Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 22
  • Wɔde Yosef Kɔto Afiase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔde Yosef Kɔto Afiase
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akoa Bi a Ɔyɛɛ Nea Onyankopɔn Pɛ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Ɛnyɛ Onyankopɔn na Ɔkyerɛ Daeɛ Ase?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • “Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yehowa Reboa Wo Ama Asi Wo Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 22
Yosef da afiase

ASƐM 22

Wɔde Yosef Kɔto Afiase

NA YOSEF adi mfe 17 pɛ bere a wɔde no kɔɔ Misraim. Ɛhɔ no wɔtɔn no maa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Potifar. Na Potifar yɛ adwuma ma Misraim hene a wɔfrɛ no Farao.

Yosef yɛɛ adwuma denneennen maa ne wura Potifar. Enti bere a Yosef nyinii no, Potifar de ne fie nyinaa hyɛɛ ne nsa. Ɛnde dɛn nti na Yosef da afiase ha? Ɛdenam Potifar yere so.

Yosef nyin bɛyɛɛ ɔbarima a ne ho yɛ fɛ, na Potifar yere pɛe sɛ ɔne no da. Nanso na Yosef nim sɛ ɛyɛ bɔne, na ɔrenyɛ saa. Potifar yere bo fuwii. Enti bere a ne kunu baa fie no, odii atoro kae sɛ: ‘Saa Yosef akoa bɔne no bɔɔ mmɔden sɛ ɔne me bɛda!’ Potifar gyee ne yere dii na ne bo fuw Yosef. Enti ɔma wɔde no kɔtoo afiase.

Ankyɛ na ɔbarima a ɔhwɛ afiase hɔ no hui sɛ Yosef yɛ onipa pa. Enti ɔde no sii nnipa afoforo a wogu afiase hɔ no so panyin. Akyiri yi Farao bo fuw ne nsahyɛfo ne n’abodootofo no, na ɔde wɔn koguu afiase. Da koro anadwo wɔn mu biara soo dae titiriw bi, nanso na wɔnte dae no ase. Ade kyee no Yosef kae sɛ: ‘Monka mo dae no nkyerɛ me.’ Na bere a wɔyɛɛ saa no, ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, Yosef kyerɛɛ wɔn dae no ase.

Yosef ka kyerɛɛ nsahyɛfo no sɛ: ‘Nnansa bere mu no wobeyi wo afi afiase ha, na wobɛsan akɔyɛ Farao nsahyɛfo.’ Enti Yosef de kaa ho sɛ: ‘Sɛ wufi ha a, ka me ho asɛm kyerɛ Farao, na boa me ma mimfi ha.’ Nanso abodootofo no de, Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nnansa pɛ Farao bɛma wɔatwa wo ti.’

Nnansa no ɛbae sɛnea Yosef kae no. Farao ma wotwaa abodootofo no ti. Na woyii nsahyɛfo no fii afiase ma ofii ase som ɔhene no bio. Nanso nsahyɛfo no werɛ fii Yosef koraa! Wanka ne ho asɛm ankyerɛ Farao, na Yosef kɔɔ so daa afiase.

Genesis 39:1-23; 40:1-23.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena