Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g18 nɔma 3 kr. 6-13
  • Sɛnea Wubegyina Awerɛhow Ano—Nea Wubetumi Ayɛ Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubegyina Awerɛhow Ano—Nea Wubetumi Ayɛ Nnɛ
  • Nyan!—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1: SƐ W’ABUSUAFO NE WO NNAMFO REBOA WO A, GYE TOM
  • 2: HWƐ W’ADIDI YIYE, NA GYE BERE TEƐTEƐ W’APƆW MU
  • 3: GYE BERE DA YIYE
  • 4: HU SƐ ƐSONO SƐNEA OBIARA TE
  • 5: NYƐ NNEƐMA A EBEPIRA WO
  • 6: FA WO BERE DI DWUMA YIYE
  • 7: NEA WOYƐ DAA NO, NNYAE YƐ
  • 8: MPERE WO HO NSISI GYINAE AKƐSE ANIM ANIM YI ARA
  • 9: KAE WO DƆFO A WAWU NO
  • 10: ƐYƐ A SESA MU KAKRA
  • 11: BOA AFOFORO
  • 12: NNEƐMA A WODE DI KAN WƆ W’ASETENAM NO, SAN HWƐ NO BIO
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • “Mɛyɛ Dɛn De M’awerɛhow No Atra Ase?”
    Nyan!—1988
  • Nea Ɛwɔ Nhoma Yi Mu: Nea Ɛbɛboa Wɔn A Wɔn Biribi Awu
    Nyan!—2018
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wohwɛ Kwan
    Nyan!—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2018
g18 nɔma 3 kr. 6-13
Nkurɔfo bi gyina mpoano redi agorɔ retwitwa mfoni

NEA ƐBƐBOA WƆN A WƆN BIRIBI AWU

Sɛnea Wubegyina Awerɛhow Ano​—Nea Wubetumi Ayɛ Nnɛ

Sɛ worepɛ afotu a wode begyina awerɛhodi ano a, ebia wubenya bebree, na ebi bɛyɛ papa asen bi. Ebia nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛnea yɛadi kan aka no ɛsono sɛnea obiara di n’awerɛhow. Afotu a ɛbɛboa asomasi no, ebia ɛremmoa ɔbenten.

Ɛno mpo no, afotusɛm pɔtee bi wɔ hɔ a ebinom de ayɛ adwuma ama aboa wɔn. Saa afotusɛm yi ara bi na abenfo taa de ma nnipa a wɔredi awerɛhow, nanso yɛreka pa ara a, saa afotusɛm yi nyinaa wɔ Bible mu. Bible yɛ nhoma a wɔkyerɛwee akyɛ, ɛka nyansasɛm, na emu nsɛm ntwam da.

1: SƐ W’ABUSUAFO NE WO NNAMFO REBOA WO A, GYE TOM

  • Nkurɔfo bi gyina mpoano redi agorɔ retwitwa mfoni

    Abenfo bi kyerɛ sɛ, wei ne ade titiriw pa ara a ebetumi aboa obi ma wagyina awerɛhodi ano. Nanso ɛtɔ da a, ebia wobɛpɛ sɛ wotew wo ho fi afoforo ho. Ebi mpo a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa wo no, wɔn ho betumi ayɛ wo ahi. Sɛ wote nka saa a, ɛnyɛ nwonwa.

  • Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ kyenkyen ara a bere nyinaa ɛsɛ sɛ nnipa wɔ wo ho. Sɛ afoforo ba wo nkyɛn nso a, ɛnsɛ sɛ wopam wɔn. Ade yi, ebia daakye bi wubehia wɔn mmoa. Ma afoforo nhu nea wuhia mprempren ne nea wunhia.

  • Hu bere a wo ne afoforo bɛbɔ, ne bere a wobɛpɛ sɛ wo nko ara tena wo baabi.

BIBLE MU ASƐM: “Baanu ye sen obiakofo . . . Sɛ obiako hwe ase a, nea ɔka ne ho no bɛma no so.”​—Ɔsɛnkafo 4:9, 10.

2: HWƐ W’ADIDI YIYE, NA GYE BERE TEƐTEƐ W’APƆW MU

  • Sɛ wo biribi wu na wudi aduan a ahoɔden wom a, ɛbɛboa ma w’adwinnwen so atew. Bɔ mmɔden sɛ wubedi nnuaba ahorow, atosode, ne aduan a srade nnim pii.

  • Nom nsu pii ne anonne afoforo a ahoɔden wom.

  • Sɛ wo kɔn nnɔ aduan a, ɛnde di aduan kakraa bi, nanso mma bere pii ntwam ansa na woadidi bio. Wubetumi nso abisa wo dɔkota ma wakyerɛ wo nnuru a nnuannuru wom.a

  • Sɛ wonantew ntɛmntɛm anaa woyɛ nneɛma foforo de teɛteɛ w’apɔw mu a, ɛbɛtew awerɛhow ne ɛyawdi so. Apɔwmuteɛteɛ betumi aboa wo ma woanya bere de asusuw nsakrae a aba w’asetenam no ho, anaa ebetumi ama woayi w’adwene afi ɛyawdi no so kakra.

BIBLE MU ASƐM: “Onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho.”—Efesofo 5:29.

3: GYE BERE DA YIYE

  • Mpa

    Nna ho hia pa ara, titiriw bere a obi biribi awu, efisɛ sɛ obi biribi wu a, ɛma otumi brɛ pa ara.

  • Hwɛ nsã ne kɔfe dodow a wonom no yiye pa ara, efisɛ ebetumi asɛe wo nna.

BIBLE MU ASƐM: “Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.”​—Ɔsɛnkafo 4:6.

4: HU SƐ ƐSONO SƐNEA OBIARA TE

  • Ɔbaa bi a ne biribi awu reka n’asɛm akyerɛ n’adamfo

    Gye tom sɛ ɛsono sɛnea obiara di n’awerɛhow. Ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wuhu nea woyɛ a ɛbɛboa wo.

  • Nnipa bebree ahu sɛ, sɛ wɔda sɛnea wɔte nka no adi kyerɛ afoforo a, ɛno na ɛboa wɔn ma wotumi di awerɛhow no so. Afoforo nso de, wɔmpɛ sɛ wɔbɛda wɔn awerɛhow no adi akyerɛ afoforo. Nanso emu nea ɛbɛboa pa ara de, ɛsono nea abenfo pii aka wɔ ho. Sɛ ɛho hia sɛ woka sɛnea wote nka no kyerɛ obi nanso ɛyɛ den ma wo a, wubetumi ayɛ no nkakrankakra. Mfiase no, wubetumi aka ho asɛm kakra akyerɛ w’adamfo bi a wugye no di pa ara.

  • Ebinom ahu sɛ, sɛ wosu a, ɛno na ɛboa wɔn ma wotumi di wɔn awerɛhow no so. Afoforo nso de, sɛ wɔansu ahe biara mpo a, wotumi gyina awerɛhow no ano.

BIBLE MU ASƐM: “Obiara nim ne haw ne ne yaw.”—2 Beresosɛm 6:29.

5: NYƐ NNEƐMA A EBEPIRA WO

  • Ɔbarima bi renom nsa

    Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔn biribi wu a, wɔnom nsã bebree, wɔnom nnubɔne, anaa wɔhyɛ wɔn ho nom nnuru bi de dwudwo ɛyaw no ano. Sɛ woyɛ nneɛma saa de dwudwo wo yaw no ano a, ebepira wo. Ahotɔ biara a wubenya afi mu no, ɛbɛyɛ bere tiaa bi, na ɛrenkyɛ ɛde ɔhaw akɛse bɛbrɛ wo. Sɛ adwinnwen hyɛ wo so a, fa akwan foforo a ɛrempira wo so dwudwo wo ho.

BIBLE MU ASƐM: ‘Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi efĩ nyinaa ho.’—2 Korintofo 7:1.

6: FA WO BERE DI DWUMA YIYE

  • Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔde bere kakra di awerɛhow (kyerɛ sɛ wodi yaw, na wodwinnwen nea wɔbɛyɛ de adi ɛyaw no so) na wogye bere nso sesa mu kakra (kyerɛ sɛ wɔyɛ nneɛma foforo de yi wɔn adwene fi awerɛhow no so) a, ɛboa wɔn.

  • Wubetumi ayɛ nneɛma bi ama w’adwene afi ɛyaw no so. Ebi ne sɛ wubesua ade foforo bi yɛ, wobɛyɛ nneɛma bi agyigye w’ani, wobɛfa nnamfo foforo, anaa wobɛhyɛ abusuabɔ a ɛda wo ne wo nnamfo ntam no mu den.

  • Bere rekɔ so no, ebia nneɛma bɛsesa. Ebia wubehu sɛ afei de, wunnya bere pii mfa nni awerɛhow, na mmom wotaa yɛ nneɛma pii de yi w’adwene fi ɛyaw no so. Sɛ ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ wo ho retɔ wo.

BIBLE MU ASƐM: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ, . . . osũ wɔ ne bere, na ɔserew nso wɔ ne bere; benabɔ wɔ ne bere, na ahuruhuruw nso wɔ ne bere.”—Ɔsɛnkafo 3:1, 4.

7: NEA WOYƐ DAA NO, NNYAE YƐ

  • Ɔbaa bi rehwɛ kalenda so atoto nneɛma

    Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nneɛma a woyɛ no daa no, san fi ase ntɛm ara.

  • Sɛ wokɔ so yɛ nneɛma a woyɛ no daa, te sɛ nna a wobɛda, adwuma a wobɛkɔ, ne nea ɛkeka ho a, ebetumi ama woasan asi wo dedaw mu.

  • Sɛ wode wo bere yɛ nneɛma a mfaso wɔ so a, ebetumi aboa ama ɛyaw no so atew.

BIBLE MU ASƐM: “N’adwene renkɔ ne nkwa nna so pii, efisɛ nokware Nyankopɔn de ahyɛ n’adwenem sɛ n’ani nnye ne komam.”—Ɔsɛnkafo 5:20.

8: MPERE WO HO NSISI GYINAE AKƐSE ANIM ANIM YI ARA

  • Wɔn a wɔpere wɔn ho sisi gyinae akɛse wɔ wɔn dɔfo bi wu akyi pɛɛ no, akyiri yi wonu wɔn ho.

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma bere bi a ɛfata ntwam ansa na woatu afi baabi a wowɔ, woasesa w’adwuma, anaa woayiyi wo dɔfo a wawu no nneɛma atow agu.

BIBLE MU ASƐM: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba, na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.”—Mmebusɛm 21:5.

9: KAE WO DƆFO A WAWU NO

  • Ɔbarima bi de ne yere a wawu mfoni rekyerɛ ne nnamfo

    Wɔn a wɔn dɔfo awu no, wɔn mu pii ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma woakɔ so akae nea wawu no.

  • Woyɛ nea edidi so yi a ebetumi akyekye wo werɛ: Pɛ nhoma bi na kyerɛw nsɛm bi a wopɛ sɛ wokae fa nea wawu no ho, anaa boaboa mfoni ne nneɛma foforo bi ano ma ɛnkae wo nea wawu no.

  • Nneɛma bi a ɛbɛma woakae nea wawu no ho nsɛmpa no, kora so, na akyiri yi woyɛ krado a na woahwɛ mu.

BIBLE MU ASƐM: “Monkae tete.”—Deuteronomium 32:7.

10: ƐYƐ A SESA MU KAKRA

  • Wubetumi atu kwan kakra.

  • Sɛ worentumi ntu kwan a, ebia wubetumi de da koro anaa nnanu ayɛ nneɛma foforo bi a ɛbɛma w’ani agye. Ebi ne sɛ wubetu mpase, wobɛkɔ akɔsra baabi a wɔkora tete nneɛma so, wobɛkɔ akɔhwehwɛ mmeae foforo, anaa wobɛfa kurom kakra.

  • Nea woyɛ daa no, sɛ wosesa mu kakraa bi mpo a ebetumi aboa wo ma woagyina w’awerɛhodi no ano.

BIBLE MU ASƐM: “Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.”—Marko 6:31.

11: BOA AFOFORO

  • Ababaa bi reboa maame panyin bi ma wadi gua

    Kae sɛ bere biara a wobɛboa afoforo no, na woreyɛ biribi a ɛbɛma w’ani agye.

  • Wubetumi afi ase aboa wɔn a wo dɔfo no wu aka wɔn no. Ebi ne wo nnamfo anaa w’abusuafo a ebia wohia ɔwerɛkyekyefo.

  • Sɛ woboa afoforo na wokyekye wɔn werɛ a, ebetumi ama woasan anya anigye ne akomatɔyam a wuhia no.

BIBLE MU ASƐM: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

12: NNEƐMA A WODE DI KAN WƆ W’ASETENAM NO, SAN HWƐ NO BIO

  • Sɛ wo dɔfo bi wu a, awerɛhodi no betumi ama woasusuw nea ehia pa ara wɔ asetenam no ho.

  • Saa bere yi a woahwere wo dɔfo no, fa hokwan no susuw sɛnea wo nso worebɔ wo bra no ho.

  • Sɛ ɛho hia a, yɛ nsakrae wɔ nea wode di kan wɔ asetenam no mu.

BIBLE MU ASƐM: “Awerɛhow fie kɔ ye sen apontow fie kɔ, efisɛ ɛno ne adesamma nyinaa awiei; na ɔteasefo de bɛhyɛ ne komam.”—Ɔsɛnkafo 7:2.

SƐNEA WUBEGYINA AWERƐHOW ANO| YƐABƆ NO MUA

  • 1: SƐ W’ABUSUAFO NE WO NNAMFO REBOA WO A, GYE TOM

    Hu bere a wo ne afoforo bɛbɔ, ne bere a wobɛpɛ sɛ wo nko ara tena wo baabi.

  • 2: HWƐ W’ADIDI YIYE, NA GYE BERE TEƐTEƐ W’APƆW MU

    Di aduan a ahoɔden wom, nom nsu pii, na teɛteɛ w’apɔw mu sɛnea ɛsɛ.

  • 3: GYE BERE DA YIYE

    Hu sɛ, sɛ wo biribi wu ma enti wobrɛ a, ebehia sɛ woda yiye na ama woatumi anya ahoɔden.

  • 4: HU SƐ ƐSONO SƐNEA OBIARA TE

    Ɛsono sɛnea obiara di awerɛhow, enti hu nea woyɛ a ɛbɛboa wo.

  • 5: NYƐ NNEƐMA A EBEPIRA WO

    Nnom nsã bebree, nnom nnubɔne, na nhyɛ wo ho nnom nnuru ahorow bi, efisɛ ɔhaw a ɛde bɛbrɛ wo no dɔɔso sen ahotɔ a ɛbɛma woanya.

  • 6: FA WO BERE DI DWUMA YIYE

    Sɛ wudi awerɛhow kakra a, na woapɛ bere kakra nso ne afoforo abɔ anaa woagye w’ani.

  • 7: NEA WOYƐ DAA NO, NNYAE YƐ

    Sɛ wokɔ so yɛ nneɛma pa a woyɛ no daa no a, ebetumi ama woasan asi wo dedaw mu.

  • 8: MPERE WO HO NSISI GYINAE AKƐSE ANIM ANIM YI ARA

    Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma afe anaa nea ɛboro saa ntwam ansa na woasisi gyinae akɛse, anyɛ saa a, wubenu wo ho akyiri yi.

  • 9: KAE WO DƆFO A WAWU NO

    Pɛ nhoma bi na kyerɛw nsɛm bi a wopɛ sɛ wokae fa nea wawu no ho, anaa boaboa mfoni ne nneɛma foforo bi ano ma ɛnkae wo nea wawu no.

  • 10: ƐYƐ A SESA MU KAKRA

    Nea woyɛ daa no, pɛ bere sesa mu kakra—sɛ ɛyɛ da koro anaa nea ennu saa mpo a, eye.

  • 11: BOA AFOFORO

    Boa wɔn a wohia mmoa, te sɛ wɔn a wo dɔfo no wu aka wɔn no, na ɛbɛma woasan anya akomatɔyam.

  • 12: NNEƐMA A WODE DI KAN WƆ W’ASETENAM NO, SAN HWƐ NO BIO

    Saa bere yi a woahwere wo dɔfo no, fa hokwan no susuw nea ehia pa ara wɔ asetenam no ho, na sɛ ɛho hia a, yɛ nsakrae wɔ nea wode di kan wɔ asetenam no mu.

Nokwasɛm ne sɛ, biribiara nni hɔ a ebetumi atu ɛyaw a worefa mu no ase koraa. Nanso wɔn a wɔn dɔfo bi awu no, wɔn mu pii betumi adi adanse sɛ, bere a wɔyɛɛ nneɛma pɔtee bi te sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ ɔfã yi mu no, ɛboaa wɔn ma wonyaa awerɛkyekye. Ɛwom, nneɛma a wubetumi ayɛ de atew awerɛhodi so no, ɛnyɛ ne nyinaa na yɛaka ho asɛm wɔ ha. Nanso sɛ wode afotusɛm ahorow yi bi yɛ adwuma a, wubehu sɛ anyɛ yiye koraa no, ɛbɛma woanya ahotɔ bi.

a Nyan! nkamfo ayaresa pɔtee bi nkyerɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena