Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g22 nɔma 1 kr. 3
  • Wiase Yi Ayɛ Bisibasaa—Wobɛyɛ Dɛn Atena Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Yi Ayɛ Bisibasaa—Wobɛyɛ Dɛn Atena Mu?
  • Nyan!—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Ɛwɔ Nyan! Yi Mu
    Nyan!—2022
  • Asɛm To Wo a, Wobɛyɛ Dɛn?
    Nyan!—2014
  • Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2022
g22 nɔma 1 kr. 3
Maame bi rehwɛ nneɛma bi wɔ ne fon so, na ama wayɛ basaa. Wahu sɛ nkurɔfo reyɛ basabasa, atoyerɛnkyɛm asi baabi, maame bi afa ne ba abɔ ne bo a onhu nea ɔmfa, coronavirus mmoawammoawa, ne ayaresabea.

Wiase Yi Ayɛ Bisibasaa—Wobɛyɛ Dɛn Atena Mu?

Sɛnea seesei ɔhaw adɔɔso wɔ wiase no, ama worebrɛ anaa woreteetee? Ɔhaw a yɛrebɛbobɔ so yi, ebi rekɔ so wɔ baabi a wote no anaa?

  • akokoakoko

  • yare a atu atese

  • atoyerɛnkyɛm

  • ohia

  • nnipa mu nyiyim

  • awudisɛm

Sɛ biribi bɔne si a, wɔn a wɔn ho ka no, wɔn mu bebree wɔ hɔ a ɛbɔ wɔn pusa, na ɛma wɔn anidaso sa. Ebinom wɔ hɔ a biribi saa si a, etumi bubu wɔn. Nanso sɛ yedwinnwen ho ara ma ebubu yɛn dodo a, ebetumi asɛe asɛm no koraa.

Sɛnea wiase ayɛ bisibasaa no, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ so yiye, na yɛbɔ ho ban. Ebi ne yɛn apɔwmuden ne yɛn sikasɛm. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛn abusua ne yɛn nnamfo ho hia yɛn, na yɛhwɛ sɛ yɛremma yɛn anigye nsɛe.

Sɛnea nneɛma adan abutuw wɔ wiase no ama obiara rebrɛ. Nanso wo de, dɛn na wubetumi ayɛ na ama wo haw so atew kakra?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena