Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g25 nɔma 1 kr. 14-15
  • Nya Anidaso Sɛ Nneɛma Bɛyɛ Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Anidaso Sɛ Nneɛma Bɛyɛ Yiye
  • Nyan!—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A ƐHO HIA
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • DƐN NE ONYANKOPƆN AHENNI, NA DƐN NA ƐBƐYƐ?
  • Bible Ma Yenya Anidaso
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Bible Ma Yenya Anidaso
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Fi Bible Mu Nkɔmmɔ Ase
  • Afe 2023 Yi, Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wo—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2025
g25 nɔma 1 kr. 14-15
Abusua bi akɔ baabi rekodwudwo wɔn ho, na baabi a wɔte no, asaase no da so na ɛso yɛ fɛ nso; wutumi hu sɛ wɔn ani agye.

NNEƐMA BO REYƐ DEN​—DƐN NA WUBETUMI AYƐ?

Nya Anidaso Sɛ Nneɛma Bɛyɛ Yiye

Ɔman a wote mu no, nneɛma bo ayɛ den ara ma wo sika nso wo di anaa? Wusuro sɛ anhwɛ a worentumi nhwɛ wo ne w’abusua anaa? Sɛ saa a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ seesei mpo ni, na daakye. Nanso sɛ yenya anidaso a, ɛbɛboa yɛn paa.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Sɛ obi wɔ anidaso a, ɔntena hɔ ntwɛn kɛkɛ sɛ nneɛma pa besisi wɔ n’abrabɔ mu. Sɛ obi wɔ anidaso na sɛ nneɛma nkɔ yiye mpo a, ɛma onya adwempa de di tebea no ho dwuma. Nhwehwɛmu ama ada adi mpo sɛ, wɔn a wɔwɔ anidaso no, . . .

  • ɛyɛ a wɔtumi gyina ɔhaw ano

  • sɛ mmere dan a, wɔtumi dan wɔn ho bi

  • wɔtumi sisi gyinae pa; ebi ne sɛ, wɔhwɛ wɔn apɔwmuden yiye.

NEA WUBETUMI AYƐ

Nea edi kan, hu sɛnea Bible betumi aboa wo nnɛ. Sɛnea nneɛma bo rekɔ soro ntɛmntɛm no, afotu pa bebree wɔ Bible mu a ebetumi aboa wo. Sɛ obi de Bible afotu yi yɛ adwuma a, ɛbɛboa no na wannwinnwen bebree, na sɛ biribi si daakye nso a, wahu sɛnea obetumi adi ho dwuma.

“Adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban.”—Mmebusɛm 2:​11, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.


Nea ɛtɔ so mmienu, nea Bible ka fa daakye ho no, dwen ho. Sɛ wunya hu sɛ nyansa wɔ Bible afotu mu a, ɛbɛka wo ama woahwɛ nea ɛka fa daakye ho nso. Wusua Bible no a, wobɛba abehu sɛ Onyankopɔn ama yɛn “daakye ne anidaso.” Nanso ɛnyɛ ɛno nko; wama yɛn biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔkwan biara so, saa anidaso no bɛba mu. (Yeremia 29:11) Ɛno ne Onyankopɔn Ahenni.

DƐN NE ONYANKOPƆN AHENNI, NA DƐN NA ƐBƐYƐ?

Onyankopɔn Ahenni yɛ aban a ɛwɔ soro, na ɛbɛba abedi asaase nyinaa so. (Daniel 2:44; Mateo 6:10) Amanehunu ne ohia a ɛreteetee nnipa no, Ahenni no beyi ne nyinaa afi hɔ ama obiara anya ne koma so ade ama n’ani agye, na n’asom adwo no. Kyerɛwnsɛm a edidi so yi ma yehu saa.

“W’ani begye, na ebesi wo yiye.”—Dwom 128:2.

Ahenni no mufo renyɛ “adwuma mmrɛ ngu kwa.”—Yesaia 65:23.

“Aduan bebu so wɔ asaase no so.”—Dwom 72:16.

Nnipa mpempem pii gye bɔhyɛ ahorow yi di, na wɔgye tom sɛ Onyankopɔn ‘ntumi nni atoro.’ (Tito 1:2) Enti wo nso bɔ mmɔden hwehwɛ Bible no mu, na wubehu sɛ emu nsɛm no yɛ nokware. Anidaso nsɛm a ɛwɔ mu no, sɛ asetena mu yɛ den a, ɛbɛboa wo ama woagyina mu, na nhyira a Onyankopɔn de bɛma yɛn daakye no nso, wode ahotoso ahwɛ kwan.

Ramaz.

“Bible mu anidaso aboa me ama mabehu sɛ, ɔhaw a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu no rentena hɔ daa. Bere a asetena mu reyɛ den yi, sɛ midwinnwen saa anidaso yi ho a, ɛboa me ma mitumi gyina ano.”—Ramaz a ɔwɔ Georgia.

SUA PIl KA HO

Nea Bible ka fa daakye ho no, wubetumi agye adi? Hwɛ video a yɛato din Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Sɛ Bible no Yɛ Nokware? ne nea yɛato din Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? Ɛwɔ jw.org.

Ɔbea bi reyi Bible afi baabi a ɛhyɛ.
    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena