Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 9
  • Noa Pam Adaka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Noa Pam Adaka
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Noa Adaka
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Obiara Betumi Asua Biribi Afi Noah—He Walked With God Video no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 9
Noa ne n’abusua de mmoa rekɔ adaka no mu; wɔreboaboa nneɛma a wobehia nso ano akɔ adaka no mu

ASƐM 9

Noa Pam Adaka

NA NOA wɔ yere ne mmabarima baasa. Na wɔfrɛ ne mma no Sem, Ham ne Yafet. Na wɔn mu biara wɔ yere. Enti na nnipa baawɔtwe na wɔwɔ Noa abusua mu.

Afei Onyankopɔn maa Noa yɛɛ biribi a ɔnyɛɛ bi da. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmpam adaka. Na adaka no te sɛ ɛhyɛn kɛse, nanso na ɛsɛ adaka a ɛsõ na ɛware. Onyankopɔn kae sɛ, ‘Yɛ no nsɛmso abiɛsa, na yɛ mpia wɔ mu.’ Ná mpia no yɛ Noa ne ne fifo dea, ne baabi a wɔde mmoa ne aduan a ebehia wɔn nyinaa no begu.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no sɛnea nsu ntumi nkɔ mu. Onyankopɔn kae sɛ: ‘Mede nsuyiri kɛse rebɛsɛe wiase nyinaa. Obiara a onni adaka no mu no bewu.’

Noa ne ne mma tiee Yehowa na wofii ase pam adaka no. Nanso nnipa a aka no serewee ara kwa. Wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne. Bere a Noa kaa nea Nyankopɔn bɛyɛ kyerɛɛ wɔn no, wɔn mu biara annye anni.

Noa rebɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ nsuyiri kɛse bi reba, nanso wɔreserew no

Adaka no pam gyee bere tenten efisɛ na ɛsõ. Nanso, mfe pii akyi no, wowiei. Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa mmoa no mmra adaka no mu. Onyankopɔn kae sɛ ɔmfa mmoa no mu binom abien abien, onini ne ɔbere. Na ebinom de, ɔkae sɛ ɔmfa ason ason. Afei nso Nyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa nnomaa no nyinaa bi mmra adaka no mu. Noa yɛɛ nea Onyankopɔn kae no pɛpɛɛpɛ.

Akyiri yi, Noa ne ne fifo nso kɔɔ adaka no mu. Afei Onyankopɔn too pon no mu. Noa ne ne fifo twɛnee wɔ mu. Fa no sɛ woka wɔn ho wɔ adaka no mu retwɛn. So nsuyiri bɛba ampa sɛnea Onyankopɔn kae no?

Genesis 6:9-22; 7:1-9.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena