Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 16
  • Isak Nya Ɔyere Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Isak Nya Ɔyere Pa
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mɛkɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Rebeka Ɔbea A Osuro Nyankopɔn Na Ɔyɛ Nsi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ná Rebeka Pɛ sɛ Ɔma Yehowa Ani Gye
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Aware A Ɔpepem Pii A Wɔte Ase Mprempren Nya Mu Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 16
Bere a edi kan a Isak huu Rebeka

ASƐM 16

Isak Nya Ɔyere Pa

WUNIM ɔbea a ɔwɔ mfonini yi mu no? Wɔfrɛ no Rebeka. Na ɔbarima a ɔrekohyia no no yɛ Isak. Ɔrebɛyɛ ne yere. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae saa?

Isak papa Abraham pɛe sɛ onya ɔyere pa ma ne ba no. Na ɔmpɛ sɛ Isak ware Kanaanfo mmea no bi, efisɛ na saa nkurɔfo no som abosom. Enti Abraham frɛɛ n’akoa na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mepɛ sɛ wosan kɔ baabi a m’abusuafo te wɔ Haran kɔware yere ma me ba Isak.’

Ntɛm ara Abraham akoa no faa yoma du twaa kwan tenten no. Bere a ɔbɛn baabi a Abraham abusuafo te no, ogyinaa abura bi so. Na ɛrekɔ anwummere, bere a kurom hɔ mmea bɛba abɛsaw nsu. Afei Abraham akoa no bɔɔ Yehowa mpae sɛ: ‘Ma ɔbea a ɔbɛma me nsu no bi anom na wama yoma no bi no nyɛ nea wobɛpaw no sɛ ɔyere ama Isak.’

Ankyɛ na Rebeka bae sɛ ɔbɛsaw nsu. Bere a akoa no srɛɛ no sɛ ɔmma no nsu nnom no, ɔmaa no bi. Na ɔsan kɔsaw bi brɛɛ yoma a na nsukɔm de wɔn no nyinaa. Na ɛyɛ den efisɛ yoma nom nsu pii.

Bere a Rebeka wiei no, Abraham akoa no bisaa no ne papa din. Ɔsan bisae sɛ ebia obenya baabi ada wɔ wɔn fie. Ɔkae sɛ: ‘Me papa ne Betuel, na wubenya baabi ada wɔ yɛn fie.’ Ná Abraham akoa no nim sɛ Betuel yɛ Abraham nua Nahor ba. Enti ɔkotow daa Yehowa ase sɛ wakyerɛ no kwan akɔ Abraham abusuafo nkyɛn.

Saa anadwo no Abraham akoa no bɔɔ n’amanneɛ kyerɛɛ Betuel ne Rebeka nuabarima Laban. Wɔn nyinaa gye toom sɛ Rebeka betumi ne no akɔ akɔware Isak. Bere a wobisaa Rebeka no dɛn na ɔkae? Ɔkae sɛ ‘Yiw,’ ɔpenee so sɛ ɔbɛkɔ. Enti n’adekyee no wɔtratraa yoma no so fii ase twaa kwan tenten no san kɔɔ Kanaan.

Wokoduu anwummere. Rebeka hui sɛ ɔbarima bi nennam wuram hɔ. Na ɛyɛ Isak. N’ani gyei sɛ ohuu Rebeka. Ná mfe abiɛsa ni a ne maame Sara wui, na na ɔda so di awerɛhow. Nanso afei Isak ani begyee Rebeka ho pii, na ne werɛ kyekyee bio.

Genesis 24:1-67.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena