Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g21 nɔma 3 kr. 14-15
  • Nea Enti a Ehia Sɛ Wuhu Asɛm Yi Mu Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Ehia Sɛ Wuhu Asɛm Yi Mu Nokware
  • Nyan!—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛbɛma w’ani agye paa wɔ asetena mu
  • Wubenya afotu pa a wode bɛbɔ wo bra da biara
  • Wubenya wo nsɛmmisa ho mmuae
  • Ɛbɛma woanya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye
  • Onyankopɔn Wɔ Hɔ? Adɛn Nti na Ɛhia Sɛ Yɛhu?
    Nyan!—2015
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ho Nokwasɛm?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Bible Ma Yenya Anidaso
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Bible Ma Yenya Anidaso
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Fi Bible Mu Nkɔmmɔ Ase
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2021
g21 nɔma 3 kr. 14-15
Nnamfo bi te dua ase, na wɔama wɔn ti so rehwɛ nnomaa a wosi dua no so no.

Nea Enti a Ehia Sɛ Wuhu Asɛm Yi Mu Nokware

Adɛn nti na ehia sɛ yehu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ anaa onni hɔ? Ebesi ha yi, adanse ahorow a yɛasusuw ho no ama woagye adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ anaa? Sɛ saa a, ebia w’ani begye ho sɛ wubehu adanse afoforo nso a ɛkyerɛ sɛ ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no. Sɛ wuhu sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ, na wugye emu nsɛm di a, ɛbɛma woanya mfaso ahorow pii. Mfaso no bi na edidi so yi.

Ɛbɛma w’ani agye paa wɔ asetena mu

BIBLE KA SƐ: ‘Onyankopɔn yɛɛ nneɛma papa. Ɛne sɛ, ɔmaa osu tɔ fii soro maa mo, ɔmaa mo mmere a aduan ba, ɔmaa mo aduan di mee, na ɔde anigye hyɛɛ mo koma ma.’—Asomafo Nnwuma 14:17.

NEA ƐKYERƐ: Mframa a yɛhome, osu a ɛtɔ, owia a ɛbɔ, ne nneɛma a ɛtete saa no yɛ akyɛde a efi Ɔbɔadeɛ no hɔ. Sɛ wusua Bible no na wubehu sɛ, ɔdɔ a Onyankopɔn dɔ wo nti na ɔde saa nneɛma yi nyinaa ama wo a, ɛbɛma anisɔ a wowɔ ma no no ayɛ kɛse.

Wubenya afotu pa a wode bɛbɔ wo bra da biara

BIBLE KA SƐ: “Ɛno bɛma woate trenee ne atɛn turodoo ne adetrenee ase, na woate papayɛ akwan nyinaa ase.”—Mmebusɛm 2:9.

NEA ƐKYERƐ: Onyankopɔn na ɔbɔɔ wo, enti onim nea ɛbɛma w’ani agye. Sɛ wotɔ wo bo ase kan Bible no na wotweetwee mu a, wubenya afotusɛm pii a ɛbɛboa wo wɔ w’abrabɔ mu.

Wubenya wo nsɛmmisa ho mmuae

BIBLE KA SƐ: ‘Wubenya Onyankopɔn ho nimdeɛ’—Mmebusɛm 2:5.

NEA ƐKYERƐ: Sɛ wuhu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, ebetumi aboa wo ma woanya nsɛmmisa bi a ɛho hia paa ho mmuae. Ebi ne sɛ: Adɛn nti na yɛwɔ wiase? Adɛn nti na amanehunu abu so saa? Sɛ obi wu a, tebea bɛn na ɔkɔ mu? Wubenya saa nsɛmmisa yi nyinaa ho mmuae wɔ Bible mu, na ɛbɛma wo koma atɔ wo yam.

Ɛbɛma woanya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye

BIBLE KA SƐ: “‘Me ara minim adwene a madwen wɔ mo ho,’ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛyɛ asomdwoe adwene, na ɛnyɛ mmusu; ɛne sɛ, mɛma mo daakye ne anidaso.’”—Yeremia 29:11.

Hwɛ video a yɛato din Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Sɛ Bible no Yɛ Nokware? ne Hena Ne Bible no Kyerɛwfo? wɔ jw.org/tw. Wokɔ hɔ a, bɔ “Bible no yɛ nokware” anaa “Hena na ɔkyerɛw Bible no” hyɛ Hwehwɛ afã hɔ.

NEA ƐKYERƐ: Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, daakye obeyi abɔnefosɛm, amanehunu, ne owu mpo afi hɔ. Sɛ wunya bɔhyɛ ahorow yi mu awerɛhyem a, ɛbɛboa wo paa. Sɛ ɛba sɛ wuhyia ɔhaw bi wɔ w’asetena mu a, wubetumi agyina mu, efisɛ wunim sɛ wowɔ anidaso.

Wɔn a wogye di sɛ ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, hwɛ mfaso a wɔn mu bi anya

Cyndi.

“Biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn abrabɔ mu no, Onyankopɔn wɔ ho afotu. Midwen ho a, ɛyɛ me nwonwa. Ɔkyerɛ yɛn nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛde di kan wɔ yɛn asetena mu, sɛnea yebesiesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm, ne nea yɛyɛ a ebetumi ama yɛafa no adamfo.”—Cyndi, U.S.A.

Elise.

“Gyidi a mewɔ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no ama manya anigye. Da biara mehwɛ kwan sɛ mesua biribi foforo afa ne ho, efisɛ sɛ wofa n’abɔde kɛkɛ mpo a, nneɛma a wubetumi asua afa ne ho nyɛ asɛm ketewa. Bible no mpo mmae. Wei ma me koma tɔ me yam.”—Elise, France.

Peter.

“Esiane sɛ mede afotusɛm a Ɔbɔadeɛ no de ama yɛn wɔ Bible mu yɛ adwuma nti, ama m’ani agye paa. Ɛma minya afoforo ho abotare, sɛ wɔrekasa a meyɛ aso tie wɔn, na m’ani sɔ nea mewɔ. Ama mayɛ agya pa nso.”—Peter, Netherlands.

Liz.

“Kan no, na m’abrabɔ ayɛ bisibasaa. Nea na minim ara ne adidi, nna, ne adwuma. Anigye a ɛde anigye de, na minni bi. Nanso mibesuaa Bible no, mabehu sɛ, nkwa yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Ɔbɔadeɛ no hɔ, enti ɛsɛ sɛ mehwɛ so yiye.”—Liz, Estonia.

Adrien.

“Meyɛ obi a nneɛma taa hyɛ me so paa. Nanso efii sɛ mibehuu sɛ Onyankopɔn beyi abɔnefosɛm, ntɛnkyea, ne amanehunu afi hɔ no, ɛmma minnwinnwen pii.”—Adrien, France.

Hwɛ video a yɛato din Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible?—Tenten, na ɛbɛma woahu sɛnea Bible betumi aboa wo ma woanya nsɛmmisa a ɛho hia paa wɔ asetena mu no ho mmuae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena