Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g22 nɔma 1 kr. 7-9
  • 2 | Bɔ Wo Sika Ne W’agyapade Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2 | Bɔ Wo Sika Ne W’agyapade Ho Ban
  • Nyan!—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A ƐHO HIA
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu
  • Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ
  • So Wosɛe Sika Pii Sen Sɛnea Wunya?
    Nyan!—1984
  • Sɛnea Wɔhwɛ Sika So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Mo Ho Aka Dɔɔso a, Mobɛyɛ no Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Sɛnea Mobɛhwɛ Mo Sikasɛm Yiye
    W’abusua Betumi Anya Anigye
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2022
g22 nɔma 1 kr. 7-9
Kapentani bi de dadewa rebɔ dua mu.

WIASE YI AYƐ BISIBASAA

2 | Bɔ Wo Sika Ne W’agyapade Ho Ban

NEA ENTI A ƐHO HIA

Da biara nnipa bebree brɛ ansa na wɔn nsa akɔ wɔn ano. Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ nneɛma bɔne bi te sɛ atoyerɛnkyɛm ne nea ɛkeka ho si a, ɛsɛe asɛm no koraa. Adɛn ntia?

  • Sɛ nneɛma bi te sɛ akokoakoko, atuturasɛm anaa atoyerɛnkyɛm si baabi a, ɛma hɔ asetena yɛ den, aduan ho yɛ den, na ɛdan bo kɔ soro.

  • Ɛma nkurɔfo bebree adwuma fi wɔn nsa, na wɔn a wonya bi yɛ no nso, akatua no nnu baabiara.

  • Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, etumi sɛe nkurɔfo nnwuma, wɔn afie ne wɔn agyapade. Ɛba saa a, ɛma nnipa bebree di hia.

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu

  • Sɛ wohwɛ wo sikasɛm yiye a, da hiada anaa da a biribi bɔne besi no, wo ho nkyere wo.

  • Sika ne agyapade a yɛwɔ no, ɛntena hɔ afebɔɔ. Sɛnea ɛsom bo no so betumi atew, anaa ebetumi afi yɛn nsa.

  • Nneɛma bi wɔ hɔ a sika ntumi ntɔ. Ebi ne anigye, ɛne baakoyɛ a ɛwɔ abusua mu no.

Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ

Bible ka sɛ: “Sɛ yɛwɔ nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ a, yɛbɛma ɛno ara asɔ yɛn ani.”—1 Timoteo 6:8.

Nnipa de, nneɛma a yɛpɛ no dɔɔso, nanso nea yehia ankasa no yɛ kakraa bi. Enti sɛ yɛtew nneɛma a yɛpɛ no so, na yɛde yɛn adwene si nea yehia wɔ asetena mu da biara no so a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea yɛwɔ. Wei ho hia, titiriw bere a yɛn adwuma afi yɛn nsa anaa yɛn sikasɛm nkɔ yiye no.

Sɛ yɛn ani betumi asɔ nea yɛwɔ a, ebia ɛho behia sɛ yegyae akɛsesɛm. Afei sika kakraa a ɛbɛba abedi yɛn nsam no, yɛbɛhwɛ so yiye. Sɛ wudi boro sika a wunya a, ɛbɛma wo ho akyere wo.

NEA ƐBƐBOA WO AMA WOATUMI ATENA WIASE YI MU​—Nea Woyɛ a Ɛbɛboa Wo

Sɛ atoyerɛnkyɛm, atuturasɛm, anaa nneɛma a ɛtete saa si a, wubetumi ayɛ nneɛma yi de abɔ w’agyapade ne wo sika ho ban

YƐ NNEƐMA A ƐREMMA WONSƐE SIKA PII

  • Maame panyin bi akotu karɔt wɔ ne gaaden mu.

    Toto wo sikasɛm yiye

    Sɛ wowɔ ntaade ne mfiri a ɛnsɛe a, ɛnhaw wo ho nsesa no. Bisa wo ho sɛ: ‘Ehia sɛ metɔ kar anaa? Metumi ayɛ afuw kakra wɔ m’afikyire a medidi mu anaa?’

  • Ansa na wobɛtɔ biribi no, bisa wo ho sɛ: ‘Enti ade a merekɔtɔ yi, mihia paa? Mewɔ ho sika?’

  • Baabi a wote no, sɛ biribi te sɛ atoyerɛnkyɛm si, na sɛ aban anaa nnwumakuw bi reyɛ nkurɔfo mmoa a, wubetumi akɔkyerɛw wo din akogye bi.

“Yɛn abusua no tenaa ase hwɛɛ nneɛma a yɛde sika yɛ. Yebehuu sɛ nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani no, yɛsɛe sika pii wɔ ho, enti yetwitwaa bi mu, na ebi nso wɔ hɔ a yɛtee so. Afei, yefii ase yɛɛ nnuan a ɛremma yɛmmɔ ka pii.”—Gift.

TOTO WO SIKASƐM YIYE

Maame bi rekyerɛwkyerɛw ɛka a ɔbɔ ne sika a onya.

Yɛ nneɛma a ɛremma wonsɛe sika pii

Bible ka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe bewie yiye, na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.” (Mmebusɛm 21:5) Sɛ wototo wo sikasɛm yiye a, ɛbɛboa wo na woanni ammoro nea wunya.

  • Nea edi kan, sika a munya no bosome biara no, monkyerɛw nto hɔ.

  • Muwie a, ɛka a mobɔ no bosome biara no nso, monkyerɛw nto hɔ.

  • Afei momfa sika a munya no ntoto ɛka a mobɔ no ho. Wei bɛboa ama moahu baabi a motaa sɛe sika, na sɛ ehia sɛ muyi nneɛma no bi fi mu anaa motete so a, moayɛ saa, na moanni ammoro nea munya.

“Bosome biara, yɛtena ase kyerɛw sika a yenya ne ɛka a yɛbɔ no. Afei, yɛbɔ mmɔden sɛ yebeyi sika bi ato hɔ, na sɛ biribi si mpofirim anaa ehia sɛ yɛtɔ biribi a, yɛde adi ho dwuma. Wei a yɛayɛ no aboa yɛn paa. Ɛmma yennwinnwen pii, efisɛ ansa na yɛn nsa bɛka bosome akatua no, na yenim nea yɛde bɛyɛ dedaw.”—Carlos.

NKƆFA KA MMƐTO WO HO SO / SIE SIKA

  • Maame bi rekyerɛ ne ba sɛnea yesie sika.

    Nkɔfa ka mmɛto wo ho so / sie sika

    Toto wo nneɛma yiye, na amma woammɔ ka pii. Sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a, nkogye bosea na ankɔfa ka ammrɛ wo. Mmom sɛ wopɛ sɛ wotɔ biribi a ehia wo a, sie sika na fa tɔ.

  • Bosome biara, bɔ mmɔden fa sika kakra to hɔ, na wode atɔ nneɛma a wopɛ sɛ wotɔ anaa sɛ biribi bɛbom a, wode adi ho dwuma.

YERE WO HO YƐ ADWUMA / WUNYA ADWUMA NSO A, NTOTO NO ASE

Bible ka sɛ: “Adwumaden biara so wɔ mfaso, na kasa kɛkɛ de, ohia na ɛde ba.”—Mmebusɛm 14:23.

  • Kapentani bi de dadewa rebɔ dua mu.

    Yere wo ho yɛ adwuma / wunya adwuma a ntoto no ase

    Adwuma a woyɛ no, nya ho adwempa. Sɛ ɛnyɛ adwuma a w’ani gye ho mpo a, yi wo yam yɛ, efisɛ ɛno ara na ɛma wo nsa kɔ w’ano.

  • Yere wo ho yɛ adwuma, na ɛnyɛ nkokoaasa. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo na w’adwuma amfi wo nsa. Na sɛ efi wo nsa mpo a, ɛrenyɛ den sɛ wubenya foforo ayɛ.

“Adwuma bɔne nte sɛ korɔn, enti mensa adwuma mu. Sɛ m’ani nnye ho anaa akatua no sua mpo a, miso mu saa. M’ani ku m’adwuma ho, minni ho agoru. Mereyɛ adwuma a, mema ho twa te sɛ nea me ara mereyɛ m’adwuma no.”—Dmitriy.

Worepɛ adwuma anaa?

  • Tu ho anammɔn. Baabi a wohwɛ a wubenya w’adwuma no bi ayɛ no, sɛ wɔmfa ntoo gua sɛ wɔpɛ nnipa mpo a, kobisa mu, na hwɛ sɛ kwan da hɔ anaa. Fa wo ho gyigya; ma wo nnamfo ne w’abusuafo nhu sɛ worepɛ adwuma ayɛ.

  • Mma w’asɛm nyɛ den. Adwuma no, sɛ woannya nea wopɛ no pɛpɛɛpɛ mpo a, so mu saa ara.

Ɔbarima bi ne ne yere retoto wɔn sikasɛm, na mmofra no redi agorɔ wɔ abɔnten.

SUA PII KA HO. Kenkan “How to Live on Less (Sɛ Biribi Nti Wo Sikasɛm Nkɔ Yiye a, Wobɛyɛ Dɛn?)” Sɛ wokɔ jw.org a, bɔ asɛmti no hyɛ Search afã hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena