Nea Ebinom Gye Di
Hindufo
gye di sɛ, sɛ obi hu amane a, ɛyɛ bɔne a wayɛ wɔ n’asetenam so akatua na ɔrenya. Wɔwɔ gyidi bi nso sɛ, sɛ obi wu a, wɔsan wo no bio. Enti wɔka sɛ, sɛ obi hu amane a, ebia ɛyɛ bɔne bi a ɔyɛe ansa na ɔrewu ama wɔasan awo no na ɔrenya so akatua. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ onya bɔne bi a ɔyɛe ansa na ɔrewu ma wɔasan awo no so akatua a, ɛsɛ sɛ odu tebea bi a wɔfrɛ no moksha mu. Sɛ obi du moksha a, ɛkyerɛ sɛ, sɛ owu a wɔrensan nwo no bio mma ommenya ne bɔne so akatua. Nea ɛma obi du saa tebea no mu ne sɛ obeyi n’adwene afi nneɛma a ɛwɔ wiase so koraa.
Nkramofo
gye di sɛ, sɛ obi hu amane a, etumi yɛ ne bɔne so asotwe, na etumi nso yɛ ne gyidi ho sɔhwɛ. Sɛ yehu amane a, ɛma yɛkae sɛ “ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nea Onyankopɔn yɛ ma yɛn nyinaa ho anisɔ, na ɛma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn a ahia wɔn.” Ɔbenfo Sayyid Syeed a ɔyɛ Islamic Society of North America kuw no titenani na ɔkaa saa asɛm yi.
Yudafo atetesɛm
kyerɛ sɛ obi ankasa nneyɛe na ɛma ohu amane. Yudafo binom kyerɛ sɛ wobenyan awufo aba nkwa mu bio, na ɛno akyi no, wɔn a wɔanyɛ bɔne biara a wohuu amane no, wobedi wɔn asɛm ama wɔn. Kuw bi wɔ Yudasom mu a wɔn nkyerɛkyerɛ gyina ahonhonsɛm so, na wɔato saa nkyerɛkyerɛ no din Kabbalah. Wɔn nkyerɛkyerɛ baako ne sɛ obi wu a, wɔsan wo no bio. Enti bere biara a obi bewu a wɔbɛsan awo no bio no, onya hokwan foforo a ɔde bɛpata ne bɔne.
Buddhafo
gye di sɛ onipa wu a, wɔsan wo no bio, na bere biara a wɔbɛsan awo no no, obehu amane. Nanso sɛ otumi yi n’adwene fi nneɛma bɔne, nsusuwii bɔne, ne akɔnnɔ bɔne so a, ɛnde owu a, wɔrensan nwo no bio mma ommehu amane. Wogye di sɛ, sɛ obi yɛ n’ade nyansam, ɔyɛ nnwuma pa, na wannwinnwen nneɛma bɔne ho a, obetumi adu tebea bi a wɔfrɛ no nirvana mu. Wɔkyerɛ sɛ obi du nirvana a, ɔrenhu amane biara bio.
Konfisiofo
kyerɛ sɛ amane a nnipa hu no, dodow no ara fi “nnipa sintɔ ne bɔne a nnipa yɛ.” (A Dictionary of Comparative Religion) Konfisiofo gye di sɛ, sɛ obi bɔ bra pa a, amane a ohu no so betumi atew. Nanso ɔbra pa nko ara ntumi nyi obi amanehunu nyinaa mfi hɔ, efisɛ amane a nnipa hu no, pii fi “ahonhom, na nnipa rentumi nyɛ ho hwee. Sɛ amane a obi rehu fi ahonhom a, ɛsɛ sɛ ɔte ase sɛ ɛyɛ ne Nkrabea, enti ɛsɛ sɛ ɔfa no saa ara.”
Ɔsom ahorow bi a ɛwɔ Afrika
kyerɛkyerɛ sɛ abayifo na wɔma nnipa hu amane. Wɔn a wɔwɔ saa gyidi yi ka sɛ abayifo betumi ama nneɛma akɔ yiye ama yɛn na wobetumi nso ama asiane ato yɛn. Wogye di nso sɛ, sɛ obi yɛ amanne ahorow bi a, ɛremma abayifo ntumi nhaw no pii. Sɛ obi yare a, wɔka sɛ ɛyɛ abayifo na ɛreyɛ no, enti sɛ okohu odunsinni ma ɔyɛ amanne ahorow bi ma no na ɔma no nnuru a, ne ho bɛtɔ no.
Kristofo
gye di sɛ, sɛnea Bible mu nhoma a ɛne Genesis ka no, bɔne a nnipa mmienu a wodii kan baa wiase yɛe na ɛde amanehunu bae. Saa nkyerɛkyerɛ no, asɔre ahorow pii de wɔn ankasa nsɛm akeka ho. Sɛ nhwɛso no, Katolekfo bi ka sɛ, sɛ obi rehu amane a, obetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ n’amanehunu no na onnyina so nhyira asɔre no anaa onnyina so nnye obi nkwa.
SUA PII KA HO
Hwɛ video a wɔato din Onyankopɔn Pene Ɔsom Ahorow Nyinaa So Anaa? Ɛwɔ jw.org/tw.