimita ahinanan biara 155,000). Sɛ ɛpo mu ahweaa reguare nsu mu a, ne ho nhwi no twe mframa kata ne wedeɛ ani. Ɛba saa a, nsu nka ne wedeɛ no na ama awɔw ade no.

Sɛnea ɛpo mu ahweaa ho nhwi te no, nyansahufo gye di sɛ yebetumi asua biribi afi mu. Wɔayɛ nhwi ntade nguguso pii asɔ ahwɛ. Ebi wɔ hɔ a, wɔma nhwi no yɛ atenten, na ebi nso wɔde nhwi ntiantiaa na ɛyɛ. Ebi nso deɛ, nhwi no bemmɛn ho. Ebi nso, wɔtete ntam. Wɔn a wɔyɛɛ nhwehwɛmu no ahu sɛ, “sɛ wɔma nhwi no mu yɛ duru na ɛsan yɛ atenten a, ɛyɛ den sɛ nsu betumi afa mu.” Enti sɛ yɛbɛka a, ɛpo mu ahweaa betumi ahoahoa ne ho sɛ ɔhyɛ nhwi atade a nsu ntumi mfa mu.

Nyansahufo gye di sɛ, nhwehwɛmu a wɔreyɛ no bɛma wɔanya nimdeɛ pii a wɔde bɛyɛ ntade a nsu ntumi mfa mu a obiara nyɛɛ bi da. Wei nti, ebia ebinom bebisa sɛ, adɛn nti na wɔn a wɔdɔ asukɔ kɔ nsu a ɛyɛ nwini ase no nhyɛ nhwi ntade a ɛte sɛ ɛpo mu ahweaa deɛ no bi?

Wudwen ho sɛn? Wohwɛ sɛnea ɛpo mu ahweaa ho nhwi bɔ ne ho ban na ɛmma awɔw nkɔ ne mu no a, wobɛka sɛ ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena