Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 21
  • Yosef Nuanom Tan No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yosef Nuanom Tan No
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So W’ani Abere Obi Pɛn? Yosef Nuanom Ani Beree No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Mesrɛ Mo, Muntie Dae a Maso Yi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Akoa Bi a Ɔyɛɛ Nea Onyankopɔn Pɛ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Mɛtumi Agyina Onyankopɔn Ananmu Anaa?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 21
Yosef nua mmarimanom retɔn no sɛ akoa

ASƐM 21

Yosef Nuanom Tan No

HWƐ sɛnea abofra no werɛ ahow a ontumi nyɛ hwee. Yosef ni. Ne nuanom atɔn no ama mmarima a wɔrekɔ Misraim no. Wɔde Yosef bɛkɔ akɔyɛ akoa wɔ hɔ. Dɛn nti na ne papa mma yi ayɛ bɔne a ɛte saa? Efisɛ wɔn ani bere Yosef.

Na wɔn papa Yakob pɛ Yosef asɛm yiye. Ɔhyɛɛ da pam atade tenten fɛfɛ bi maa no. Bere a ne nuanom mpanyimfo 10 no huu sɛnea Yakob dɔ Yosef no, ɛyɛɛ wɔn yaw na wofii ase tan Yosef. Nanso biribi foforo nso wɔ hɔ a enti wɔtan no.

Yosef soo adae abien. Yosef adae abien nyinaa mu no ne nuanom no kotow no. Bere a Yosef kaa adae yi kyerɛɛ ne nuanom no wɔn tan no mu yɛɛ den.

Da koro bere a Yosef nuanom mpanyimfo no rehwɛ wɔn papa nguan no, Yakob somaa Yosef sɛ ɔnkɔhwɛ sɛnea wɔn ho te. Bere a Yosef nuanom no huu no sɛ ɔreba no, wɔn mu binom kae sɛ: ‘Momma yenkum no!’ Nanso Ruben a ɔyɛ wɔn nyinaa panyin no kae sɛ: ‘Dabi, monnyɛ saa!’ Mmom no, wosoo Yosef mu tow no kyenee abura bi a nsu nni mu mu. Afei wɔtraa ase susuw nea wɔbɛyɛ no no ho.

Yosef nua mmarimanom retɔn no sɛ akoa

Saa bere yi mu no Ismaelfo bi bae. Yuda ka kyerɛɛ n’agya mma no sɛ: ‘Momma yɛntɔn no mma Ismaelfo no.’ Na ɛno na wɔyɛe. Wɔtɔn Yosef gyee nnwetɛbona 20. Hwɛ atirimɔden ade ara a wɔyɛe!

Na dɛn na wɔbɛka akyerɛ wɔn papa? Wokum ɔpapo na wɔde ne mogya yeyɛɛ Yosef atade fɛfɛ no mu pii. Afei wɔde atade no kɔkyerɛɛ wɔn papa Yakob kae sɛ: ‘Yehuu eyi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atade no anaa.’

Yakob hui sɛ ɛno a. Ɔteɛɛm sɛ, ‘Aboa bɔne bi akum Yosef.’ Saa pɛpɛɛpɛ na Yosef nuanom no pɛe sɛ wɔn papa susuw. Yakob werɛ howee kɛse. Osui nna pii. Nanso na Yosef nwui. Ma yɛnhwɛ nea ɛbaa no so wɔ baabi a wɔde no kɔe no.

Genesis 37:1-35.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena