NNEƐMA BO REYƐ DEN—DƐN NA WUBETUMI AYƐ?
Bue Wo Nsam Kyɛ Ade
Sɛ nneɛma bo kɔ soro a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ worentumi nkyɛ ade. Nanso sɛ wubue wo nsam kyɛ ade a, ɛno nkyerɛ sɛ wo ho bɛkyere wo. Wubetumi ahwɛ sika so yiye asan ayɛ obi a ne yam ye.
NEA ENTI A ƐHO HIA
Sɛ yɛkyɛ obi ade na sɛ dekode no sua mpo a, ɛma yɛn ani gye, na yɛte nka sɛ yɛatumi ayɛ biribi pa. Nhwehwɛmu ama ada adi sɛ, wɔn a wɔkyɛ ade no, wɔtaa wɔ apɔwmuden, na wɔntaa nnya adwenem yare. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nnipa a wɔte saa no, adwinnwen ntaa nhyɛ wɔn so, wɔntaa nnya mogya mmoroso, na ahotutu ne honam yaw nso ntaa nhaw wɔn. Ebinom wɔ hɔ koraa a, etumi ma wɔda yiye.
Sɛ obi hia mmoa te sɛ ebia sika anaa biribi foforo bi na yɛboa no a, yɛn nso ɛba sɛ obi reboa yɛn a, yebegye atom. Howard fi England, na ɔka sɛ: “Sɛ obi hia mmoa a, me ne me yere yɛ nea yebetumi biara de boa onipa no. Ne saa nti, yɛn nso sɛ yehia mmoa na obi pɛ sɛ ɔboa yɛn a, ɛnhaw yɛn sɛ yebegye atom.” Nokwasɛm a ɛwom ne sɛ, wɔn a wɔfi wɔn komam kyɛ ade no, ɛnyɛ nea wɔbenya afi nkurɔfo hɔ nti na wɔyɛ saa. Nanso sɛ wɔbue wɔn nsam kyɛ ade a, ɛma wɔnya nnamfo pa a wɔbɛsɔ wɔn mu bere a wɔakɔ ahokyere mu.
NEA WUBETUMI AYƐ
Nea wowɔ no, wo ne afoforo nkyɛ. Sɛ ahia wo mpo a, wubetumi akyɛ afoforo ade. Sɛ ɛyɛ aduan kakraa bi mpo a, wubetumi ne afoforo akyɛ. Duncan ne n’abusua te Uganda. Wɔyɛ ahiafo nanso wɔyi wɔn yam kyɛ ade ma no yɛ fɛ. Duncan ka sɛ: “Kwasida biara, me ne me yere to nsa frɛ onipa baako ma wɔba yɛn fie ma yɛpɛ biribi kakra di. Yɛn ani gye ho paa sɛ yɛ ne nkurɔfo bɛbɔ.”
Nea yɛreka yi nso nkyerɛ sɛ, sɛ woreyɛ ade ama nkurɔfo na ɛde ahokyerɛ bɛba abɛto w’abusua so koraa a, na woreyɛ.—Hiob 17:5.
Sɔ wei hwɛ: Wubetumi apɛ aduan kakra ne obi adi, anaa biribi kakra a mobɛnom. Sɛ wowɔ nneɛma bi a wunhia bio a, wubetumi de ama w’adamfo anaa obi a obehia.
Akwan foforo a wubetumi afa so akyɛ ade. Ɛnyɛ sika anaa nea yɛde sika tɔ nko ara na wubetumi de akyɛ obi. Ɛtɔ da a, nea obi hia paa ne sɛ wubenya bere ama no anaa wobɛyɛ biribi de aboa no. Sɛ woka kasadɛ kyerɛ obi a, ɛno koraa nso tumi yɛ akyɛde kɛse! Enti sɛ wodɔ obi anaa wopɛ n’asɛm a, ɛyɛ a ka kyerɛ no.
Sɔ wei hwɛ: Ɛba sɛ obi hia mmoa wɔ fie nnwuma mu anaa ne biribi sɛe na ehia sɛ obi siesie a, wubetumi akɔboa no. Ebi nso a na ɔrepɛ obi akodi dwuma bi ama no; ɛno nso wubetumi aboa no. Wubetumi nso akyerɛw biribi kakra akɔma no anaa woayɛ no tɛs mɛsegye ama no ahu sɛ wudwen ne ho.
Sɛ wubue wo nsam kyɛ nkurɔfo ade a, ɛde nhyira pii ba.