Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g18 nɔma 3 kr. 3
  • Obi Biribi Wu a, Ɛyɛ Yaw Pa Ara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obi Biribi Wu a, Ɛyɛ Yaw Pa Ara
  • Nyan!—2018
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2018
  • Nea Ɛwɔ Nhoma Yi Mu: Nea Ɛbɛboa Wɔn A Wɔn Biribi Awu
    Nyan!—2018
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wohwɛ Kwan
    Nyan!—2018
  • “Mɛyɛ Dɛn De M’awerɛhow No Atra Ase?”
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2018
g18 nɔma 3 kr. 3
Ɔbarima bi a ne biribi awu nko ara te adidibea

NEA ƐBƐBOA WƆN A WƆN BIRIBI AWU

Obi Biribi Wu a, Ɛyɛ Yaw Pa Ara

“Mewaree Sophiaa no, mfe 39 akyi, yare bi a na atena ne so akyɛ twaa ne nkwa so. Me nnamfo boaa me pa ara, na me nso mantena hɔ kwa, mmom mepɛɛ biribi de me bere yɛe. Nanso afe mua, na megye me ho a ennye; awerɛhow nko ara. Ɛyɛ a na awerɛhow no ayɛ kɛse, ɛyɛ nso a na ɛso atew; na minhu nea menyɛ me ho mpo. Seesei a merekasa yi, me yere wui no, mfe mmiɛnsa atwam. Ɛno mpo, ɛwom ara a awerɛhow tumi hyɛ me so mpofirim.”​—Kostas.

Woahwere wo dɔfo bi wɔ owu mu anaa? Sɛ saa a, ebia wo nso wote nka te sɛ Kostas. Yɛreka nneɛma a ɛma obi koma bubu anaa ɛma adwinnwen hyɛ obi so a, emu baako pa ara ne sɛ onii no bɛhwere ne yere, ne kunu, n’adamfo bi a ɔdɔ no, anaa ne busuani. Animdefo bi asua awerɛhow a owu de ba ho ade, na wogye tom sɛ nea yɛreka yi yɛ nokware. Nhoma bi ka sɛ, “sɛ obi biribi wu a, ɛyɛ a ɔte nka sɛ wahwere ade kɛse pa ara, na ɛnyɛ ade a ne nsa betumi aka bio.” (The American Journal of Psychiatry) Sɛ obi biribi wu na odi yaw kɛse saa a, ebia obebisa sɛ: ‘Medi awerɛhow sei ara akosi da bɛn? Enti m’ani bɛsan agye bio? Dɛn koraa na ɛbɛma me ho atɔ me?’

Nyan! yi bɛma yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae. Sɛ wo dɔfo bi wui nkyɛe a, asɛm a edi hɔ no bɛma woahu nea ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan. Nsɛm a aka a ebedidi so no bɛma woahu nneɛma a ebetumi aboa wo ama w’awerɛhow no so atew.

Yegye di pa ara sɛ, obiara a ne dɔfo bi awu ma enti ɔredi awerɛhow no, nsɛm a edidi so no bɛkyekye ne werɛ na aboa no.

a Wɔasesa edin no bi wɔ nsɛm a edidi so yi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena