Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 2 kr. 14-15
  • 5. Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 5. Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?
  • Nyan!—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Asɛmmisa Yi Ho Hia
  • Susuw Wei Ho Hwɛ
  • Nea Bible Aka
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nea Bible Ka Fa Amanehunu Ho
    Nyan!—2015
  • Asɛmmisa 3: Adɛn Nti na Onyankopɔn Ma Kwan Ma Mihu Amane?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Awerɛkyekye Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wohu Amane No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 2 kr. 14-15
Abusua bi regye wɔn ani wɔ nsu ho. Wɔadwudwo wɔn ho, na wɔreserew.

5. Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?

Nea Enti a Asɛmmisa Yi Ho Hia

Sɛ anidaso wɔ hɔ sɛ amanehunu to betwa a, ɛno betumi aboa yɛn ama yɛanya adwempa wɔ asetena mu, na yɛanya Onyankopɔn nso ho adwempa.

Susuw Wei Ho Hwɛ

Nnipa pii nyae a, anka wobeyi amanehunu afi hɔ, nanso wonni tumi a wɔde bɛyɛ saa. Hyɛ nsɛm a edidi so yi nsow:

Nnipa anya nkɔanim wɔ nnuruyɛ mu. Nanso . . .

  • Komayare da so ara yɛ yare a ekunkum nnipa pii sen yare foforo biara.

  • Kokoram kunkum nnipa ɔpepem pii afe biara.

  • “Nsanyare gu so reteetee nnipa wɔ wiase paa. Nsanyare no bi wɔ hɔ a ɛne yɛn atena bere tenten, afei na ebi ayi ne ti, na ebi nso de, ɛkɔe koraa na asan aba.” Ɔbenfo David Bloom na ɔkyerɛw saa asɛm yi wɔ nsɛmma nhoma bi a wɔato din Frontiers in Immunology no mu.

Aman bi wɔ sika paa. Nanso . . .

  • Afe biara mmofra ɔpepem pii wuwu; wɔn a wɔte mmeae a ohia wɔ paa no na wɔtaa wuwu.

  • Nnipa ɔpepepem pii nni baabi pa a wogyaw wɔn anan.

  • Nnipa ɔpepehaha pii nnya nsu pa nnom.

Ɛnnɛ, baabi a wobɛkɔ biara no, wɔrebɔ nnipa ahofadi ho dawuru. Nanso . . .

  • Wokɔ aman pii so a, nkurɔfo de nnipa tutu akwan ma wɔkɔyɛ nnwuma te sɛ nkoa. Nanso yɛreka yi, aman yi bi wɔ hɔ a, nkurɔfo a wɔreyɛ saa bɔne no, wɔnkyeree wɔn nnii wɔn asɛm. Nea ama aba saa ne sɛ, ebia na aban no “nnim sɛ biribi a ɛte saa rekɔ so, anaa wonni akade a ɛbɛma wɔatumi akyere nkurɔfo a wɔreyɛ saa no, na wɔadi wɔn asɛm.” Wei yɛ amanneɛbɔ bi a Amanaman Nkabom no de too gua.

    SUA PII KA HO

    Hwɛ video a wɔato din Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? Ɛwɔ jw.org/tw.

Nea Bible Aka

Onyankopɔn dwen yɛn ho.

Ɛyaw a yɛrefa mu ne awerɛhow a yɛredi no, ɛhaw Onyankopɔn.

“[Onyankopɔn ammu] ɔmanehunufo animtiaa, na wantan no n’amanehunu mu; wamfa n’anim anhintaw no; osu frɛɛ no no, otiei.”—DWOM 22:24.

“Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 PETRO 5:7.

Amane a yɛrehu no, ɛto betwa.

Bible ahyɛ bɔ sɛ nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn no, ɛbɛbam.

‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’—ADIYISƐM 21:3, 4.

Nneɛma a ɛma nnipa hu amane nyinaa, Onyankopɔn beyi afi hɔ.

Onyankopɔn nam n’Ahenni no so na ɛbɛyɛ wei. Bible ka sɛ, Onyankopɔn Ahenni no, ɛyɛ aban a ɛwɔ hɔ ankasa.

“Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw ahenni no mma ɔman foforo biara. . . . Ɛno de, ebegyina daa.”—DANIEL 2:44.

Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?

Yiw, nanso ɛnyɛ nnipa na ebeyi afi hɔ. Nnipa aban ahorow de, nea wobetumi ayɛ wɔ amanehunu ho ara ne sɛ wɔbɛsosɔ ano. Nanso Onyankopɔn de, obetumi ayi nneɛma a ɛde amanehunu ba no afi hɔ. Ɔnam n’Ahenni no so na ɛbɛyɛ saa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena