Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 2 kr. 6-7
  • 1. Onyankopɔn Na Ɔma Yehu Amane Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1. Onyankopɔn Na Ɔma Yehu Amane Anaa?
  • Nyan!—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Asɛmmisa Yi Ho Hia
  • Susuw Wei Ho Hwɛ
  • Nea Bible Aka
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2020
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Asɛmmisa 3: Adɛn Nti na Onyankopɔn Ma Kwan Ma Mihu Amane?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 2 kr. 6-7
Ayifo bi wɔ asɔredan mu, na ɔsɔfo bi kura Bible gyina wɔn anim reyɛ asɔre.

1. Onyankopɔn Na Ɔma Yehu Amane Anaa?

Nea Enti a Asɛmmisa Yi Ho Hia

Nnipa pii mpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn efisɛ wɔn adwene ne sɛ ɔno na ɔma yehu amane.

Susuw Wei Ho Hwɛ

Nyamesom akannifo pii kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma yehu amane. Ɛtɔ da a wɔka no tẽẽ, na ɛtɔ da nso a nsɛm bi a wɔkeka na ɛma nkurɔfo nya adwene a ɛte saa. Wo de, hwɛ nsɛm bi a ɛyɛ a wɔn mu bi keka:

  • Atoyerɛnkyɛm bi si a, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn retwe yɛn aso.

  • Abofra bi wu a, ɛyɛ Onyankopɔn na wabɛfa no kɔ soro efisɛ ohia abɔfo pii wɔ hɔ.

  • Sɛ ɔko si a, ɛyɛ a Onyankopɔn kogyina ɔfã baako akyi. Ɔko nso de, yenim sɛ ɛde amanehunu pii na ɛba.

Nanso yemmisa sɛ, nsɛm a nyamesom akannifo keka fa Onyankopɔn ho yi, sɛ ɛnyɛ nokware nso ɛ? Na sɛ Onyankopɔn nnye wɔn ntom nso ɛ?

SUA PII KA HO

Hwɛ video a wɔato din Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible? Ɛwɔ jw.org/tw.

Nea Bible Aka

Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma yehu amane.

Wohwɛ sɛnea Bible ka ne suban ho asɛm a, wuhu sɛ ɔrentumi nyɛ saa. Ɛho nhwɛso bi ni:

“[Onyankopɔn akwan] nyinaa teɛ. Ɔyɛ . . . ɔtreneeni a obu atɛntrenee.”—DEUTERONOMIUM 32:4.

“Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, ne ade nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ!”—HIOB 34:10.

“Ade nyinaa so Tumfoɔ no, ɔnkyea atemmu.”—HIOB 34:12.

Ɔsom ahorow a wɔka atosɛm fa Onyankopɔn ho no, onnye wɔn ntom.

Enti ɔsom ahorow a wɔkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma yehu amane, ne ɔsom ahorow a wɔpene akodi ne basabasayɛ so no, onnye wɔn ntom.

“Nkɔntoro na adiyifo no rehyɛ wɔ me [Onyankopɔn] din mu. Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae. Atoro anisoadehu ne . . . wɔn komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.”—YEREMIA 14:14.

Yesu kasa tiaa nyamesomfo a wɔyɛ nyaatwom.

“Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu. Ɛda no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, Awurade, yɛanhyɛ nkɔm wo din mu, na yɛantu adaemone wo din mu, na yɛanyɛ ahoɔdenne bebree wo din mu anaa?’ Ɛnna afei mɛpae mu aka akyerɛ wɔn sɛ: Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratode.”—MATEO 7:21-23.

Onyankopɔn na ɔma yehu amane anaa?

Yɛmfa no sɛ papa bi ne ne mma na ɛte, na ɔma wɔn nsa ka nea wohia biara. Akyiri yi, ne babarima baako tew atua, na otu fii fie kɔbɔɔ brabɔne. Sɛ ɛba saa a, yebetumi aka sɛ papa no na ɔmaa ne ba no kɔbɔɔ brabɔne anaa? Sɛ biribi to abofra no a, obetumi de ho sobo abɔ ne papa anaa? Saa ara na yɛn nso yɛrentumi nka sɛ Onyankopɔn na wama yɛrehu amane.

Nanso wei kyerɛ sɛ amane a yehu no, yɛn ankasa na yɛakɔfa abɛto yɛn ho so anaa?

Hwɛ asɛmmisa a ɛto so 2 no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena