Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 23
  • Farao Dae Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Farao Dae Ahorow
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɛnyɛ Onyankopɔn na Ɔkyerɛ Daeɛ Ase?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ɔkɔm a Ekunkum Nkurɔfo bere a Aduan Pii wɔ Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Yehowa Werɛ Amfi Yosef Da
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Ɔkɔm Renne Wɔn Bio”
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 23
Farao reso dae

ASƐM 23

Farao Dae Ahorow

MFE abien twaam, ná Yosef da so da afiase. Nsahyɛfo no nkaee no. Afei da koro anadwo Farao soo adae soronko abien, na na ontumi nhu nea ɛkyerɛ. Wuhu sɛ ɔda hɔ? Ade kyee no Farao frɛɛ n’anyansafo na ɔkaa dae a ɔsoe no kyerɛɛ wɔn. Nanso wɔantumi ankyerɛ no dae no ase.

Afei nsahyɛfo no kaee Yosef. Ɔka kyerɛɛ Farao sɛ: ‘Bere a meda afiase no na ɔbarima bi wɔ hɔ a otumi kyerɛ dae ase.’ Farao ma wokoyii Yosef bae ntɛm ara.

Anantwi akɛse ason a wɔadɔ srade ne anantwi ason a wɔafomfɔn

Farao kaa ne dae no kyerɛɛ Yosef: ‘Mihuu anantwi akɛse ason a wɔadɔ fɛfɛ. Afei mihuu anantwi ason a wɔafomfɔn. Na wɔn a wɔafomfɔn no memmenee anantwi a wɔadɔ no.

‘Me dae a etia abien no mu no, mihuu awi mmɛtem ason a ayɛ fɛfɛɛfɛ wɔ nan koro so. Afei mihuu awi mmɛtem ntrantraa ason a ahow. Na awi mmɛtem ntrantraa no fii ase memmenee awi mmɛtem ason a ayɛ fɛfɛɛfɛ no.’

Awi mmɛtem ntrantraa ne awi mmɛtem a ayɛ fɛfɛɛfɛ

Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: ‘Adae abien no kyerɛ ade koro. Anantwi ason a wɔadɔ ne awi mmɛtem ason a ayɛ fɛfɛɛfɛ no kyerɛ mfe ason, na anantwi ason a wɔafomfɔn ne awi mmɛtem ntrantraa ason no kyerɛ mfe ason foforo. Mfe ason bɛba a aduan bɛba pii wɔ Misraim. Na mfe ason nso bɛba a aduan remma koraa.’

Enti Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: ‘Paw onyansafo na ɔnhwɛ mma wɔmmoaboa aduan ano nsie wɔ mfe ason a aduan pii bɛba no mu. Eyi bɛma nkurɔfo anya aduan wɔ mfe ason a aduan remma no mu.’

Farao ani gyee ho. Farao paw Yosef sɛ ɔnhwɛ mma wɔmmoaboa aduan ano nsie. Yosef bɛyɛɛ onipa titiriw a odi Farao akyi pɛɛ wɔ Misraim.

Mfe awotwe akyi, wɔ ɔkɔm bere no mu no, Yosef hui sɛ mmarima bi reba. Wunim nnipa ko a wɔyɛ? Wɔyɛ ne nuanom mpanyimfo 10 no! Wɔn agya Yakob asoma wɔn aba Misraim efisɛ wɔn aduan resa wɔ Kanaan. Yosef huu ne nuanom no, nanso wɔanhu no. Wunim nea enti? Efisɛ wayɛ panyin, na wahyɛ atade a ɛyɛ soronko.

Yosef kaee sɛ bere a ɔyɛ abofra no ɔsoo dae sɛ ne nuanom rekotow no. Wokae sɛ woakenken ho ade? Enti Yosef hui sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no baa Misraim esiane biribi pa nti. Dɛn na wususuw sɛ Yosef yɛe? Ma yɛnhwɛ.

Genesis 41:1-57; 42:1-8; 50:20.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena