Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g23 nɔma 1 kr. 6-8
  • Ɛpo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛpo
  • Nyan!—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛm Ato Ɛpo
  • Asaase Yi—Wɔyɛe Sɛ Ɛntena Hɔ Daa
  • Mmɔden a Nnipa Rebɔ
  • Nea Enti a Anidaso Wɔ Hɔ—Nea Bible Aka
  • ‘Po Mu Nneɛma a Aboro So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2023
  • Dɛn Na Onipa Reyɛ Asase No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛwɔ Nyan! Yi Mu
    Nyan!—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2023
g23 nɔma 1 kr. 6-8
Obi adɔ asukɔ wɔ ɛpo mu, na mpataa a wɔn ho yɛ fɛ, koral a wɔn kɔla gu ahorow, ne ɛpo mu afifide fɛfɛɛfɛ atwa ne ho ahyia.

Georgette Douwma/Stone via Getty Images

ANIDASO WƆ HƆ MA ASAASE YI ANAA?

ƐPO

ƐPO mu na yenya nnuan a yedi no pii. Afei nneɛma a yɛde yɛ nnuru a yɛnom nso, yenya pii fi ɛpo mu. Mframa pa a yɛhome anaa oxygen no, yenya bɛboro fã fi ɛpo mu. Mframa bɔne a nnipa mfiridwuma ne ade kɔfa ba no nso, ɛpo no twe fi asaase so. Afei nso, ɛpo no boa wim nsakrae.

Asɛm Ato Ɛpo

Sɛnea wim tebea resɛe nnansa yi no, sɛ annyae a, ɛpo mu abɔde a nkwa wom te sɛ adɔde ne koral (ɛpo mu mmoawa nketenkete bi a wɔn kɔla gu ahorow) ase bɛtɔre. Koral no, wɔtaa bɔ kyenku, na ebi yɛ te sɛ mmire, abotan, nnua nketewa, ne nea ɛkeka ho. Abenfo kyerɛ sɛ, ɛpo mu abɔde a nkwa wom no, sɛ wokyɛ mu nnan a, emu baako nya wɔn aduan ne nneɛma foforo fi koral a wɔabɔ kyenku hɔ. Wɔka sɛ, sɛnea wim tebea resɛe nnansa yi no, sɛ ansesa a, ebedu mfe 30 no, na koral a wɔabɔ kyenku no dodow no ara awuwu.

Abenfo kyerɛ sɛ, sɛ wokyɛ ɛpo so nnomaa mu du a, ebetumi aba sɛ emu nkron amene rɔba, na wɔka ka ho sɛ rɔba a wɔtow gu po mu no, afe biara ekunkum ɛpo mu mmoa mpempem pii.

Amanaman Nkabom no kyerɛwfo panyin a yɛfrɛ no António Guterres kaa wɔ afe 2022 mu sɛ: “Yɛato ɛpo no agyaagyaamu. Enti mɛka sɛ ɛnnɛ, ɛpo no gyina owu ne nkwa nkwanta.”

Asaase Yi—Wɔyɛe Sɛ Ɛntena Hɔ Daa

Sɛ ɛnyɛ nnipa na ɛretwe efĩ gu po mu a, anka sɛnea wɔyɛɛ ɛpo ne emu abɔde nti, ɛno ara tumi yi mu fĩ ma emu tew. Nhoma bi ka sɛ, sɛ nnipa ansoa efĩ ankogu ɛpo no fã bi a, “ɛno ara tumi siesie mu ma emu tew.” (Regeneration: Ending the Climate Crisis in One Generation) Ɛho nhwɛso ni:

  • Mframa bɔne a wɔfrɛ no carbon dioxide no, wɔkyerɛ sɛ ɛno na ɛrema wim yɛ hyew ntɛmntɛm nnansa yi no. Ɛpo mu mmoawa nketenkete bi a wɔfrɛ wɔn phytoplankton twe saa mframa yi kɔ wɔn mu. Carbon dioxide dodow a saa mmoawa nketenkete yi tumi twe no, ne dodow ne nea nnua, nsensan, ne afifide afoforo a ɛwɔ asaase so nyinaa twe no reyɛ ayɛ pɛ.

  • Sɛ mpataa wuwu gu po mu a, anka ɛbɛma ɛpo mu ayɛ fĩ, nanso ɛno na mmoawammoawa bi nso di, na ɛpo mu mmoa foforo nso adi saa mmoawammoawa no. Saa nhyehyɛe yi “boa ma ɛpo no mu tew nwann.”—Smithsonian Institution Ocean Portal.

  • Ɛpo mu mmoa pii wɔ hɔ a sɛ wɔdidi a, nea efi wɔn mu ba no, ɛboa ma nsu a anka ebetumi apira koral, adɔde, ne ɛpo mu mmoa afoforo no sesa bɛyɛ nsu a etumi ma wɔnya ahoɔden mmom.

    WUNIM?

    Ɛpo Mu Nsensan Boa Ma Ɛpo Mu Tew

    Asorɔkye a ɛrebɔ ba mpoano. Wuhu ɛpo ase, ɛpo nsensan, ne ɛpo mu mmoa. Sɛ asorɔkye no rebɛn mpoano a, ɛpo mu nsensan no ma asorɔkye no ano brɛ ase, na nsensan no kyere anwea a ɛwɔ nsu no mu no. Mpataa ne ɛpo mu mmoa foforo nya aduan fi nsensan no mu. Nsu a ɛba mpoano no mu tew, na asorɔkye no ano nyɛ den.

    Ɛpo mu nsensan kyere anwea a ɛwɔ po ase no na antra ankɔ baabi a ɛnsɛ sɛ ɛkɔ. Ɛboa ma koral nya apɔwmuden, ɛmma ɛpo asorɔkye ano nyɛ den pii na ɛpo no annidi ankɔ asaase mu, na amma mpoano anwea anhohoro ankɔ.

Mmɔden a Nnipa Rebɔ

Mfoni ahorow: 1. Ɔbarima bi akodi gua aba a ɔreyi ne bag mu nneɛma. Bag a nneɛma no wom no yɛ bag a yetumi de yɛ adwuma mpɛn pii. 2. Ɔbea bi rebu nsu agu nsutoa a yetumi nom mu mpɛn pii mu.

Sɛ yɛde bag a yebetumi de ayɛ adwuma mpɛn pii ne nsutoa a yebetumi anom mu mpɛn pii yɛ adwuma a, ɛbɛboa ama rɔba a ekogu po mu no so atew

Sɛ biribi ankɔka pãpã a, ɛrennye kyerɛdɛ. Enti sɛ yɛansoa efĩ angu po mu a, emu renyɛ fĩ na ɛho akohia sɛ yesiesie mu ma emu tew. Wei nti animdefo hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ, rɔba a yɛde yɛ ade baako pɛ a na yɛatow akyene no, mma yɛmmfa nni dwuma. Mmom, bag ne nneɛma afoforo a yetumi de yɛ adwuma mpɛn pii no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma.

Nanso ɛno nko ara nnɔɔso. Nnansa yi ara, ahyehyɛde bi a wɔn ani di abɔde mu nneɛma akyi kɔsesaw nwura a asorɔkye pia beguu mpoano fii aman 112 mpoano. Nwura a wɔsesawee no, sɛ yɛde gu semɛnte bag mu a, yebenya bag bɛyɛ 184,000. Nanso nwura a nnipa soa kogu po mu afe biara no, sɛ wokyɛ mu apem a, emu baako pɛ na wɔsesawee no.

Amanneɛbɔ bi ka sɛ, “sɛnea mframa bɔne a wɔfrɛ no carbon dioxide no aboro so wɔ ɛpo mu no, biribiara nkyerɛ sɛ ɛpo no bɛsan asi ne dedaw mu bio.” Ɛka kaa ho sɛ, “nneɛma a nnipa dodow no ara hyew de sɔ gya wɔ wiase no ama ayɛ den ama” ɛpo mu mmoa sɛ wɔbɛma ɛpo mu atew.—National Geographic.

Nea Enti a Anidaso Wɔ Hɔ—Nea Bible Aka

“Wo nsa ano adwuma ahyɛ asaase so ma. Ɛpo wɔ hɔ yi, ɛsõ na ɛtrɛw, na mmoa nketewa ne akɛse ayɛ mu ma.”—Dwom 104:​24, 25.

Ɔbɔadeɛ no yɛɛ ɛpo sɛ, sɛ emu yɛ fĩ a, ɛno ara nyi fĩ no mfi mu. Susuw wei ho hwɛ: Sɛ Ɔbɔadeɛ no nim ɛpo ne emu nneɛma ho ade pii saa a, wunnye nni sɛ sɛnea nnipa asɛe ɛpo no, obetumi ama asan afa ne ntama pa afura? Hwɛ asɛm a yɛato din, “Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Asaase Yi Bɛtena Hɔ Daa” wɔ kratafa 15.

SUA PII KA HO

Bonsu a wɔnam ɛpo ase.

Blue Planet Archive/Doug Perrine

Dedaadaw nyinaa, sɛɛ na aboa bi wɔ po mu a obetumi akyerɛ yɛn sɛnea yebetumi awaawae mmoawammoawa a wɔfomfam po so hyɛn ase. Kenkan asɛm a yɛato din “Bonsu Wedeɛ a Ɛno Ara Tumi Siesie Ne Ho.” Ɛwɔ jw.org.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena