Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g19 nɔma 2 kr. 4-5
  • Ahosodi So Wɔ Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahosodi So Wɔ Mfaso
  • Nyan!—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DƐN NE AHOSODI?
  • ADƐN NTI NA AHOSODI HO HIA?
  • SƐNEA WOBƐKYERƐ WO BA AHOSODI
  • Kyerɛ Wo Mma Ahosodi
    Nyan!—2015
  • Ahosodi Aba A Yɛbɛsow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nya Ahosodi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Da Ahosodi Adi, Na Woanya Nkonim Bo no!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2019
g19 nɔma 2 kr. 4-5
Abofra bi pɛ sɛ oyi tɔfe wɔ sɔtɔɔ mu nanso ne maame mma no kwan

ADESUA 1

Ahosodi So Wɔ Mfaso

DƐN NE AHOSODI?

Sɛ obi wɔ ahosodi a

  • ɔrepɛ biribi a, ɔmpere ne ho

  • otumi hyɛ ne ho so

  • adwuma a n’ani nnye ho mpo, otumi yɛ wie

  • ɔde nea ohia to nkyɛn de afoforo de di kan

ADƐN NTI NA AHOSODI HO HIA?

Mmofra a wɔwɔ ahosodi pa ara no, sɛ wohyia sɔhwɛ a ɛbɛma wɔayɛ biribi bɔne a wɔn ani begye ho mpo a, wotumi ko tia. Nanso mmofra a wonni ahosodi papa no, ɛnyɛ den sɛ

  • wɔbɛyɛ wɔn ade basabasa

  • wobenya adwenemhaw

  • wɔbɛnom sigaret, wɔbɛwe nsã, anaa wɔbɛnom nnubɔne

  • wobedi nnuan a ahoɔden nnim

Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ, mmofra a wɔwɔ ahosodi no, sɛ wonyin a, wɔntaa nyareyare, wɔn ho ntaa nkyere wɔn sikasɛm mu, na wodi aban mmara so. Saa nhwehwɛmu no nti, Ɔbenfo Angela Duckworth a ɔwɔ Pennsylvania Sukuupɔn mu no kaa sɛ: “Ahosodi yɛ su a eye ma obiara.”

SƐNEA WOBƐKYERƐ WO BA AHOSODI

Sua sɛ wobɛka dabi, na hwɛ sɛ worensesa w’ano.

BIBLE MU AFOTUSƐM: ‘Ma wo Yiw nyɛ yiw, na wo Dabi nyɛ dabi.’​—Mateo 5:37.

Sɛ mmofra repɛ biribi afi wɔn awofo hɔ, anaa wɔpɛ sɛ wɔyɛ biribi na awofo no amma wɔn kwan a, wotumi sũ yɛ dede. Wotumi mpo yɛ saa wɔ nnipa mu. Sɛ abofra bi yɛ saa na n’awofo de nea ɔrehwehwɛ no ma no, anaa wɔma no kwan ma ɔyɛ nea ɔpɛ a, daa ɔde sũ na ebegye ade.

Nanso sɛ abofra de sũ repɛ biribi afi n’awofo hɔ, na awofo no de wɔn nan si fam ka sɛ wɔremfa mma no a, ɛbɛma abofra no asua nokwasɛm yi: Ɛne sɛ, ɛnyɛ nea yɛpɛ nyinaa na yɛn nsa ka. Ɔbenfo David Walsh kyerɛwee sɛ: “Wobɛka sɛ nnipa a wonya nea wɔpɛ biara no ani gye, nanso nea ɛte ne sɛ, wɔn a wotumi hyɛ wɔn ho so no mmom na wɔwɔ anigye kɛse. Sɛ yɛma mmofra nya adwene sɛ nea wɔpɛ biara wɔn nsa betumi aka a, na yɛredi wɔn aborɔ.”a

Sɛ woma wo ba hu wɔ ne mmofraase pɛɛ sɛ ɛnyɛ nea ɔpɛ biara na ne nsa bɛka a, ɛbɛboa no ma wada ahosodi adi bere a wanyin no. Enti sɛ ɛkɔba sɛ wɔsɔ no hwɛ sɛ ɔnnom nnubɔne, ɔne obi a ɔnwaree no nna, anaa ɔnyɛ biribi a ebetumi apira ɔne afoforo a, ahosodi a wanya no bɛboa no ma wako atia sɔhwɛ ahorow a ɛte saa.

Boa wo ba ma onhu sɛ nea ɔbɛyɛ biara obetwa so aba.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”​—Galatifo 6:7.

Boa wo ba ma onhu sɛ biribiara a ɔbɛyɛ no, obenya so akatua. Enti sɛ ɔreyɛ biribi na wanhyɛ ne ho so a, asɛm bɛto no. Ebi ne sɛ, sɛ wo ba no bo taa fuw ntɛmntɛm a, nkurɔfo bɛtwe wɔn ho afi ne ho. Nanso sɛ obi hyɛ no abufuw na ɔhyɛ ne ho so anaa onya nneɛma ho abotare a, ɛbɛma nkurɔfo apɛ n’asɛm. Boa wo ba no ma ɔnte ase sɛ, sɛ ɔhyɛ ne ho so wɔ biribiara mu a, ebesi no yiye.

Kyerɛ wo ba no sɛ, yɛyɛ nea ehia ansa na yɛayɛ nea ɛfata.

BIBLE MU AFOTUSƐM: ‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’​—Filipifo 1:10.

Sɛ obi wɔ ahosodi a, ɛnyɛ sɛ ɔbɛtwe ne ho afi adebɔne ho kɛkɛ, mmom ɛboa no ma omia n’ani yɛ nneɛma a ehia a ebia anka n’ani nnye ho sɛ ɔbɛyɛ. Ɛsɛ sɛ wo ba no hu sɛ yɛyɛ nea ehia ansa na yɛayɛ nea ɛfata. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛsɛ sɛ odi kan yɛ ne sukuu dwumadi a ɔde aba fie wie ansa na wakodi agorɔ.

Yɛ nhwɛso pa ma wo mma.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Magyaw mo nhwɛsode sɛ sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Yohane 13:15.

Sɛ nneɛma hyɛ wo so a, sɛnea woyɛ w’ade no, wo ba no behu. Enti fa wo nhwɛso kyerɛ wo ba no sɛ, sɛ yɛhyɛ yɛn ho so a, nneɛma bɛkɔ yiye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ wo ba no di mfomso a, ɛyɛ a wode abufuw na ɛteɛ no so, anaa wohyɛ wo ho so?

a Efi nhoma bi a wɔato din No: Why Kids—of All Ages—Need to Hear It and Ways Parents Can Say It.

Abofra bi pɛ sɛ oyi tɔfe wɔ sɔtɔɔ mu nanso ne maame mma no kwan

FI ASE WƆ NE MMOFRAASE PƐƐ

Sɛ woma wo ba hu wɔ ne mmofraase pɛɛ sɛ ɛnyɛ nea ɔpɛ biara na ne nsa bɛka a, ɛbɛboa no ma wada ahosodi adi bere a wanyin no. Enti sɛ ɛkɔba sɛ wɔsɔ no hwɛ sɛ ɔnnom nnubɔne, anaa ɔnyɛ biribi a ebetumi apira ɔne afoforo a, ahosodi a wanya no bɛboa no ma wako atia sɔhwɛ ahorow a ɛte saa

Ma Wo Ba Nhwɛ Wo Nsua Wo

  • Sɛ nneɛma hyɛ me so a, ɛyɛ a me ba no hu sɛ mitumi di ho dwuma a me bo mfuw anaa?

  • Sɛ ɔhaw bi sɔre a, meboa me ba no ma ohu nea enti a memfa abufuw nni ho dwuma anaa?

  • Me ba no hu me sɛ meyɛ onipa bɛn? Meyɛ obi a me bo taa fuw ntɛmntɛm na me ho pere me wɔ nneɛma ho anaa? Anaa meyɛ obi a mehyɛ me ho so, na memfa abufuw nyɛ nneɛma?

Nea Yɛyɛe Ni . . . 

“Yɛanka ankyerɛ yɛn babea no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔma ne bo fuw, nanso yɛma ohui sɛ, sɛ ne bo fuw a, ɛnsɛ sɛ ɔde n’anibere kɔsoɛ afoforo so. Sɛ wantumi anhyɛ n’abufuw so a, yɛmma no kwan mma ɔne afoforo mmɔ kosi sɛ ne bo bedwo.”​—Theresa.

“Bere biara a yɛn mma no bɛyɛ biribi a me ne me yere ani begye ho no, yɛma wohu. Sɛ wohyia ɔhaw bi na wɔhyɛ wɔn ho so anaa wɔampere wɔn ho anyɛ adebɔne biara a, yɛkamfo wɔn.”​—Wayne.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena