Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g23 nɔma 1 kr. 15
  • Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Asaase Yi Bɛtena Hɔ Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Asaase Yi Bɛtena Hɔ Daa
  • Nyan!—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akyɛde A Ɛnsɛe Da A Efi Ɔbɔadeɛ No Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛwɔ Nyan! Yi Mu
    Nyan!—2023
  • Nnipa Bɛtetew Asase Apansam no Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2023
g23 nɔma 1 kr. 15
Ɔtare a mmepɔw ne kwae atwa ho ahyia.

Oleh_Slobodeniuk/E+ via Getty Images

Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Asaase Yi Bɛtena Hɔ Daa

“Asaase no nyɛ mmerɛw sɛnea na yesusuw no.”

Wei yɛ asɛm a nhwehwɛmufo bi a wɔfi aman horow so kae. Ná wɔreka nsunsuanso a wɔsusuw sɛ anka wim nsakrae de bɛba asaase so no ho asɛm. Sɛ wugye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a odwen nnipa ho a, ebia asɛm a abenfo no kae yi bɛma w’adwene akɔ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ asaase no so. Ɔbɔɔ no kwan bi so a ɛno ara tumi siesie ne ho.

Nanso baabi a nnipa asɛe asaase so nneɛma akodu no, sɛ yegyaa asaase no a, ɛno ara rentumi nsiesie ne ho ma ensi ne dedaw mu. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛyɛ ho biribi. Adɛn ntia?

Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ adaka mu yi ma yehu sɛ, asaase yi bɛtena hɔ daa na ayɛ kama mpo asen kan no.

  • Onyankopɔn na ɔbɔɔ asaase yi. “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.”—Genesis 1:1

  • Onyankopɔn se asaase yi yɛ ne dea. “Asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowaa dea.”—Dwom 24:1

  • Onyankopɔn bɔɔ asaase no sɛ ɛntena hɔ daa. “Ɔde asaase atim ne fapem so; ebetim baabi a etim daa daa.”—Dwom 104:5

  • Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, abɔde a nkwa wom bɛtena asaase yi so afebɔɔ. “Nokware Nyankopɔn no, nea ɔnwenee asaase [no,] , . . . wammɔ no kwa na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so.”—Yesaia 45:18

  • Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, nnipa bɛtena asaase so daa. “Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.”—Dwom 37:29

Onyankopɔn bɔɔ asaase no wɔ kwan bi so a, sɛ ɛnyɛ nnipa na ɛreyɛ no basabasa a, anka yenni haw. Bible ahyɛ nkɔm sɛ, sɛ Yehowa Nyankopɔn bere a wahyɛ no sõ a, nneɛma a nnipa adifudepɛ nti wɔyɛ de sɛe asaase no nyinaa, ɔbɛma no agyae.—Adiyisɛm 11:18

Bible ahyɛ nkɔm sɛ, ɛno akyi no, Onyankopɔn bɛma asaase yi adan paradise a ɛyɛ fɛ, na obebue ne nsam ‘ama ɔteasefo biara anya nea ohia nyinaa.’—Dwom 145:16

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena