Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g22 nɔma 1 kr. 4-6
  • 1 | Hwɛ W’apɔwmuden Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 | Hwɛ W’apɔwmuden Yiye
  • Nyan!—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ADƐN NTI NA ƐHO HIA?
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu
  • Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ
  • Nea Wobɛyɛ na Woanya Apɔmuden
    Nyan!—2015
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Bere a Yare Abɔ Wo Mpofirim
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Ɔkwan a Wobɛfa so Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—1999
  • Sɛnea Yebenya Apɔwmuden
    Nyan!—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2022
g22 nɔma 1 kr. 4-6
Nnuan a ahoɔden wom bebree sisi pon so.

WIASE YI AYƐ BISIBASAA

1 | Hwɛ W’apɔwmuden Yiye

ADƐN NTI NA ƐHO HIA?

Sɛ asɛmmɔne anaa atoyerɛnkyɛm bi si a, etumi ka nkurɔfo apɔwmuden.

  • Sɛ ɔhaw bi ba a, nkurɔfo adwene tumi tu fra, na sɛ ɛkɔ so ara a, etumi bɔ wɔn yare mpo.

  • Sɛ biribi te sɛ atoyerɛnkyɛm anaa yare kodiawu bi te si baabi a, nnipa bebree ho ka, enti ɛma ɛyɛ den sɛ ayaresabea ahorow no bɛhwɛ obiara yiye. Afei nnuru ne nneɛma a wɔde hwɛ ayarefo no, ɛho tumi yɛ den.

  • Nneɛma bɔne si a, nkurɔfo sikasɛm tumi yɛ basaa. Ɛba saa a, ɛma ɛyɛ den sɛ wobenya sika atotɔ nneɛma a ɛho hia te sɛ nnuan papa ne nnuru.

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu

  • Sɛ yare bi a emu yɛ den bɔ wo anaa adwinnwen bɛtɔ wo so a, etumi ma no yɛ den sɛ wubedwen yiye. Ɛba saa a, nneɛma a ɛsɛ sɛ woyɛ na w’apɔwmuden ayɛ papa no, anhwɛ a wubebu w’ani agu so, na wei betumi ama wo yare no ayɛ kɛse.

  • Sɛ woyare na woanhwɛ anyɛ wo ho aduru a, wo yare no betumi ayɛ kɛse, na ebetumi koraa akum wo.

  • Sɛ biribi bɔne si na sɛ w’apɔwmuden yɛ papa a, ɛma wutumi dwen yiye, na wutumi sisi gyinae pa.

  • Sɛ wo sikasɛm kɔ yiye oo, sɛ ɛnkɔ yiye oo, wubetumi ayɛ nneɛma bi a wode bɛbɔ w’apɔwmuden ho ban.

Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ

Obi a n’ani da hɔ no, ɔhwɛ ade kɔ akyiri, ohu nneɛma bɔne a ebetumi asisi, na ɔde nneɛma gu akwan mu de bɔ ne ho ban. Ɛba apɔwmuden nso a, yebetumi ayɛ nneɛma bi a ɛremma yɛnyareyare, na sɛ yɛwɔ yare bi mpo a, ɛremma emu nyɛ den. Ebi ne sɛ wubedi wo ho ni, na woadi wo fie ni. Woyɛ saa a, eye sen sɛ daakye wode wo nsa begu wo ti aka sɛ mihui a anka.

“Yedi yɛn ho ni, na yesiesie yɛn fie ma ɛhɔ tew kama. Ɛno nti yɛntaa nyareyare. Wei ama ayaresabea ho ka a yɛbɔ no so atew, na yɛnsɛe sika ntotɔ nnuru.”—Andreas.a

a Wɔasesa edin a ɛwɔ Nyan! yi mu no bi.

NEA ƐBƐBOA WO AMA WOATUMI ATENA WIASE YI MU​—Nea Woyɛ a Ɛbɛboa Wo

Sɛ atoyerɛnkyɛm, atuturasɛm, anaa nneɛma a ɛtete saa si a, wubetumi ayɛ nneɛma yi de abɔ w’apɔwmuden ho ban

DI WO HO NI

Ɔbarima bi de samina ne nsu rehohoro ne nsa.

Di wo ho ni

Nea Bible aka: “Onyansafo hu asiane, na ɔde ne ho sie.” (Mmebusɛm 22:3) Fa w’ani to fam na hwɛ nneɛma a ebetumi ama woayare na twe wo ho fi ho.

  • Taa fa samina ne nsu hohoro wo nsa. Wei ho hia paa titiriw bere a wode wo nsa rebɛka aduan anaa woakɔ agyananbea aba no.

  • Ɛyɛ a taa siesie wo fie. Nneɛma a motaa soso mu ne mmeae a motaa sosɔ no, ɛyɛ a fa nnuru a etumi kum mmoawammoawa pepa hɔ.

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔn a wɔwɔ nsanyare no, mmɛn wɔn pii.

DI NNUAN A AHOƆDEN WOM

Nnuan a ahoɔden wom bebree sisi pon so.

Di nnuan a ahoɔden wom

Bible ka sɛ: “Onipa biara ntan n’ankasa nipadua; mmom ɔhwɛ so yiye na n’ani ku ho.” (Efesofo 5:29) Sɛ yɛhwɛ nneɛma a yedi ne nea yɛnom yiye a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani ku yɛn nipadua ho.

  • Ɛyɛ a nom nsu pii.

  • Di nnuaba ne nhabamma bebree.

  • Srade nnuan, nkyene, ne nnuan a asikyire wom no, ɛyɛ a tew so.

  • Nnom tawa ne nnubɔne. Na sɛ yɛnkyerɛw aduru mmaa wo a, mfa wo pɛ nkɔtɔ nnom, na nsa nso, nnom mmoro so.

“Yɛmpɛ sɛ yɛyareyare, enti ɛyɛ a yedidi yiye. Anyɛ saa a sika kakra a yebenya no, yɛbɛsan de ne nyinaa ahwɛ yɛn ho yare. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn sika bɛtɔ nnuan a ahoɔden wom.”—Carlos.

TEƐTEƐ W’APƆW MU NA DA YIYE

Ɔbarima bi retu mmirika wɔ mfutukwan bi so.

Teɛteɛ w’apɔw mu

Bible ka sɛ: “Sɛ obi gye n’ahome kakra a, eye sen sɛ ɔbɛyɛ adwumaden bebree; ɛyɛ ɔbrɛgu.” (Ɔsɛnkafo 4:6) Ɛwom, ɛho hia sɛ yɛyɛ adwuma, nanso ɛsɛ sɛ yenya bere de gye yɛn ahome.

  • Teɛteɛ w’apɔw mu. Wubetumi de anantew-anantew afi ase. Sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu anaa wokeka wo ho a, woanyin oo, woadi dɛm oo, yare korankorɔ bi te wo so oo, ebetumi aboa wo.

  • Awura bi reyi n’ani so.

    Gye bere fa gye w’ahome

    Ɛyɛ a gye bere home. Sɛ obi nna yiye a, ɛma otumi yɛ basaa, na odwen mpo a ensi so. Sɛ ɛtoa so ara a, ebetumi abɔ no yare.

  • Hyɛ bere pɔtee a wode bɛda, na hwɛ sɛ wubedi so. Bere a wode da ne bere a wode sɔre no, nsesa mu.

  • Sɛ bere a woahyɛ sɛ wode bɛda no so na woda mpa mu a, nhwɛ TV, na wo fon anaa wo tablɛt nso, fa to baabi.

  • Sɛ aka kakra ama woada a, nni aduan a emu yɛ duru, na nnom nsa ne nneɛma a caffeine wom.

“Mahyɛ no nsow sɛ manna yiye a, me ho nsisi me ho so. Ɛtɔ da a ɛma me ti pae me, na me honam nyinaa yɛ me yaw. Nanso sɛ meda ma me ho bae me a, me ara mihu sɛ me ho asisi me ho so, na ɛma minya ahoɔden soronko bi. Ɛno nti mentaa nyareyare.”—Justin.

Video a yɛato din “Nsanyare Tew Si Baabi a, Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?” no mu mfoni bi. Ɔbaa bi abue pon, na mmoawammoawa no bi gyina pon no ano.

SUA PII KA HO. Hwɛ video a yɛato din Nsanyare Tew Si Baabi a, Dɛn Na Wubetumi Ayɛ? Sɛ wokɔ jw.org a, bɔ asɛmti no hyɛ Hwehwɛ afa hɔ. Afei, wubetumi akenkan asɛm a yɛato din “Nea Wobɛyɛ na Woanya Apɔmuden.” Sɛ wokɔ jw.org a, bɔ asɛmti no hyɛ Hwehwɛ afa hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena